Ropivacaine (rINN) //roʊˈpɪvəkeɪn// yɛ nnuru a wɔde ma obi dwodwo a ɛwɔ amino amide kuw mu. Ropivacaine din no kyerɛ racemate ne S-enantiomer a wɔtɔn no. AstraZeneca tae de Ropivacaine hydrochloride di gua wɔ Naropin din mu.

Abakɔsɛm

sesa

Wɔyɛɛ Ropivacaine bere a wohui sɛ bupivacaine bɛtumi ama komayare asi, titire wɔ mmea a wɔnyinsɛn mu no. Wɔhu sɛ Ropivacaine nyɛ aduro a etumi sɛe komayare te sɛ bupivacaine wɔ mmoa so.