Salamanka (Chile)

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Salamanca(About this soundpronounciation of "Salamanka (Chile)" ) yε kuro a ɛwɔ Chile ɛna ɛyɛ kuro ketewa bi a ɛwɔ Choapa nkyekyɛmu , a ɛwɔ Coquimbo mantam. Ne kwan no ware bɛyɛ borɔfo kwansin aduasa (30km) (19mi) apueɛ wɔ illapel, beaɛ a wɔdi mantam dwuma titire bi wɔ hɔ ɛna ɛwɔ borɔfo kwansin ahasa ne du nsia (316km) wɔ Santiago,Chile atifi fam. Pɛ kwan a wɔfa so kɔ Los Vilos a ɛwɔ Panamerican kwan so na ɛne nkuro a aka wɔ ɔman no ka bom.

Salamanka

Ɔman Chile
Mpɔtɛm 3445.3 km²
Nnipa dodoɔ 25326 ab. (2012)

Salamanca wɔ Choapa nsuo atifi ɛna ɛhyɛ Chaopa nsuo mu. Joaquín de Ceballo, Illapel aban na ɔtee no wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduanan nan(1844).Las Brujas wiemhyɛn gyinabea na ɛhwɛ so.

Abakwasɛm sesa

Wɔsii Salamanca kuro no wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduanan nan(1844) nom, a Illapel aban Joaquín Ceballos na ɔtenaa no sɛ aban, a Santiago ayaresabea mpaninfoɔ, wɔ Hacienda Choapa asaase so na ɛsiiiɛ, saa mmerɛ na ɛyɛ mmɔborɔfoɔ dea. Na asaase no yɛ Matilde Salamanca a n'agyapadeɛ bɛyɛɛ asɔre no dea wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonu (1820) mu na Bernardo O'Higgins Supreme Director hyɛɛ no, wɔ ɛbɔ bosome da a ɛdikan afe apem ahannwɔtwe ne aduonu baako (1 sept.,1821) na ɔdaa ahohanmmɔ ho nsɛm adi. Na ɛwɔ Choapa nsuo atifi, a ɛbɛn tete India a na ɛka 'Commit Choapa" ho na ɔgyinaa beaɛ a seisei yɛfrɛ no Chalinga. Bɛyɛ mfeɛ afe apem ahannwɔtwe ne aduokron nson(1897) mu no na nnipa a ɛte Salamanca yɛ mpem mmienu (2,000), ɛna Chalinga nso nyaa nkrataa ahasa ne aduosia nson(367) saa berɛ no, a wɔkyerɛm sɛ ɛyɛ akura ketewa a wɔn nnua yɛ blɔk aduanan nwɔtwe a wɔde kwan a ɛtene kyɛn "regular width". Na asɔre wɔ telegraph Office ne Civil Registation ne mansini adantam nkonwa a ɛwɔ tumi wɔ nkyekyɛmu a ɛwɔ Peralillo Cerro Chico ne Salamanca so. Nsaase beberee a na ɛka Chaopa mu no, ebi bɛkaa Homestead Act of 1928 mu. Berɛ a na Agrarian Reform Corporation nnye aponkyibaa nkrataa no, Beaeɛ a ɛbɛyɛɛ Hacienda Choapa no gyee sika mpem ahanu ne aduonum mmiɛnsa (253,000) a asaase acres mpem nnwɔtwe pɛ na wɔtumi pagyaeɛ. Wɔ berɛ a wɔreyɛ Cora dwumadie bi wɔ mfeɛ aduosia awieeɛ nom no, dwumakuo bi a wɔfrɛ no rural population a ɛwɔ Choapa Valley di dwuma no wɔ nkurase nkurase a ɛwɔ nsuo a ne din yɛ pɛ ne ano, a wɔyɛɛ mmeaɛ mmeaɛ wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu (1982).

Adikanfoɔ a Ɛbɛtenaa hɔ. sesa

Ɛfiri glaciation da a ɛtwatoɔ no nnipa a ɛte hɔ no adɔɔso. Berɛ a wɔdii nkunim bɛyɛ mfeɛ mpem du (10,000)akyi no, saa nnipakuo yi abɛyɛ parajes. Afei nso mfeɛ bi a atwam no na wɔfrɛ saa kuro no bayifoɔ kurom,a wɔde agyina hɔ ama nnipa bi aa wɔfiri kuro hɔ te Jose Maria Olguin, a waka nsɛm pii afa ho.

Adwuma a ɛdikan.

Wɔ mfeɛ mpem nnwɔtwe (8000) ne mfeɛ mpem mmienu ne ahanum (2500) ntam no, a wɔnante nsaase a wabra sɛ bɔmmɔfoɔ nkɔso no,a wɔde firi mpoano hwehwɛ aduane wɔ hɔ. Nkakrankakra saa kuo yi bɛtumpɔn de mfudeɛ (ne titire aburo) a abɔmmɔfoɔ mmoa ka ho.

Wɔ mfeɛ ahasa(300BC) ne mfeɛ ahanu(200) ntam no, pae kɔɔ valley agroalfareras nnipa dodoɔ mu a ɛfiri anaafoɔ atɔeɛ fam a ɛwɔ Argentina. Wei no firi nnoɔma a ɛdikan a atwam, a ɛyɛ adanseɛ ma nnoɔma a St. Augustine, Grove,Chillepin,Panguesillo ne Salamanca nyaeɛ.

Molle Amammerɛ.

Saa nkorɔfoɔ yi a yɛnnim baabi a wɔfiri yi, te Valley ne gorges mu a wɔde wɔn ho to mfudeɛ ne mmoa so. Wɔm wɔ nimdeɛ fa agudeɛ, silver ne copper metallurgy ho. Wɔde anwea yɛ nkukuo ne ade,nim nea yɛde snuff yɛ ne nea ɛkeka ho wɔ mantam hɔ na wɔdaa nnoɔma a wɔde mmoba asiesie ho adi:tembetá. Ɛpono a wɔde bɛkyerɛ saa amammerɛ yi a wɔde bɛbɔ mpuntuo a ɛwɔ beaɛ hɔ tɔfa no anwie pɛyɛ.

Diaguita Amammerɛ.

Wɔ ne nkyerɛkyerɛmu no wɔgyedi sɛ diaguitas firii Chile na ɛbaa sɛntry a ɛtɔso du nom firii Argentine atifi atɔeɛ fam, fa mmepɔ ne valley a ɛmaa nnipa baa Chico atifi. Mmusuakuo a na ɛwɔ diaguitas a ɛwɔ Valley no na wɔyɛ abɔmmɔfoɔ,wɔyɛ mfudeɛ ne mmoa, na wɔyɛ baeɛ wɔ hɔ ma nkurɔfoɔ tena Diaguita yɛɛ nkukuo bia wɔsiesie ho kama a epui berɛ a Incasfoɔ reba no. Wɔde din "dua lordships" na ɛtoo wɔn amanyɔkuo no so, wɔkyɛp mu mmienu a ɛmu bia ɔhene na ɛhwɛ so. Ɛf baako wɔ mpoano,na baako nso wɔ mmepɔ no so anaa Valley no soro baabi a diaguitas Choapa Valley ankasa wɔ no. Ɛwɔm sɛ atwerɛfoɔ no nkyerɛ anaa nhyehyɛ mmɔba no a ɛwɔ Valley deɛ nanso ɛbɛyɛɛ diaguitas dea. Ɛtɔ mmerɛ bi a mmoba no a woahyɛ no nso no yɛ ntwereɛ, ɛkwan a wɔbɛfa so anya nsɛm nokware bi afa ho. Ɛsu a ɛwɔm ne petroglyphs Panguesillo, Chillepín, Jorquera, Santa Rosa, Cerro Chico and Salamanca.

Inca adedie sesa

Tupac Inca Yupanqui a na ɔdi adeɛ wɔ (1471-1493) mu dii anaafoɔ no so a ɔbui wɔn dodoɔ Tahuantisuyo a ɛwɔ Diaguitas ahennie mu.

Demographics sesa

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002) National Statistics Institute nnipa akenkan nom no, Salamanca nya beaɛ bɛyɛ 3,445.3km(1,330 sq mu) ne nnipa bɛyɛ mpem aduonu nan, ahanan ne aduokron nan (24,494) a mmarima yɛ mpem du mmiɛnsa, ne aduanan mmiɛnsa(13,043) na mmaa yɛ mpem du baako, ahanan ne aduonum baako(11,451). Wɔ wei nom no nnipa mpem du mmienu, ahansia ne aduowɔtwe nkron(51.8%) na ɛte kuro nom ɛna nnipa mpem du baako, ahannwɔtwe ne num(48.2%) na ɛte kuro no nkyɛn. Nnipa a ɛwɔ ɔman no mu kɔɔ soro duruu ɔhamu nkyekyɛmu num akyirepɔ nkron(5.9%) (apem, ahasa ne aduosia nnwɔtwe) wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu ne mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (1992-2002)ntam akenkan.

Administration. sesa

 
Map of commune of Salamanca, Chile.

Salamanca yɛ mpɔtam a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Chile nkyekyɛmu municpal Council no kyɛɛ mu a alcalde na ɛdi so a wɔto no so aba mfeɛ nan biaa. Mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe ne mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2008-2012) alcalde yɛ Gerardo Rojas Escudero (PPD). Council no wɔ ekuomma bi te sɛ.[1]

  • Pedro Chávez González
  • Roberto Rondanelli Hidalgo
  • Rubén Sacre Barlaro
  • Omar Alamos Calderón
  • Carlos Rojas Tapia
  • Enrique Tapia

Wɔ Chile abatoɔ no nkyekyɛmu no, Adriana Muñoz (PDC) ne Luis Lemus(Ind.)gyinaa mu maa Salamanca wɔ Chamber of Deputies nom sɛ ɔka mansini abatoɔ a ɛtɔ so nkron nom,( a na Combarbalá, Punitaqui, Monte Patria, Illapel, Los Vilos, Canela ka ho).( Evelyn Matthei Fornet (UDI) ne Jorge Pizarro Soto (PDC) de mpɔtam no agyina hɔ wɔ Senate sɛ ɔnka senatorial ɛtɔ so nan no mpɛsoa ho(Coquimbo mantam).

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ. sesa

  1. "Municipality of Salamanca" (in Spanish). Archived from the original on 5 March 2002. Retrieved 13 November 2010