Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Sandra Opoku yɛ Ghanani mmaranimfo. Wɔ afe 2019 bre a Nanan Addo Dankwa Akuffo-Addo paw no sɛ n’adwumayeni no, ɔbɛyɛɛ ɔbaa a odikan a wɔfaa no sɛ Tema Po so hyɛn gyinabea no kandifo. Kane na ɔyɛ ɔhwɛfo ma Tema Po so hyɛn gyinabea mmaranimfo kuo no.

Adesua ho nsem sesa

Opoku kɔɔ ntoaso sukuu a ne din St. Roses Senior High a ɛwɔ Akwatia wɔ Apuei Mantam mu, maa no nyaa abodn kraa a ɛne O Level wɔ afe 1992 na afei, A Level wɔ afe 1994 mu. Bre a na ɔwɔ sukuu mu no, na ɔnɔ na ɔhwɛ nhyehyɛe ne aduane so. Owie St. Roses no, onyaa akwanya kosuaa mmaranim wɔ Ghana Suapon a wɔfrɛ no University of Ghana. ɔtoa so kɔɔ Ghana mmranimfo sukuu a wɔfrɛ no Ghana School of Law ma wɔtoo nsa frɛ no ma no kɔkaa Ghana mmaranimfo nkabom kuo a wɔfrɛ no Ghana Bar association no ho wɔ afe 2001.  Wɔ afe 2004 mu no, onyaa akwanya kɔɔ Sukuupon a wɔfrɛ no International Maritime Law institute a ɛwɔ Malta, ma no nyaa nimdeɛ wɔ ɛpo so dwadie mmra ho.

Nnuma ho nsem sesa

Opoku hyɛɛ n’adwuma ase wɔ adwumakuo a wɔfrɛ no Ghana Ports and Harbours Authority wɔ afe 2003 mu. Efiri hɔ no,  w’ayɛ adwuma ama wɔn sɛ lɔyani, ɔhwɛfo a ɔda mmara ntotoe ano ne ɔkyerɛwfo ama Ghana Ports and Harbours Authority. Sesei, ɔno na Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo apaw no  sɛ kandifo a ɔda Tema Po so hyɛn gyinabea wɔ march bosome no mu, afe 2019 bre a Edward Kofi Osei afiri hɔ no.

Ne ho nsem sesa

Opoku ye Presbyni. ɔyɛ owarefo a ɔwɔ mmofra miensa.