Shea butter (/ʃiː/ shee, /ˈʃiːə/ SHEE-ə, anaa /ʃeɪ/ shay; Bambara: sìtulu  ⁇ [1]) yɛ srade (triglyceride; mainly oleic acid ne stearic acid) a wɔnya firi Afrika shea dua (Vitellaria paradoxa) aba mu. Ɛyɛ asonse kɔla berɛ a wayɛ no nwono na wɔtaa de borututu ntini anaa borɔdɔma ngo hyɛ no kɔla kɔkɔɔ. Wɔde di dwuma kɛseɛ wɔ ahoɔfɛ mu sɛ biribi a ɛma wusiwusi anaa aduru. Ebetumi adi, na wɔde di dwuma wɔ Afrika aman bi mu. Ɛtɔ mmerɛ bi a wɔde ngo afoforɔ fra mu de si koko nufusuo ananmu, ɛwom sɛ ne dɛ yɛ soronko koraa.