National Democratic Congress (NDC): Difference between revisions

Content deleted Content added
Afia360 (kasa | mmoa)
mNsesaeɛ biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛbɔ no tɔfa
Afia360 (kasa | mmoa)
Ntam
Nsaeɛ 3:
[[National Democratic Congress (Ghana)|National Democratic Congress]] hweree Ɔmanpanin adwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no mu. Amanyɔkuo no sane nyaa Ɔmanpanin akondwa no bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ no mu bere a Okunini [[John Atta Mills]] na na ɔyɛ amanyɔkuo yi frankaatuni. National Democratic Congress na ɔde afe apem ahenkron aduokron mmienu Ghana amammra sii hɔ.
 
Amanyɔkuo yi ahyɛnsodeɛ ne Kyiniiɛ anomaa abuburo si so. Amanyɔkuo yi ahosuo ne kɔkɔɔ, fufuo, ahabanbunu ne Tuntum. Wɔn 'motto' ne Nkabom, Baakoyɛ ne mpuntuo. Ɛwɔ amanaman mu no National Democratic Congress ka 'Progressive Alliance<ref>https://web.archive.org/web/20150302142054/http://progressive-alliance.info/participants/</ref> and Socialist International' kuo no ho.
 
Ɛwɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so nkron wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu mu no, Abantoɔ Kɔmisan a ɛwɔ Ghana de too dwa sɛ Owura John Dramani Mahama a na ɔyɛ frankaatuni ma amanyɔkuo National Democratic Congress no adi nkunim bere a ɔnyaa mma no ɔha mu nkyekyɛmu aduonum ne akyire po nson wɔ mma a wɔtoeɛ no nyinaa mu.