Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ɛbenada(About this soundpronounciation of "Ɛbenada" ) yɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ nnawɔtwe no mu. Ɛbenada hyɛ Ɛdwoda ne Wukuda ntam.[1] international standard iso 8601 kyerɛ sɛ ɛdwoada na ɛdi kan wɔ nawɔtwe no mu nti Ɛbenada na ɛtɔ so mmienu[2] wɔ ngrɛsi aborɔfo nkrataa mu no, Kwasiada ne da a ɛdi kan wɔ nawɔtwe no mu nti Ɛbenada na ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ nawɔtwe no mu.[2]

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ saa da yi ne sedeɛ wɔn frɛ mmɛrima din ne mmaa din wɔ da yi mu sesa

AKAN KASA ƐDA Mmɛrima din Mmaa din
Fantefoɔ Benada Kobina Abenaa
Akuapemfoɔ Ɛbenada Kwabena Abenaa
Asantefoɔ Ɛbenada Kwabena Abenaa

Nea ɛbenada kyerɛ ne ne kradin sesa

Sɛ wohwɛ asemfua ɛbenada a, nsɛmfua mmienu na yenya fi mu na ɛno mu na n'asekyerɛ no fi. 'Ben' a ɛkyerɛ sɛ biribi si gya so a yɛnoa. Ɛna 'Da' no nso gyina hɔ ma nna no. Sɛ woka saa nsɛmfua mmienu yi bom a ɛna wonya asɛmfua anaa edin ɛbenada no[3].

Sɛ wɔwo ɔbarima wɔ saa da yi mu a wɔbɛfrɛ no Kwabena na sɛ ɔyɛ ɔbea nso a wɔfrɛ no Abena. Eyi ne Kradin ahororow a wɔde to obi a wɔwoo no ɛbenada.

Beae a ɛhyɛ wɔ nnawɔtwe no mu sesa

Sɛ wohwɛ abakɔsɛm mu a, Greek-Romanfo[4] de Kwasida na ɛhyɛ nnawɔtwe no ase, na Dwoada tɔ so abien na afei Benada edi hɔ. Enti sɛ yegyina eyi so ahwɛ dea yebetumi aka paa sɛ Benada ne da ɛtɔ so mmiensa wɔ yɛn nnawɔtwe no mu.

Ɛbenada din no yɛnya firii tete Borɔfo kasa a ɛyɛ Tiwesdæg mu na ɛkyire yɛbɛnyaa bi nso firii Tewesday mu a ɛkyerɛ "Tiws" da.[2]

Hwehwɛ Pii Ka ho sesa

Ɛdwoada

Ɛbenada

Wukuada

Yawoada

Efiada

Memeneda

Kwasiada

Nhoma ahorow a me nyaa mmoa firii mu sesa

  1. https://www.dictionary.com/browse/tuesday
  2. 2.0 2.1 2.2 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Tuesday
  3. http://www.jstor.org/stable/1158712
  4. Names of the days of the week - Wikipedia