Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Vigevano

Ɔman Italy
Mpɔtɛm 82 km²
Nnipa dodoɔ 63,459 ab. (2015)

Vigevano (About this soundsɛnea yɛbɔ "Vigevano" ) (Italian pronunciation: [viˈdʒɛːvano, -ˈdʒeː-]; Western Lombard:Avgevs) yɛ kuro kɛseɛ a ɛwɔ Pavia, Lombardy a ɛwɔ Northern Italy.[1] [2]Kuro bi a wɔnam abakwasɛm so yɛ nnoɔma, a wɔsane yɛ mpaboa wɔ hɔ yɛ beaɛ a wɔyɛ Lomellina, mansin a wɔdua ɛmoo wɔ hɔ. Vigevano nyaa animuonyam din a Duke Francis detoo wɔn so wɔ ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so mmienu a wɔ afe apem ahanum ne aduasa mmienu (2 feb, 1532). Ɛnam "Piazza Ducale" fɛɛfɛ a wɔyɛ no kuro no mfimfini nti ama agye din.

Vigevano

Abakwasɛm sesa

Nnoɔma a Vigevano dikan yɛɛ no hyɛɛ aseɛ firiii 20th sɛntry AD, berɛ a ɛyɛ beaɛ a ɔnyaa Lombard King Arduin anim adom, ɛnam sɛ na ɔkɔ ahayɔ a ɔnya nam nti.

Na Vigevano yɛ Ghibelline mpɔtam, a na ɛboa Emperor ɛno akyire na asraafoɔ bɛtohyɛɛ wɔn so a Milanese faeɛ wɔ afe apem, ahanu ne aduoson num(1275). [3]Wɔ afe apem ahasa ne aduonu nnwɔtwe (1328) mu no, ɔmaa ne nsa so maaAzzone Visconti dii wɔn so, ɛno akyire na ɔne Milan kyɛɛ n'amanyɔsɛm mu. Wɔsii San Pietro Martire(St Peter Martyr), Filippo Maria Visconti na ɔmaa wɔde Dominican nnipa a ɛte hɔ na ɛsiiɛ wɔ afe apem ahanan ne aduanan num(1445). Wɔ Visconti mfeɛ a ɛtwatoɔ wɔredi wɔn so no Francesco Sforza guso kuraa hyɛ a ɔto hyɛɛ wɔn so no so. Berɛ a ɔgyae ne tumi too hɔ wɔ Lombardy no, Sforza hyehyɛɛ sɛ wɔmfa Vigevano ntena akonwa so sɛ bishop na ɔde nea ɛhia kaa ho.

Main sights sesa

Castello Sforzesco

Castello Sforzesco bɔɔ Vigevano abaso, berɛ a ɔsii beaɛ a wɔn ahoɔden wɔ wɔbɛnya nnipa wɔ afe apem ahanan ne aduokron mmienu dekɔɔ afe apem ahanan ne aduokron nan mu (1492-1394) maa Ludovicp Maria Sforza (Ludovicp il Moro), nnipa a ɔdin wɔn anim a ɔdi mu a wɔwoo no wɔ kuro nom, a ɔmaa ahayɔ wɔ Luchino Visconti ( a ɔdiikan Lombardfortress di dwuma) hɔ bɛyɛɛ krabɛhwɛ, ma no sane kuro bɛyɛɛ asikafoɔ ɛdimu, wɔ Gothic ne Renaissance. Sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Bramante no, Leonardo da Vinci na na ɔyɛ ne hɔhoɔ wɔ Vigevano, a watwerɛ ho tower a ɛwa a ɛhwɛ Piazza firi Castello Sforzesco. Castle dada no adeɛ soronko bi a ɛkata kwan,ɛwɔ soro a wɔn a wɔtena pɔnkɔ so bɛtumi afa so, a ɛkasa fa nsonsoneɛ a ɔda foforɔ no ne dada no; ɛwɔ Falconry, Loggiato papa a ɛsɔ ne nkɛm bɛyɛ aduanan nnwɔtwe, ne mastio beaɛ ankasa, mmaa Loggia a wayɛ ama Duchess Beatrice d'Este.

Piazza Ducale

Baabi a agye din a wɔkɔ nsrahwɛ wɔ Vigevano paa yɛ Piazza Ducale[4],beaɛ a ne tenten bɛyɛ baako akyirepɔ mmiɛnsa (1.3) a w'asi ama Ludovico Sforza,ɛhyɛɛ aseɛ wɔ afe apem ahanan ne aduokron mmienu dekɔ aduokron mmiɛnsa mu(1492-93) ɛna wɔsiee wɔberɛ wɔrekeka wɔnsɛm abom, a na ɛmu nna hɔ mma Renaissance kuro. Wɔhyehyɛɛ Piazza Ducale sɛ ɛbɛbɛn Castle no, a ɛne North Italian kuro a wɔsii no 13th sɛntry no bɛbom. Kuro no kwan ankasa fa sham arcaded facade a ɛma nkabom ba Place des Vosges. Ludovico seɛ ɛnkane palazzo a ɛwɔ kuro nom de pɛɛ beaɛ. Kuro no abɔnten so no wobɛhunu Ka Sforzesco, rectangular villa-fortress a ɛwɔ palace-tower tokuro, a Ludovico il Moro sii no wɔ afe apem ahanan ne aduowɔtwe nsia(1486).

Cathedral.

Wɔ 17th century mu wɔde cathedral concave Baroque facade fa baabi kataa Piazza Ducale no, a ɛne no faa ɛde tete duomo line bi a wɔpɛ bɛba Piazza na wɔde wɔn ani asi so.

Wɔhyɛɛ Cathedral no ase wɔ afe apem ahanum ne aduasa mmienu (1532) wɔ Duke Francesco ɔtɔ so mmienu pɛn so, ɔno na ɔmaa wɔde ntwereɛ bi siesiee ho baa Antonio da Lonate. Wɔwie dan no wɔ afe apem ahansua ne nsia nom(1606). Ɛmu no wɔ Latin nhyehyɛeɛ mu, a ɛwɔ nave ne aisles mmienu ɛna Macrino d'Alba, Bernardino Ferrari ne afoforɔ na ɛyɛɛ efie no adwuma, saa nso na tempera polyptych of the School of Leonardo da Vinci ka ho. File:Vigevano-street01.jpg|A street in central Vigevano. File:Vigevano0002.jpg|Bramante's Tower, Castello Sforzesco of Vigevano. File:Vigevano01.jpg|Court of the Castello Sforzesco. File:Vigevano03.jpg|The famous road-gallery in the Castello Sforzesco.

Amammuo sesa

Bɛyɛ mfeɛ bi a atwa no na kuro no yɛ baabi a wɔyɛ nnoɔma wɔ hɔ, nkanka ne silk ne asaawa.

Adeɛ baako a wɔyɛ no Vigevano yɛ mpaboa yɛ. Mpaboa yɛ no hyɛɛ aseɛ sɛ ɛtrɛ wɔ First world War ne afe apem ahankron ne aduonum mu, Na nnipa pii noa frɛɛ Vigevano Italy shoe ahenkuro.[5]

Nnipa sesa

  • Guido da Vigevano (c. 1280–c. 1349), physician and inventor.
  • Abramo Ardizzi (de Arditiis or Ardiciis) (15th century), diplomat, ambassador, bishop, cardinal.
  • Donato Bramante( afe apem ahanan ne aduanan nan dekɔ afe apem ahanum ne du nan (1444-1514), ɔsi dan sane yɛ painter, ɔyɛɛ adwuma wɔ Vigevano maa Ludovico Sforza.
  • Ludovico Sforza afe apem ahanan ne aduonum mmienu dekɔ afe apem ahanum ne nnwɔtwe(1452–1508), Duke of Milan.
  • Leonardo da Vinci (afe apem ahanan ne aduonum mmienu dekɔ afe apem ahanum ne du nkron(1452-1519), polymath, ɔyɛɛ adwuma wɔ Vigevano maa Ludovico Sforza.
  • Juan Caramuel y Lobkowitz (afe apem ahansia ne nsia dekɔ afe apem ahansia ne aduowɔtwe mmienu(1606-1682), mathematician and bishop of Vigevano.
  • Giovanni Peroni, industrialist, ɔno na na ɔda Peroni Brewery a ɛwɔ Vigevano ano, wɔ ( afe apem ahannwɔtwe ne aduanan nsia(1846).
  • Eleonora Duse(afe apem ahannwɔtwe ne aduonum nnwɔtwe dekɔ afe apem ahankron ne aduonu nan (1858–1924), Italian sinitwani a wɔfrɛ no Duse, wɔwoo no wɔ Vigevano.
  • Vito Pallavicini(afe apem ahankron ne aduonu nan dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson (1924–2007), lyricist,nnipa pii noa nim no ɛnam sɛ na ɔyɛ atwerɛfoɔ mmienu anom baako a wɔtwerɛɛ"Azzurro".
  • Guido Ferracin( afe apem ahankron ne aduonu nsia dekɔ afe apem ahankron ne aduoson mmiɛnsa (1926–1973), athlete, European bantam weight boxing champion.
  • Gian Carlo Rota(afe apem ahankron ne aduasa mmienu dekɔɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron (1932–1999), mathematician and philosopher, wɔwoo no wɔ Vigevano.
  • Margie Santimaria (wɔwoo no afe apem ahankron ne aduowɔtwe nkron(1989), obi a ɔnim triathlete yɛ yie.
  • Carlo Erba (afe apem ahannwɔtwe ne du baako dekɔɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduowɔtwe nwɔtwe(1811-1888) ɔno na ɔtee Carlo Erba Spa (ɔne Farmitalia kabom).[6]

Nkuro sesa

  • Ficarra, Italy
  • Matera, Italy
  • Wenzhou, People's Republic of China

Ntotoho sesa

  1. https://www.britannica.com/place/Vigevano
  2. Superficie di Comuni Province e Regioni italiane al 9 ottobre 2011". Italian National Institute of Statistics. Retrieved 16 March 2019.
  3. Popolazione Residente al 1° Gennaio 2018". Italian National Institute of Statistics. Retrieved 16 March 2019
  4. https://www.tripadvisor.com/Tourism-g1050288-Vigevano_Province_of_Pavia_Lombardy-Vacations.html
  5. Population data from Istat
  6. Fisher, James (2000). "Duse, Eleonora (1858-1924), actress". American National Biography. doi:10.1093/anb/9780198606697.article.1801621. ISBN 978-0-19-860669-7. Retrieved 22 January 2022