Vo Nguyen Giap

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Vo Nguyen Giap yε politik Vietnam a ɔwoo no Ɔsanaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu num (25), wɔ afe apem ahankron ne du baako (1911)[1] ɛna owuu Ahinime bosome no da a ɛtɔ so nan (4)[2] mu wɔ afe mpem mmienu ne du mmiensa (2013) mu[3]. Mmrane dodoɔ de frɛ no ne "Red Napoleon". Giap yɛ Vietnamese ne Communist amanyɔni a ɔyɛ kɛse pa ara wɔ n'aberɛ so "20th Centry".[4]

Vo Nguyen Giap
Võ Nguyên Giáp in 1957
Deputy Prime Minister of Vietnam
Bere
20 September 1955 – 8 August 1991
Ɔmanpanyin
Prime Minister
Minister of Defence
Bere
1948–1980
Prime Minister
  • Hồ Chí Minh
  • Phạm Văn Đồng
OdikanfoTạ Quang Bửu
AnanmusiniVăn Tiến Dũng
Bere
11 May 1946 – 8 May 1947
Prime MinisterHồ Chí Minh
OdikanfoPhan Anh
AnanmusiniTạ Quang Bửu
Ne ho asɛm
Awo bere(1911-08-25)25 August 1911
Lệ Thủy, Quảng Bình, Nhwɛsoɔ:Avoid wrap
Owu bere4 October 2013(2013-10-04) (aged 102)
Hanoi, Vietnam
AmanyɔkuoCPV (1931–1992)
Nehokani
  • Nguyễn Thị Quang Thái
    (m. 1938, died)
  • Đặng Thị Bích Hà
    (m. 1946)
Mma5
Sukuu a w'akɔIndochinese University
Signature
Military service
AllegianceNhwɛsoɔ:Flagu
Branch/serviceNhwɛsoɔ:Country data Vietnam
Years of service1944–1992
Rank Army general
Battles/warsNhwɛsoɔ:Tree list
AwardsNhwɛsoɔ:Ubli
Vo Nguyen Giap

Ɔsom sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ɔman no banbɔ so[5], Ɔmanpanin Ho Chi Minh's Viet aberɛ so na ɔsane yɛ ɔsrani panin a ɔda people's Army of Vietnam(PAVN) sane yɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ banbɔ so ne prime minister abadeakyire. Afe apem aha-nkron aduoson nsia (1976) na ɔka Politburo amanyɔ adwumakuo no hoar. Giap bɛyɛɛ kɛse berɛ a ɔyɛ asrafoɔ panin a ɔda asrafoɔ a ɔwɔ Viet Minh berɛ a na wɔn ne Japanese reko wiase ɔko kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu, na ɔnni asra adwuma

no mu nteteeɛ biara efirisɛ, na ɔyɛ tikyani a ɔkyerɛ French kasa.[6]

Abrabɔ ahyɛaseɛ sesa

Wɔwoo Giap ɔsanaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu num (25), wɔ afe apem ahankron ne du-baako (1911)[7] mu, wɔ Quang Binh Province, French indochina,[8] N'wofoɔ din de Võ Quang Nghiêm ne Nguyen Th! Kien[9] na wɔde adan ma ahan na wɔn bra kɔ yield. Giap papa kyerɛɛ no adeɛ wɔ fie ansana ɔde no rekɔ wɔn akurase sukuul. Afe apem ahankron ne aduonu nan (1924) mu ɔyii no kɔɔ kuro no mansini ɛnam ne mmɔdenmmɔ nti. Ɔnya a mfeɛ du mmiɛnsa no na ɔkɔɔ Quoc Hoc(National Accademy). Giap wɔ anuanom baasa, baanu yɛ mmaa ɛna baako yɛ barima. Ɔnyaa mfeɛ du nnan na ɔbɛyɛɛ somafoɔ maa Haiphong adwumakuo no. Wɔyii no adi firii sukuu mu berɛ ɔne nnipakuo bi yɛɛ yɛkyerɛ, wei maa no sane kɔɔ n'akuase bere tiawa bi. Afe apem ahankron ne aduonu nan (1924) ɔde ne ho kɔbɔɔ Tan Viet Revolutionary amanyɔ kuo bi a ɔnya nnnan wɔn ho adi. Giap kɔɔ Hue kɔtoa amanyɔsɛm no maa afe apem ahankron ne aduasa (1930) ɔkyeree no kɔtoo afiease. Ɔdii abosome du mmiɛnsa a ɛyɛ mfeɛ mmienu wɔ Lao Bao nnadua fie.[1]

Amanyɔ sesa

Berɛ a Giap wɔ sukuu mu no ɔkɔ hyia ɔbenefo profɛsa Dang Thai Minh ba baa Nguyen Thi Minh Giang wɔ Hue sukuu mu, na ɔbaa no asua amanyɔ afiri ne papa hɔ nti na ɔkra revolution a na Giap ka ho bi wɔ Ayɛwohummumɔ bosome afe apem ahankron -aduasa nkron(1939) na ɔwareeɛ. Kɔtɔnima bosome afe aprm ahankron -aduasa nkron(1939) na ɔwoo ne ba baa Hong Anh(Red Queen of flowers).[2]

Giap hyɛɛ amanyɔsɛm ase ankasa wɔ berɛ a ɔwie suapɔn, ɔdii nkoguo wɔ sɔhwɛ mu berɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Lɔyani, efiri hɔ na ɔnyaa adekyerɛ mu kwan wɔ Thang Long sukuu a ɛwɔ Hanoi.[3] Na ɔkyerɛ abakwasɛm(History).

Asra adwuma sesa

Afe ahankron aduanan-mmienu, Giap ne nnipa bɛyɛ aduanan kɔɔ Vietnam na ɔde wɔn ho kɔsie botan bi wɔ beaeɛ bi a ate ne ho na ɛbɛn Vu Nhai akurase. Nunghillfoɔ ka wɔn kurom kasa nti a ɛhoo abɛhia sɛ wɔsua kasa no sane sua kwan a ɔbɛtumi de mfoni akasa. Mfeɛ kakara bi akyi no, ɔne ne nkorɔfoɔ no yeree wɔn ho tetee aserafoɔ kumaa bi. Afe ahankron aduanan mmiɛnsa awieeɛ no na nnipa bɛyɛ ɔha ni akyire, ɛmu mmaa ne mmarima abɛka ho. Afe ahankron aduanan-mmiɛnsa owia berɛ mu na ɔnyaa nkra sɛ, wɔn a ɔhwɛ Hanoi nnedua fie hɔ no aboro ne yere ama no awu, ama ne ba baa ada nnedua fie awu. Afe ahankron aduanan -nnum, ɔsanaa bosome ne da ɛtɔ so aduonu-nwɔtwe, Giap de n'aserafoɔ no kɔɔ Hanoi na ɛbɔ bosome ne da ɛtɔ so mmienu, ɔgyee fahodie maa Ho Chi Minh man no maa no hyehyɛɛ amanmuo no foforɔ.

Afe ahsnkron aduanan-nsia mu na Ho Chi Minh man no yɛɛ nhyehyɛeɛ maa no ware firii Ba Hanh abusua mu woo mma nnan.

Giap Wuo sesa

Ahinime bosome ne da ɛtɔ so nnan afe mpenu ne du-mmiɛnsa mu na Communist amanyɔ kuo ne aban no mu adwumafoɔ no bɛkaa sɛ, Gia ato nikɔn mu awu. Ɔnyaa mfeɛ ɔha ne mmienu berɛ a na abɔ nonsia apa ho simma nkron wɔ Hanoi aserafoɔ ayaresabea. Ɔman no nyinaa yɛɛ no ayie wɔ Ahinime bosome ne da ɛtɔ so du-mmienu ne mmiɛnsa.

Abasobɔdeɛ sesa

Hero of the People's Armed Forces
Order of Ho Chi Minh

1st time

Order of Ho Chi Minh

2nd time

Gold Star Order Military Exploit Order

First class 1st time

Military Exploit Order

First class 2nd time

Feat Order

First class

Feat Order

Second class

Feat Order

Third class

Fatherland Defense Order

First class

Victory Banner Medal Resolution for Victory Order

1st time

Resolution for Victory Order

2nd time

Resolution for Victory Order

3rd time

Resolution for Victory Order

4th time

Resolution for Victory Order

5th time

Resolution for Victory Order

6th time

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.britannica.com/biography/Vo-Nguyen-Giap
  2. https://www.nytimes.com/2013/10/05/world/asia/gen-vo-nguyen-giap-dies.html
  3. https://www.theguardian.com/world/2013/oct/04/general-vo-nguyen-giap
  4. https://www.nytimes.com/2013/10/05/world/asia/gen-vo-nguyen-giap-dies.html
  5. https://www.thoughtco.com/vietnam-war-vo-nguyen-giap-2360683
  6. http://digitalarchive.wilsoncenter.org/resource/cold-war-history/vo-nguyen-giap
  7. https://www.nytimes.com/2013/10/05/world/asia/gen-vo-nguyen-giap-dies.html?smid=pl-share
  8. http://content.time.com/time/magazine/article/0,9171,1555023,00.html
  9. http://www.english.rfi.fr/americas/20131004-vietnam-war-leader-general-giap-dies-aged-102