Wikipedia:Mmra num

Mmra a ɛfa Wikipedia ho na w'abɔ ne tɔfa wo ha yi.


Wikipedia yɛ abɛɛfo ntentan fidie a yɛnya adesua firi hɔ.

 
Wikipedia ka esu ahodoɔ pii a ebi tumi di dwuma biara na ebi nso di dwuma soronko ɛne beaɛ bi a yɛnya mmoa firi wɔ abɛɛfo ntentan fidie so. Wikipedia nyɛ beaɛ a obiara sɔreeɛ a na ɔkɔdi dwuma biara a ɔpɛ wɔ hɔ, beaɛ a yɛbɔ nnoɔma dawuro, beaɛ a yɛtua obi ka ma no di dwuma bi ma no, baabi a mmara anaa kabi ma me nkabi nni hɔ, anaasɛ yɛmmfa nnoɔma a yɛde to hɔ no ho, ɛnnyɛ baabi a yɛde nwuma anaa sɛ nkorɔfoɔ tetefon to. Ɛnnyɛ beaɛ a yɛ kyerɛkyerɛ nsɛm mu, yɛde koowa nkrataa to, anaa sɛ baabi a yɛ keka nkrataa ahodoɔ a ɛfa nnwuma ho gu, ewɔm sɛ wikipedia nhwehwɛmu afoforɔ binom yɛ saa deɛ.

Yɛtwerɛ wikipedia wɔ berɛ a yɛnyina obi akyi na mmom ɛkɔ bɛkorɔ mu

 
Yɛhwɛ sɛ yɛbɛnya atwerɛsɛm a emu nsɛm no yɛ fenkyɛm na ɛnyɛ nyiyimu na yakyerɛkyerɛ nsɛm titire a ɛwɔm, na ada mu soronko akyɛn afoforɔ.Yɛntae afoforɔ akyi,yɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu kyɛn sɛ yɛbɛdi ho akyinnyeɛ. Baabi wɔ hɔ a yɛwɔ adwenem pɔ baakopɛ bi a ɛho wɔ mfasoɔ a wahyɛ no nso ɛna baabi nso wɔ hɔ a yɛwɔ adwenempɔ bebree a yɛkyerɛ aseɛ na ama no ayɛ fenkyɛm wɔ sɛdeɛ yɛhunu no kyɛn ne nokware anaasɛ sɛdeɛ yɛbesi ahwɛ no yie.Ɛwɔ sɛ yɛnya atwerɛsɛm biara firi beaɛ a yagye atom, beaɛ a yɛbɛtumi de yɛnho ato wɔn so ne titire sɛ akyinnyeɛ wɔ asɛmti no ho a anaa sɛ ɛfa obi a ɔteaseɛ ho. Ɔsamufoɔ no ankasa nimdeɛ a wanya afiri baabi, ne nkyerɛkyerɛmu anaasɛ n'adwenkyerɛ nni wikipedia hɔ.

Wikipedia yɛ baabi a obiara bɛtumi adi dwuma wɔ hɔ,bɛyɛ nsesamu, wobɛda biribi adi wɔ hɔ

 
Ɛnam sɛ ɔsamufoɔ biara da n'adwuma biara wayɛ adi ma nnipa dɔm hunu no nti, atwerɛsɛm biara nyɛ ɔsamufoɔ biara dea ɛna wobɛtumi ayɛ nsesaeɛ wɔ wontoboa nom aberɛ biara na woasane akyɛ ama obiara ahu. Ɛwɔ sɛ yɛbu mmara ne nhyehyɛeɛ a ɛwɔ dwumadie no ho, yɛnni ho kwan sɛ yɛfa obi tirimpɔ a ɔnya firii beaɛ bi wɔ aberɛ ɔnikorɔ nnim ho hwee. Ɛtɔ mmerɛ bi a wofa nsɛm firi baabi a yɛtua sika a wontia mmara na mmom hwehwɛ na nya mmeaɛ ahodoɔ a yɛntua sika ansa.

Ɛwɔ sɛ ɔsamufoɔ biara a ɔwɔ wikipedia so de obuo ne anidie ma obiara

 
Yɛmfa obuo mma afoforɔ a yɛne wɔn di dwuma wɔ wikipedia sɛ mpo yɛne wɔn adwene nkɔ bɛnkorɔ mpo a. Yɛmfa wikipedia mmara nni dwuma. Ɛmma yɛmma nnoɔma nhyɛ yɛn so. Gye adwenkyerɛ firii afoforɔ hɔ, yi adwene ntanta ne ntawantawa firi wonsesaeɛ bia wobɛyɛ mu. Fa akoma pa yɛ adwuma na nya gyedie wɔ afoforɔ mu. Ma w'anim nte na yɛ ahɔhogyeɛ. Sɛ akasakasa ba a nya abotare na ka no wɔ beaɛ a yɛkasa no. Fa kwan a yɛfa so siesie ntawantawa no ho. Kae hunu sɛ yɛwɔ atwerɛsɛm bɛyɛ ɔpepepe nsia, ahanan ne du baako ne ahannsia ne baako (6,411,601) wɔ "English Wikipedia" a ɛwɔ sɛ yɛdi ho dwuma ma no tu mpɔn.

Wikipedia nni nhyehyɛeɛ biara a ɛden.

 
Wikipedia wɔ atirimpɔ ne kwan a yɛbɛfa so ayɛ no, yɛbɛtumi asesa nnoɔma a ɛwɔm ne ne nkyerɛkyerɛmu aberɛ biara. Kwan a yɛbɛfa so adi dwuma no ho hia kyɛn sɛnea yɛbɛsi atwerɛ no ɛna ɛtɔ mmerɛ bia ansa na wikipedia no bɛtu mpɔn no gye sɛ yɛyi nnoɔma binom firim. Nya akokoɔduro na ma w'ani nkɔ atwerɛsɛm noa woredi ho dwuma no ho. Ɛmma wowerɛ nho wɔ mfomsoɔ a woayɛ ho ɛfiri sɛ, krataafa biara a wobɛyɛ ho adwuma biara no yɛ koraa nti wobɛtumi ayɛ nsesaeɛ wɔ wɔ ho