Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

YesaiaAbout this soundpronounciation of "Yesaia"  yɛ nyame diyifoɔ a yɛ de twerɛ kronkron nhoma baako to no.[1] Wɔ yesaia nhoma no mu kyerɛ sɛ yesaia nankasa yɛ odiyifoɔ nanso nsonsoneɛ a ɛda yesaia nwoma no ne abakɔsɛm no mu yɛ huyan kakra.[1] Abakɔsɛm no kyerɛ sɛ nipa baako pɛ na ɛtwerɛ nnwoma aduosia nsia (66) ɛfiri 740BC ne 686BC ntam. Ɛna ɛmu tee medeɛ du nom mu, nwoma no kasa fa adiyisɛm ne ɔkwan a lsraefo be fi nkoasom mu wɔ babylonia.[1] Nwoma yi mu yesaia hyɛ nkɔm fa yesu awoɔ ne edin ye de bɛ frɛ no [2]. Adeɛ baako a ɛwɔ mu ne sɛ nnwwoma no fa a ɛdikan no (ati 1-39) no yɛ abakwasɛm a ɛne ɔkɔmhyɛnii no puiiɛ, wɔde fra anwonsɛm ho a wɔtwerɛɛ no King Josiah pɛn so bɛyɛ mfeɛ ɔha , na wɔbɛkae nnwoma no da firi berɛ a basabasa sii wɔ Babylon anaa sɛ ɛtwam, bɛyɛ mfeɛ ahanu akyiri wɔ Kɔmhyɛni a ɔka abakwasɛm asɛm pɛn so.

Ne ho Asɛm. sesa

Ti a ɛdikan a ɛwɔ Yesaia nnwoma nom ka sɛ Yesaia hyɛɛ nkɔm wɔ Uzziah,Jotham, Ahaz ne Hezekiah, Judahfoɔ ahemfo pɛn so. [3]Uzziah dii ne man so mfeɛ aduonum mmienu wɔ 8th sɛntry BC mfimfini, na ɛwɔ sɛ Yesaia hyɛ n'asɔfo dwuma ase mfeɛ kakraa bi ansa na Uzziah wuo no aduru, wɔ 740 BC mu. Yesaia tenaa ase duruu mfeɛ du nan a na Hezekiah di akonnwa soɔ(ɔwuu 698BC). Ɔnka ɔne Manasseh na ɛblbom as ɔman no so mmerɛ tiawa bi mu. Ɛwɔm sɛ anka Yesaia bɛtumi ahyɛ nkɔm bɛyɛ mfeɛ aduosia nan deɛ.[4]

Sɛ yɛhwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri ɛnnɛ mmere yi mua, na wɔfrɛ Yesaia yere nkɔmhyɛnii baa, [5]ɛbɛtumi aba sɛ na ɔwɔ nkɔmhyɛ adom akyɛdeɛ te sɛ Deborah[6] ne Huldah, [7]anaa sɛ ɛbia na ɔyɛ ɔkɔmhyɛnii yere no ntira. [8]Wɔwoo mma mmarima mmiɛnsa a panin no de Shear-Jashud, ɛkyerɛ sɛ"A remnant Shall return", [9]ketewa no nso de Maher-Shalal-Hash-Baz, aseɛ ne sɛ "Spoil quickly, plunder speedily". [10]

Ɛno akyire no ankyɛ na Shalmaneser V yɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛdi Israel ahennie no so,wadi so aseɛ Samaria(722BC). Ɛnti Ahaz dii ahennie no so no Assyriafoɔ tumi biara antumi amfa ne nsa annka Judah ahennie no. Nanso Hezekiah dii ahennie no so no wɔhyɛ no nkuran sɛ ɔnko ntia Assyria hene,[11] na ɔne Egypt hene bomm. [12]Assyria hene hunahunaa Judah hene ɛna ɛkɔɔ asaase no so. Sennacherb (701BC) na ɔdii akofoɔ no anim wɔ Judah. Hezekiah diberɛ so teeɛ na ɔbrɛ ne ho ase maa Assyriafoɔ. [13] Nanso mmerɛ tiawa akyire no, ɔko hi sii hɔ. Biom Sennacherb dii ɔkofoɔ no anim kɔɔ Judah adeɛ baako a ɛhunahuna Jersalem.[14] Yesaia hyɛɛ Hezekiah nkuran sɛ ɔne Assyriafoɔ no nkɔ fee so, [15]ne saa nti Sennacherb de twerɛ krataa de hunahunaa Hezekiah, a ɔde kɔɔ Onyankopɔn anim.[16]

Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: "Sɛ Awurade Israel Nyankopɔn seɛ nie:Deɛbwobɔɔ me ɛho mpaeɛ Asiriahene Sannacherib ho no, mate. Yei ne nsɛm a Awurade aka agu ne soɔ no: Ɔbaabunu Sion babaa no bu wɔ animtia yi wo ahi, Yerusalem babaa rewoso ne ti wɔ w'akyiri. Hwan na woasopa no na wosua no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na woama w'ani Atta wo ntɛm? Wode atia Israel Kronkronni no.[17]

Sɛ wohwɛ 2Ahemfo 19 (ne yɛ nya no wɔ 2Berɛsosɛm 32) wobɛhunu a Awurade bɔfoɔ bi bɛhwee Assyria asraafoɔ no so ɛna wɔkumm mmarima bɛyɛ mpem ɔha ne aduowɔtwe num(185,000) wɔn anadwo baako. "Te sɛ Xerxes wɔ Greece, Sennacherb annhunu ahodwirisɛm te sɛ wei wɔ Judah.Wammɔ pɔ biara biom antia Palestine a ɛwɔ anaafoɔ fam ne Egypt biom.[18] Mfeɛ a ɔkaeɛ no Hezekiah buu ɔman asomdwoe mu. [19]Isaiah dii so saa kɔɔ Manasseh mu. Wantwerɛ mmerɛ ne kwan a ɔfaa so wui wɔ twerɛsɛm nom anaa sɛ baabia. [20]Jewfoɔ a ɛbaa akyire no kyerɛɛ sɛ Manasseh hyɛɛ sɛ ɔnku no ɛna ɔgyinaa ne gyedie mu ma wɔtwitwaa ne mu mmienu. [21]Nsonsoneɛ da Isaiah nnwoma no ne Jeremiah nnwoma a ɛwɔ Hebrew twerɛsɛm a ɛda "Awurade abufuo" adi wɔ mu, nhwɛsoɔ bi te sɛ, wɔ Isaiah 9:9 no ka sɛ " Awurade abufuo bɛma esum aba asaase no so, na asaase no so nnipa ato gya nom"[22]

Wɔ Kristosom mu. sesa

Pseudepigraphical kristoni a wɔtwerɛ too hɔ kakra wɔ mfeɛ ɔha awieɛ ne mfeɛ ahaasa ahyɛaseɛ mu kyerɛɛ nsɛm bi faa Isaiah ho sɛ na ɔyɛ Kɔmhyɛni atorɔfo na ɔde wiee sɛ wɔkumm Isaiah berɛ a gyinaa ne gyedie so wɔ nyamesom mu- emu biara nni hɔ a ɛwɔ twerɛsɛm nom.

Gregory a ɔwɔ Nyssa+c.335-395) gyedi sɛ ɔkɔmhyɛnii Yesaia "nim ahintasɛm a ɛwɔ nsɛmpa a ɛwɔ ɔsom no mu yiee paa ara kyɛn afoforɔ". Jerome(c.342-420) nso hyɛɛ no animuonyam a ɔkaa sɛ, "na ɔyɛ nkyerɛkyerɛ adwuma sene nkɔmhyɛ adwuma, ɛfiri sɛ ɔkyerɛɛ ahintasɛm a ɛwɔ Kristo asɔre mu yie a wobɛsusu sɛ ɛnnyɛ daakye ho nkɔm na ɔrehyɛ, na ɛmom ɔreka abakwasɛm bi a atwam".[23] Nnoɔma pɔtee bi a Ɔkae ne nnwom a nkoa bi too berɛ a ɔwɔ yaw mu, a akristofoɔ kyerɛ sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ adiyisɛm pefee a ɛwɔ ɛsu, botaeɛ ne nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Yesu Kristo wuo ho.

Wɔn a wɔtwerɛ twerɛsɛm apam foforɔ no bɔɔ Yesaia no so pii wɔ twerɛsɛm nom. [24]Nnwoma no mu du a ɔde yɛɛ mfatoho no fa nkoa brɛ ho, kwan a ɔfaa so kɔɔ ateetee mu, na ɔwu gyee pii firii wɔn bɔne mu, wɔsiee no wɔ sikani amu, na ɔyɛɛ kanea maa amamanmufoɔ. John nyamesɛm kyerɛ sɛ Yesaia"hunuu Yesu" animuonyam na ɔkasa faa ne ho".[25] Eastern Orthodox church dii Ɔhoteni Yesaia a ɔyɛ Kɔmhyɛni afahyɛkɔtonimaa bosome da a ɛtɔ so nkron(9 May). [26]Wɔbɔɔ Yesaia din wɔ ahoteefoɔ nnwoma nom wɔ kɔtonimaa bosome da a ɛtɔ so nkron(9 May) wɔ Roman martyrology a ɛwɔ Roman asɔredan mu.[27]

Latter Day Saint movement

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 https://en.wikipedia.org/wiki/Isaiah#cite_note-8
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Isaiah_7:14#:~:text=therefore%20the%20Lord%20himself%20shall,will%20call%20his%20name%20Immanuel.&text=By%20the%20time%20he%20learns,be%20eating%20curds%20and%20honey.
  3. Hebrew-English Bible Nhwɛsoɔ:Bibleverse
  4. One or more of the preceding sentences incorporates text from a publication now in the public domain:
  5. Hebrew-English Bible, Isaiah 8:3
  6. Hebrew-English Bible Judges 4:4
  7. Hebrew-English Bible 2 Kings 22:14–20
  8. One or more of the preceding sentences incorporates text from a publication now in the public domain:
  9. Hebrew-English Bible Isaiah 7:3
  10. Hebrew-English Bible Isaiah 8:3
  11. Hebrew-English Bible 2 Kings 18:7
  12. Hebrew-English Bible Isaiah 30:2–4
  13. Hebrew-English Bible 2 Kings 18:14–16
  14. Hebrew-English Bible Isaiah 36:2
  15. Hebrew-English Bible 37:1–7
  16. Hebrew-English Bible Isaiah 37:14
  17. Hebrew-English Bible Isaiah 37:21–23
  18. Sayce, Archibald Henry, The Ancient Empires of the East. Macmillan, 1884
  19. Hebrew-English Bible 2 Chr 32:23–29
  20. One or more of the preceding sentences incorporates text from a publication now in the public domain:
  21. Babylonian Talmud, Yevamot 49b
  22. Isaiah 9:19
  23. The Lives of the Holy Prophets, Holy Apostles Convent, ISBN 0-944359-12-4, page 101.
  24. Graham, Ron. "Isaiah in the New Testament - Quotations Chart - In Isaiah Order
  25. Bible, John 12:41
  26. Prophet Isaiah in the Eastern Orthodox Church". Orthodox Church of America. Archived from the original on October 10, 2018
  27. "St. Isaiah the Prophet, Pray for Us"