Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Surat(About this soundpronunciation of "Surat" ) yε kuro kεseε a ɛwɔ India atɔeɛ famu.Esian sɛ kuro no wɔ Asuo Tapti ano no nti, na ɛhɔ yɛ suhyɛn gyinabea kɛseɛ. Mprenpren ɛhɔ yɛ dwadibea ma South Gujarat na ɛka nkuro akɛseɛ a ɛhɔ abue paa wɔ India atɔeɛ famu no ho. Ɛwɔ ndwumakuo ahodoɔ a ɛyɛ dɛnkyɛmmoɔ ne ntoma ho adwuma.[1] Ɛyɛ beae a wodi ntadeɛ ne ho akadiɛ ho dwa. Dɛnkyɛmmoɔ a wɔde kɔ wiase nyinaa mu ɔha mu nkyekyemu eduokron(90%) na wosiesie no wɔ Surat.[2][3][4]

Surat

Surat ne kuro a ɛtɔ so mmienu a ɛso paa wɔ Gujarat ne nea ɛtɔ so nnwɔtwe wɔ India denam nnipa dodoɔ ne sɛnea kuro no mu abue.[1] Kuro no ne Surat mansin no ahenkuro.

Surat wɔ ɔman no ahenkuro Ganndhinagar anaafoɔ famu ne Mumbai atifi famu.Kuro no bɛn Asuo Tapti,wɔ Arabia Po no nkyɛn.[5]'Economic Times' ayɛ nhwehwɛmu ahunu sɛ firi afe 2019 kosi afe 2035 no, Surat bɛyɛ kuro a enya nkɔanim ntɛmtɛm kyɛn kuro a ɛwɔ wiase biara ho.[6]Na nnipa dodoɔ a ɛwɔ Surat yɛ 4,444,691 wɔ afe 2011 mu.[7]

Sɛnea Edin 'Surat' No Bae' sesa

Papa bi a wɔfrɛ no Gopi na ɛkyekyeree Surat kuro no,na ɔtoo no din 'Surajpur' anaa 'Suryapur'.[8] Duarte Barbosa frɛɛ Surat Suratt.Jacob Peeters nso de Dutch din Sourratte na ɛfrɛɛ kuro no.[9]Edin afoforɔ bebree a na wɔde frɛ Surat wɔ abakɔsɛm mu. Wɔfrɛ Surat Surrat,Surate anaa Soorat wɔ nhoma ahodoɔ bi mu. [10]

Nhomasua sesa

'Sardat Vallabhhai National Institute of Technology' a ɛwɔ Surat no ka suapɔn eduasa-biako a wosua nfidiedwuma ho adeɛ wɔ India a aban no bu wɔn sɛ wɔn ho hia paa no ho. Suapɔn foforɔ a ɛwɔ Surat ne 'Indian Institute of Information Technology'. Saa suapɔn yi firii aseɛ afe 2017 mu.[11]

'Kɔlege' ahodoɔ a ɛwɔ mansini ahodoɔ mu no mu dodoɔ ara na ɛdɔm 'Veer Narmad South Gujarat University' (VNSGU, wɔde suapɔn yi too anwensɛm kyerɛwfoɔ Veer Narmad). [12]Saa suapɔn yi adwumayɛbea ti wɔ Surat Mansini no mu.

'Government Medical College' a ɛwɔ Surat yɛ aduruyɛ suukuu a adi boro mfeɛ eduonum na etumi fa sukuufoɔ foforɔ aha-mmienu ne eduonum afe biara. Ayaresabea a ɛwɔ suukuu yi mu ne 'New Civil Hospital'. 'Surat Municipal Institute of Medical Education and Research' (SIMMER) yɛ Mpɔtam Aduruyɛ Kɔlege a ɛdɔm 'Veer Narmad South Gujarat University'.[12] Auro Suapɔn nso afi aseɛ reyɛ adwuma wɔ Surat.[13]

Ammamerɛ sesa

Aduane

Sɛ ɛba no aduane a, wonnim Surat sɛ kuro a wodi nnuane ahodoɔ pii na wɔsan tɔn bi wɔ kwan ho. Woka asɛm bi wɔ Gujarati kasa mu sɛ 'Didi wɔ Surat na wu wɔ Kashi ma wo nkra ani nnye'.[14][15][16][17][18]

Nnuane ahodoɔ a wodi wɔ Surat no bi ne Locho,Ghari ((nea ɛyɛ dɛ),Surti Bhusu[19],Alupuri,Kavsa,Ponk,Undhiyu,Dhokla,Khaman,Sev Khamani ne nea ɛkeka ho.[20]

Ɛnam sɛnea nkorɔfoɔ pɛ Surat nnuane nti, baabi wɔ kurom hɔ a wɔfrɛ no 'Khaudra gali' na wei kyerɛ baabi a obi a ɔpɛ aduane paa tena. Wɔtɔn nnuane ahodoɔ bebree wɔ saa beae yi ɛnkanka Mysore Dosa nnuane.

Sikasɛm sesa

Surat yɛ kuro a ɛtɔ so nnan wɔ India wɔ sikasɛm mu sɛnea GDP nhyehyɛe no teɛ no. Na ɛwɔ GDP lakh crore no mu mmienu ne ekyiripɔ nsia (US Dollars eduanan wɔ afe 2016 mu)wɔ afe 2016 mu.'The City Mayors Foundation' ayɛ nhwehwɛmu ahunu sɛ wɔ afe 2020 mu no, na Surat GDP no aduru bɛyɛ US Dollars ɔpepepem eduonum-nson.[21]Surat yɛ beae titiriw a wosiesie dɛnkyɛmmoɔ.[22] Mmeae a wodii kan sii sotɔɔ a wosiesie dɛnkyɛmmoɔ wɔ Gujarat ne Surat ne Navasari wɔ afe 1950 awieɛ.Nnipa a wɔyɛ adwuma wɔ saa ndwumakuo ahodoɔ yi mu no dodoɔ no ara firi Saurashtra Mantam a ɛwɔ Gujarat. Esian sɛnea na amanɔne dwadibea no hwehwɛ dɛnkyɛmmoɔ wɔ afe 1970 awieɛ no mu kosi afe 1980 mfinfini hɔ baabi no nti, Surat nnwumakuo ahodoɔ a wosiesie dɛnkyɛmoɔ no nyaa nkɔanim paa.Mprenpren,nnwumakuo a wosiesie dɛnkyɛmmoɔ no mu dodoɔ no ara wɔ Surat beae a wɔfrɛ no Varachha. Wɔn a wɔyɛ adwuma no wɔ Varacha no mu dodoɔ no ara firi Patel mpɔtam.[23]Wɔ wiase nyinaa sɛ woyi dɛnkyɛmmoɔ du a ɛwɔ dwadibea a, emu nnwɔtwe na wosiesiee no wɔ Surat. Saa dɛnkyɛmmoɔ adwuma yi ma India man no nya US Dollar ɔpepepem du($10 billiion) firi dwa a wodi no amanɔne no mu afe biara. Wei kɔɔ famu ɔha mu nkyekyemu du-nnwɔtwe wɔ afe 2019 mu berɛ a dɛnkyɛmmoɔ dwa kɔɔ famu no. Dwa no kɔɔ so ara kɔɔ famu wɔ afe 2020 mu berɛ na ɛbaa sɛ ɛwɔ sɛ wɔto adwumakuo no mu denam Covid 19 Nsanyareɛ a ɛbaa India no nti.[24] Wotu dɛnkyɛmmoɔ no ankasa wɔ South Africa ne Abibiman afoforɔ so na wɔde ba Surat besiesie.Wowie a wɔde kɔ mmeae bi te sɛ Antwerp ne Belgium.

Surat yɛ kuro a ne sikasɛm dodoɔ no ara gyina nnwumakuo bi te sɛ dɛnkyɛmmoɔ,ntoma,suhyɛn a wosi ne abɛɛfo nfidiedwuma ahodioɔ so.

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 https://www.suratsmartcity.com/Surat/AboutSurat
  2. Archive copy, archived from the original on 2021-12-18, retrieved 2022-02-10{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://www.businessinsider.in/for-the-last-15-years-surats-diamond-polishing-industry-has-evolved-at-jet-speed-here-are-the-reasons-why/articleshow/56082026.cms
  4. https://timesofindia.indiatimes.com/city/surat/surat-diamond-bourse-to-start-operations-from-september/articleshow/80514996.cms
  5. https://web.archive.org/web/20120105012914/http://www.suratmunicipal.gov.in/content/city/history.shtml
  6. https://economictimes.indiatimes.com/news/politics-and-nation/surat-to-be-worlds-fastest-growing-city-during-2019-35-report/articleshow/66991793.cms?from=mdr
  7. https://www.populationu.com/cities/surat-population
  8. https://www.britannica.com/place/Surat
  9. https://el.travelogues.gr/collection.php?view=375
  10. http://www.columbia.edu/itc/mealac/pritchett/00routesdata/1700_1799/malabar/surat/surat.html
  11. https://timesofindia.indiatimes.com/city/surat/IIIT-research-centre-soon-in-Surat/articleshow/27098792.cms
  12. 12.0 12.1 https://collegedunia.com/university/25515-veer-narmad-south-gujarat-university-vnsgu-surat/affiliated-colleges
  13. https://aurouniversity.edu.in/
  14. https://books.google.com.gh/books?id=6c3ODAAAQBAJ&q=surat+food+famous&pg=PA105&redir_esc=y#v=snippet&q=surat%20food%20famous&f=false
  15. https://books.google.com.gh/books?id=PfTnCwAAQBAJ&q=The+food+of+Surat+is+like+dying+in+the+holy+city+of+kaashi&pg=PA539&redir_esc=y
  16. https://timesofindia.indiatimes.com/There-is-an-old-saying-Surat-Nu-Jaman-Ane-Kashi-Nu-Maran-which-means-Eat-in-Surat-and-Die-in-Kashi-for-the-ultimate-experience-of-the-soul-But-fate-of-around-200-fine-dining-restaurants-in-the-diamond-city-hangs-in-balance-as-all-the-a/c-restaurants-have-come-under-the-service-tax-net-/articleshow/18831930.cms
  17. https://zeenews.india.com/gujarati/gujarat/surat-ghari-price-in-shard-poonam-67915
  18. https://bangaloremirror.indiatimes.com/opinion/food/Gujju-goes-global/articleshow/21237214.cms
  19. https://timesofindia.indiatimes.com/city/surat/Gharis-best-buddy-bhusu/articleshow/44747591.cms
  20. https://timesofindia.indiatimes.com/life-style/food-news/local-delicacies-from-surat-that-no-foodie-should-ever-miss/photostory/79658965.cms
  21. http://www.citymayors.com/statistics/richest-cities-2020.html
  22. Archive copy, archived from the original on 2022-02-14, retrieved 2022-02-14{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  23. https://journals.sagepub.com/doi/10.1177/006996679903300115
  24. "Archive copy". Archived from the original on 2022-02-14. Retrieved 2022-02-14.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)