Tete Kurow a Ɛwɔ Bosra

Tete Kurow Bosra yɛ beae a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a ɛwɔ Bosra kurow mu wɔ Syria . Beae no yɛ Romafo, Byzantine ne Nkramofo anibuei ho mfonini, na UNESCO akyerɛw wɔ Wiase Agyapade din mu .

Abakɔsɛm sesa

 
Tete Kurow a Ɛwɔ Bosra

Ná Bosra a bere bi na ɛyɛ Roma mantam Arabia ahenkurow no yɛ beae titiriw a wogyina wɔ tete akwantufo kwan a wɔfa so kɔ Mecca no so . Wohu afeha a ɛto so abien Romafo agoprama a ɛyɛ nwonwa, tete Kristofo amamfo ne asɔredan pii wɔ n’afasu akɛse no mu.

UNESCO Wiase Agyapade sesa

Wɔ afe 1980 mu no, wɔkyerɛw Tete Kurow Bosra din sɛ UNESCO Wiase Agyapade, na wodii gyinapɛn (i), (iii) ne (vi) akyi. Beaeɛ a wɔabɔ ho ban no yɛ ha 116.2, berɛ a buffer zone no yɛ ha 200.4.

Nanso, wɔ afe 2017 mu no, wɔkyerɛw beae no wɔ Wiase Agyapade a Ɛwɔ Asiane mu, esiane akode a wɔde di ako wɔ ɔman no mu nti.

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa