Tofacitinib a wɔtɔn wɔ din a ɛyɛ Xeljanz ne afoforɔ no yɛ aduru a wɔde sa ntini mu yareɛ, psoriatic arthritis, ankylosing spondylitis, polyarticular (course juvenile) idiopathic arthritis, ne ulcerative colitis. Nneɛma bɔne a ɛtaa ba ne akisikuru, ti yareɛ ne mogya mmoroso. Ebia nneɛma bɔne bi te sɛ nyarewa, kokoram, ne ahurututu mu ntini a ɛma mogya tu. U.S. Aduan ne Nnuru Dwumadibea (FDA) nso de kɔkɔbɔ ahodoɔ a ɛfa asiane a ɛwɔ mogya ho abɛtɔ dwa.