Truong Tan Sang

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Truong Tan Sang(About this soundpronounciation of "Truong Tan Sang" ) (wɔwoo no ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduanan nkron,21st feb.,1949)[1]Vietnam amanyɔni, a ɔno na ɔtɔ so nson a ɔsomm wɔ Vietnam firi mfeɛ mpem mmienu ne du baako dekɔɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mu(2011-2016).Na ɔyɛ prime minister Nguyěn Tan Dung ne amanyɔkuo Nguyen Phú Trong twerɛtwerɛfoɔ akyire no na ɔka Vietnam mpaninfoɔ no ho.[2]Kitawonsa bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako (July,2011) mu no, National Assembly of Vietnam maa wɔtoo Truong Tã́n Sang so aba yii no sɛ Socialist Republic Vietnam manpanin na adikanfoɔ a ɛdiikan tenaa akonnwa no so baako a wɔfrɛ no Nguyen Minh Triet ɔkɔ ahomegyeɛ yii no.

Trương Tấn Sang
7th President of Vietnam
Bere
25 July 2011 – 2 April 2016
Prime MinisterNguyễn Tấn Dũng
Manpanyin AbɛdiakyireNguyễn Thị Doan
OdikanfoNguyễn Minh Triết
AnanmusiniTrần Đại Quang
Member of the National Assembly
Bere
22 May 2011 – 22 May 2016
OdikanfoNguyễn Minh Triết
AnanmusiniTrần Đại Quang
MpɛsoaHo Chi Minh City
Executive Secretary of the Communist Party
Bere
May 2006 – 3 August 2011
OdikanfoPhan Dien
AnanmusiniLê Hồng Anh
Head of the Party Central Committee Economic Commission
Bere
January 2000 – January 2003
OdikanfoNguyễn Tấn Dũng
AnanmusiniVương Đình Huệ
Secretary of the Ho Chi Minh City Party Committee
Bere
June 1996 – January 2000
OdikanfoVo Tran Chi
AnanmusiniNguyễn Minh Triết
Chair of the Ho Chi Minh City People's Committee
Bere
March 1992 – July 1996
OdikanfoNguyen Vinh Nghiep
AnanmusiniVo Viet Thanh
President of the Vietnam Red Cross Society
Bere
5 July 2012 – 16 August 2017
OdikanfoTrần Đức Lương
AnanmusiniTrần Đại Quang
Ne ho asɛm
Awo bere21 January 1949 (1949-01-21) (age 75)
Đức Hòa District, Long An, French Indochina
Amanyɔkuo Communist Party of Vietnam (1969–2016)
NehokaniMai Thị Hạnh
Sukuu a w'akɔNational Academy of Public Administration
Signature

Truong Tan Sang bɛyɛɛ communist amanyɔkuo a ɛwɔ Vietnam a na Nguyen Phú Trong yɛ amanyɔkuo no twerɛtwerɛfoɔ wieeɛ no wɔyii no sɛ ɔno na ɔtɔ so mmienu, kuo bi a ɛtenetene nnipa tirimpɔ.Sang ayɛ Central Politburo ekuoba, executive Committee ma Communist amanyɔkuo firi afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996)[3]. Na ɔyɛ communist amanyɔkuo twerɛtwerɛfoɔ ma Ho Chi Minh City firi afe apem ahankron ne aduokron nsia dekɔ mfeɛ mpem mmienu (1996-2000).Ɔtuu mpɔ kɔɔ n'anim bɛdaa mmienu wɔ National party slɔt so wɔ Ahinime bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron(oct.,2009).[4]Na ntawantawa da Truong Tan Sang ne Prime minister Nguyěn Tan Dung ntam nanso nnipakuo bi a na ɛwɔ amanyɔkuo nom tae wɔn akyi.[5]

Wɔ National Communist amanyɔkuo a ɛwɔ Vietnam congress a ɛtɔ so du baako mu wɔ ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako (Jan,2011) mu no,wɔyii Truong Tan Sang sɛ ɔmanpanyin ma Socialist Republic of Vietnam ɛna National Assembly gye tomm wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako (25 July,2011) mu.Saa da no ɔdii Nguyen Minh Triet adeɛ. Saa da noa ɔsusuu sɛ Nguyen Tan Dung mmɛyɛ nnipa foforɔ ma head of government.

N'abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwuma. sesa

Wɔwoo Truong Tan Sang wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduanan nkron (21 Jan., 1949), wɔ Duc Hoa mansin wɔ Long An Province.[6]

Wɔ afe apem ahankron ne aduosia nsia mu no Truong Tan Sang de ne ho kɔkaa revolution ho. Firi afe apem ahankron ne aduosia nsia dekɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron (1966-1969) mu no ɔbɛyɛɛ Youth-student movement PK panin a ɔdi wɔnso. Firi afe apem ahankron ne aduosia nkron dekɔ afe apem ahankron ne aduoson baako (1969-1971) mu no, naTruong Tan Sang yɛ ekuoba wɔ amanyɔkuo no committee nom, ɔtwerɛtwerɛfoɔ ma mmabunu kuo no, ɔno na ɔhwɛ the secret guerrilla kuo a ɛwɔ Duc Hoa mansin wɔ Long An Province. Tuong Tan Sang kɔkaa Communist amanyɔkuo a ɛwɔ Vietnamɔpɛnimaa bosome da no ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (20 December 1969).[7]

South Vietnamese aban kyee no tom wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako (1971) na wɔde no tomm wɔ Phú Quoc.Wɔyii no firii afiase wɔ Paris Treaty pɛn so wɔ afe apem ahannson mmiɛnsa (1973) Ɔnyaa ne bahyila of Law degree wɔ afe apem ahankron ne aduokron mu (1990) firi National Academy of Public Administration hɔ.[8]

Amanyɔsɛm Adwuma sesa

Ɛfiri afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa dekɔ aduowɔtwe nsia (1983-86) mu no, Tuong Tan Sang dii Ho Chi Minh City (HCMC)Forestry Département so,saa nso na ɔdii kuro no Economic Zone Development Département so[9]. Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nsia (1986) mu no, wɔbɔɔ no aba ma no kɔɔ Standing Board of City Party committee.[10] Ɔbɛyɛɛ ekuoba wɔ National Party Central Committee wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako (1991).[11] Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu no, ɔbɛyɛɛ Chairman maa HCMC, na ɔtɔ so mmienu wɔ kuro no aban no mu.[12] Ɔde ne ho kɔbɔɔ Politburo wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) sɛ ekuoba a ɔtɔ so du nan(14th).[13] Na ɔyɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ ma HCMC amanyɔkuo no, diberɛ kɛseɛ a ɛwɔ aban mu wɔ kuro nom, firi afe apem ahankron ne aduokron nsia dekɔ si mfeɛ mpem mmienu (1996-2000).[14] Wɔbɔɔ nabaso kɔɔ diberɛ a ɛtɔ so du(10th) wɔ National Party wɔ congress bi ase wɔ Oforisuo bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako(April 2001). Wɔsane yii no sɛ ɔnni Party economic Commission saa berɛ no.[15]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu no(2003), wɔtwerɛ no sane sɛ aberɛ a na ɔdi City government so no wanntumi anni Nam Fam aporɔ a ɔkɔdii no yiee.[16] Wɔbɔɔ Sang abaso kɔɔ diberɛ a ɛtɔ so num wɔ amanyɔkuo nom wɔ congress bi ase wɔ Oforisuo bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia(April,2006).[17] Wɔ saa congress no ase no, wɔsane yii no sɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ ma amanyɔkuo no atwereɛ, diberɛ a ekuomma ne amanyɔkuo no mu nsɛm.[18]

N'abrabɔ. sesa

Truong Tan Sang waree Mai Thi Hanh(a wɔwoo no afe apem ahankron ne aduonum nsia), [19]a na ɔyɛ ɔbaa a ɔdikan a ɔsomm ceremonial function wɔ Vietnam. Wɔwɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Truong Tan Son(wɔwoo no afe apem ahankron ne aduowɔtwe nan(1984).[20]

Beaɛ a mmoa firiiɛ sesa

  1. https://vpctn.gov.vn/danh-muc-trang-chu/lanh-dao-nha-nuoc/chu-tich-pho-chu-tich-qua-cac-nhiem-ky/ong-truong-tan-sang.html
  2. (in Vietnamese) Nghĩa Nhân, "Bộ Chính trị kiểm điểm thế nào?", Báo Pháp luật, 16 August 2012. The other "key leaders" are given as General Secretary Nguyễn Phú Trọng, Prime Minister Nguyễn Tấn Dũng, and National Assembly Chairman Nguyễn Sinh Hùng
  3. https://www.bbc.com/vietnamese/vietnam-48326128
  4. (in Vietnamese) "Ban Chấp hành trung ương, Bộ Chính trị, Ban Bí thư", Báo điện tử Đảng Cộng sản Việt Nam (Communist Party of Vietnam Online Newspaper). (in Vietnamese) "Danh sách Bộ Chính trị Khoá X", Nhan Dan, 7 January 2011. This gives the Poliburo ranking immediately before the 2011 congress, with Sang second and Dũng fifth. "Vietnam profile", BBC, 15 January 2011. This describes Sang as No. 2 prior to the 2011 congress
  5. "US embassy cables: Vietnam picks its new leaders". the Guardian. 12 January 2011. Retrieved 27 March 2018
  6. Thông tấn xã Việt Nam, "Tiểu sử tóm tắt của đồng chí Trương Tấn Sang" Tiền Phong Online, 19 January 2011.
  7. Biography of State President Truong Tan Sang, VietnamPlus, 25 July 2011
  8. Thông tấn xã Việt Nam, "Tiểu sử tóm tắt của đồng chí Trương Tấn Sang" Tiền Phong Online, 19 January 2011
  9. https://vov.vn/chinh-tri/quoc-hoi/trinh-quoc-hoi-mien-nhiem-chu-tich-nuoc-truong-tan-sang-495253.vov
  10. Biography of State President Truong Tan Sang, VietnamPlus, 25 July 2011.
  11. (in Vietnamese) "Danh sách Bộ Chính trị, Ban Chấp hành Trung ương Đảng khóa VII (1991–1996)" Nhan Dan, 7 January 2011. Sang is No. 104
  12. Thông tấn xã Việt Nam, "Tiểu sử tóm tắt của đồng chí Trương Tấn Sang" Tiền Phong Online, 19 January 2011
  13. (in Vietnamese) "Danh sách Bộ Chính trị, Ban Chấp hành Trung ương Đảng khóa VIII (1996–2001)", Nhan Dan, 7 January 2011
  14. Nghia M. Vo Saigon: A History 2011, p. 242: "In May 1995, the president of the People's Committee of Saigon-HCMC, Trương Tấn Sang, noted that corruption by city officials amounted to one million dollars.."
  15. https://nghean.dcs.vn/vi-vn/tin/nguyen-chu-tich-nuoc-truong-tan-sang-tang-phao-cuu-sinh-cho-ngu-dan-ngheo-nghe-an/24021-58053-721210
  16. Arthurs, Clare, "Vietnam's showcase trial", BBC News, 25 February 2003
  17. "Danh sách Ban lễ tang đồng chí Võ Văn Kiệt", Báo An ninh Thủ đô, 14 June 2008
  18. Biography of State President Truong Tan Sang, VietnamPlus, 25 July 2011
  19. "Văn Phòng Chủ Tịch Nước – Bà Mai Thị Hạnh – Phu nhân nguyên Chủ tịch nước Trương Tấn Sang thăm, tặng quà tại tỉnh Cao Bằng". vpctn.gov.vn (in Vietnamese). Retrieved 19 March 2018
  20. "Vietnam First Lady Mai Thi Hanh participated the Carlton Pre-school". Vietnam Embassy in Sri Lanka. 18 October 2011