Université Paris-Saclay

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Université Paris-Saclay(About this soundpronounciation of "Université Paris-Saclay" ) yε sukuupɔn a ɛwɔ Gif-sur-Yvette, France.

Université Paris-Saclay

Paris-Saclay University yɛ amansan suapɔn a wɔyɛ nhwehwɛ mu a wɔwɔ Paris, France ahenkuro no mu. ɛka Paris-Saclay dwumadie ahodoɔ no ho bi, a wɔn botae ne sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu a yɛka no borɔfo mu sɛ research-intensive adesua kampus ne dwadie ahodoɔ nyinaa wɔkyerɛ bi wɔ Plateau de Saclay a ɛbɛn Paris, na ɛhɔ nso ne beaɛ titiriw a wɔtee afoforɔ sane nso yɛ nhwehwɛ mu ahodoɔ wɔ Paris-Saclay.[1] [2]

Paris-Saclay suapɔn no agye ne din yie pa ara wɔ nkontabuo adesua mu.[3] ɛbɛsi afe 2021 mu no, na nnipa du mmienu (12) bi a wɔgyee abasobɔdeɛ nyinaa yɛ wɔn a wɔkɔgyee nteteeɛ wɔ suapɔn yi mu ne ne associated research institute no mu, a ɛmu bi ne Institut des Hautes Études Scientifiques - a ɛhɔ na yɛhunu no sɛ ɛyɛ awoɔ bea de ma ɛnɛ mmerɛ yi mu algebraic geometry ne catastrophe theory adesua mu.[4]

Abakwasɛm sesa

wɔ afe 2019 mu no, Paris-Saclay suapɔn yi bɛhyɛɛ Paris-Sud (Paris XI) suapɔn a wɔtee no afe 1971 mu no anan mu,[5] a saa suapɔn no nso bɛhyɛɛ suapɔn a yɛfrɛ no sɛ University of Paris a wɔtee ɛno nso wɔ 1150 mu no anan mu.

Berɛ a wiase nyinaa ntɔkwa a ɛtɔ so mmienu no baa awieɛ no (World War II), na ɛho abɛhia sɛ wɔyɛ nhwehwɛ mu ntɛntɛm so de fa nuclear physics ne chemistry mu nti na nnipa a wɔbɛyɛ saa nhwhwɛmu yi ho abɛhia yie pa ara, a na ɛno nso ɛhia nnipa dodoɔ no ara mmoa wɔ mmeaɛ beberee mu.

University of Paris, afei École Normale Supérieure ɛne Collège de France hwehwɛɛ baabi a ɛhɔ bae a ɛwɔ Paris atɔeɛ fam a ɛbɛn Orsay. ɛkyire yi no adekyerɛ dwumadie bi a na ɛkɔ so wɔ Faculty of Sciences a ɛwɔ Paris no wɔde ne nyinaa baa Orsay wɔ afe 1956 berɛ a Irène Joliot-Curie ne Frédéric Joliot-Curie de adesrɛdeɛ kɔeɛ. ɛsiane nnipa dodoɔ a na wɔreba suapɔn no mu no nti ɛmaa Orsay suapɔn beɛeɛ hɔ no nso bɛdee ne ho wɔ March 1, 1965. Afei ɛbɛyɛɛ University of Paris-Sud (Paris XI) wɔ afe 1971 mu.

Mprɛmprɛn yi ɛkura laboratory ahodoɔ akɛseɛ wɔ n'asaase (236 ha) no so wɔ na Kampus a ɛwɔ Paris-Saclay no. French laboratory akɛseɛ ahodoɔ no mu pii ka ho; ɛbinom ne baabi a wɔyɛ nhwehwɛ mu de fa particle physics,[6] nuclear physics,[7][8] astrophysics,[9] atomic physics and molecular physics,[10] condensed matter physics,[11] theoretical physics,[12] electronics, nanoscience ne nanotechnology ho.[13]




Faculty ahodoɔ ne Institute ahodoɔ sesa

Name Foundation[14] Academic degree Field Students Campus
Paris-Saclay Undergraduate University School[15] 2019 Undergraduate Law, Economics and Science 13,000[16] Paris-Saclay, Guyancourt, Sceaux, Évry-Courcouronnes
Paris-Saclay Faculty of Sciences 1956 and 1971 Undergraduate and postgraduate Science 10,000 Paris-Saclay
Paris-Saclay Faculty of Law, Economics and Management 1968 Law and economics 6,000 Sceaux
Paris-Saclay Faculty of Pharmacy 1972 Medicine 3,500 Châtenay-Malabry
Paris-Saclay Medical School 1971 3,400 Le Kremlin-Bicêtre, Paris-Saclay
Paris-Saclay Faculty of Sports Sciences 1985 Science 1,500 Paris-Saclay
Paris-Saclay Polytechnic School 2004 Engineering 820 Paris-Saclay
Orsay University Institute of Technology 1971 Science and engineering 440 Paris-Saclay
Sceaux University Institute of Technology 1970 1,500 Sceaux
Cachan University Institute of Technology 1971 1,000 Cachan


Grandes École ahodoɔ ne graduate sukuu ahodoɔ sesa

Name Foundation Field Students Campus
AgroParisTech 1826 Life sciences 2,420 Paris-Saclay
CentraleSupélec 2015 Science and Engineering 5,350 Paris-Saclay, Rennes, Metz
ENS Paris-Saclay 1892 Science 1,360 Paris-Saclay
Institut d'optique Graduate School 1917 Optics 440 Paris-Saclay
Paris-Saclay Graduate School of Law 2019 Law Guyancourt, Sceaux
Paris-Saclay Graduate School of Physics 2019 Physics Paris-Saclay, Versailles, Évry-Courcouronnes
Paris-Saclay Graduate School of Economics and Management 2019 Economics Guyancourt, Sceaux
Institute of Light Sciences 2019 Science Paris-Saclay
Paris-Saclay Graduate School of Life Sciences and Health 2019 Life Sciences and Health Paris-Saclay, Le Kremlin-Bicêtre
Paris-Saclay Graduate School of Mathematics 2019 Mathematics Paris-Saclay
Paris-Saclay Graduate School of Sociology and Political science 2019 Politics and sociology Guyancourt, Sceaux
Paris-Saclay Graduate School of Engineering and Systems science 2019 Science and engineering Paris-Saclay
Paris-Saclay Graduate School of Computer Science 2019


Associated universities sesa

Name Foundation[17] Academic degree Field Students Campus
Versailles Saint-Quentin-en-Yvelines University 1987 and 1991 Undergraduate and postgraduate Science, social science and life science 19,000 Versailles, Montigny-le-Bretonneux, Guyancourt
University of Évry Val d'Essonne 1991 Science, social science and life science 10,500 Évry-Courcouronnes

Nwumakuo ahodoɔ a wɔne wɔn yɛ nhwehwɛmu sesa

saa nwumakuo a ɛdidi soɔ yi asi nhwehwɛmu beaeɛ wɔ Paris-Saclay suapɔn no mu. Nhwehwɛmu ahodoɔ ne nwuma ahodoɔ a saa nwumakuo yi mu biara bɛdi no wɔbɔ ho ban yie firi afoforɔ nkyɛn. Berɛ a wɔbɛma Paris-Saclay suapɔn no nhwehwɛ beaeɛ bi atom sɛ ɛni dwuma a mmara ma no kwan no, wɔhwehwɛ sɛ saa nhwehwɛmu beaeɛ yi bɛdi ne dwuma te sɛ Jet Propulsion Laboratory a ɛwɔ Caltech:

  • CEA (Atomic Energy and Alternative Energies Commission)
  • CNRS (French National Centre for Scientific Research)
  • Inria (French Institute for Research in Computer Science and Automation)
  • INSERM (French Institute of Health and Medical Research)
  • Institut des Hautes Études Scientifiques (Institute of Advanced Scientific Studies)
  • INRA (French National Institute for Agricultural Sciences)
  • ONERA (National Board of Study and Aerospace Research)
  • SOLEIL (national synchrotron facility)
  • Pascal Institute - University of Paris-Saclay[18]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Paris-Sud University is part of Paris-Saclay's project – Université Paris-Sud".
  2. "France plans elite top-10 mega-university"
  3. Ranking of mathematics departments".
  4. "The IHÉS at Forty"
  5. "Paris-Saclay à la première place en maths du classement de Shanghai, «une conséquence de notre politique"".
  6. Laboratoire de l'Accélérateur Linéaire. Lal.in2p3.fr. Retrieved on 2014-06-16.
  7. Institut de Physique Nucléaire d'Orsay. ipnwww.in2p3.fr. Retrieved on 2019-11-03.
  8. "French national synchrotron facility"
  9. Institut d'Astrophysique Spatiale. ias.u-psud.fr. Retrieved 2019-11-03
  10. Laboratoire Aimé Cotton – UPR 3321. Lac.u-psud.fr. Retrieved on 2014-06-16.
  11. http://www.lps.u-psud.fr/?lang=en
  12. Laboratoire de Physique Théorique d'Orsay. Th.u-psud.fr. Retrieved on 2014-06-16.
  13. Centre de Nanosciences et de Nanotechnologies. c2n.universite-paris-saclay.fr. Retrieved 2019-11-03
  14. Foundation of the oldest constituent part of the school
  15. "Paris-Saclay Undergraduate University School".
  16. "Université Paris-Saclay : Ouverture en septembre du premier cycle universitaire".
  17. Foundation of the oldest constituent part of the school
  18. "Pascal Institute".