Me din de Jemima Antwi. Me yɛ Ghananii a me firi Asanteman mu. Kumasi ne kuro a mete mu. Me kɔɔ me ntoasoɔ sukuu wɔ Kumasi Wesley Girls' Senior High sukuu nna me toaa so kɔɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Me nyaa abodini krataa wɔ Sociology ne Akan kasa mu. Me yɛ obi a m'anim te, me bu adeɛ, me pɛ nnipa, na me sane nso pɛ agorɔ, na nso menfa m'adwuma nni agorɔ. M'anigye Wikimedia nnwuma no ho, ne titire ne Twi wikipedia ɛno nti na m'atu me ho asi hɔ sɛ mɛ yɛ ɔkandifoɔ ama saa ɛkuo yi, ɛfiri sɛ, Akan kasa no yɛ kasa a nnipa dodoɔ no ara na ɛka no wɔ yɛ man yi mu, ne san nti ɛberɛ aso sɛ yɛ ma wiase nyinaa hunu na wɔn te saa kasa yi. Afei nso, yɛn mpɛsɛ yɛ kasa no bɛyera na nkyiri mma ahwere, ne san nti na m'afa ato me ho so sɛ, yɛ de yɛ kasa yi bɛba Twi wikipedia so na ama nkyiri mma abɛ to so.