Yareɛ mu nhwehw3 mu

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

ɛwɔ nnipa apomuden mu adesua mu no, yareɛ nhwehw3 mu y3 kwan a wofa so de hunu nnipa mu yareɛ ne kwan a ɛfa so da ne ho adi. Apomuden mu adwuma y3 foɔ bisa nea oyare no nsɛm bi ɛfa ne nnipadua ne n’asetena mu. Wo san nso hwehw3 ne nnipadua mu de boa boa suahunu a ɛboa won ama wɔn ahu yareɛ no suban ne ne tebea. Mpen bi nso no, wo de nnipa amu de sua yareɛ bi suban. Yareɛ mu npensenpensen mu ny3 adwuma kumaa koraa. ɛsane sɛ kwan a nne3ma bi da ne ho adi wo nnipadua no mu no tumi kyerɛ yareɛ bebree. Yɛnfa no sɛ, honam no baabi ayɛ kɔkɔɔ. Saa tebea yi tumi kyer3 yareɛ bebree a ɛwɔ nnipadua no mu. kwan a y3fa so de hwehwɛ yareɛ no mu nneɛma a ɛda nso wo kwan ahorow a yɛfa so hwehwɛ yareɛ mu no bi ne:

  • Yɛ boa nsɛm a ɛfa yarefoɔ no ho ano afiri nnipa a wɔbɛn no ho. Nsɛm no bi ne, n’apomuden mu nsɛm, ne ne nnipadua mu nhwehwɛ mu. Saa nhwehwɛ mu yi yɛ boa ma wo hunu yareɛ potee a ɛwɔ nnipadua no mu. Nhwehwɛ mu yi nso ma wotumi kyerɛ yareɛ bi a ɛbetumi ada ne ho adi wo nipadua no mu daakye bi.[1]
  • Yareɛ mu animdefoɔ nso tumi ma yɛn mmuano ne nhunumu fa yareɛ tebea bi ho.[2]

Akwan ahorow pii wo hɔ a wotumi fa so de y3 npensenpensen mu fa yareɛ bi ho. Wotumi de abɛɛfo nfidie hwehwɛ yareɛ mu mpo.[3]

Covid 19 nhwehwɛmu sesa

Wotumi de nhwehwɛ mu kwan a  broni frɛ no reverse transcription polymerase chain reaction (rRT-PCR) anaa CT imaging de hwɛ sɛ mmoawa a wɔde Covid nframa mu yareɛ no ba no wo onipa bi mu.[4] Nsohwɛ bi a won ay3 fa PCR ne CT no wɔ Wuhan kyerɛ sɛ, CT no ano yɛ den sen PCR nanso ɛtumi hu yareɛ ahorow ka covid 19 no ho.[5] Ne saa nti no, sukuu pɔn bi a ɛwɔ America tu fo sɛ, ma won nfa CT no nhwehwɛ covid 19 mmoawa no.[6]

Mmoawa nhwehwɛ mu. sesa

WHO a ɛyɛ wiase nyinaa dwuma die kɛseɛ a ɛhwɛ nnipa apomuden nsɛm mu de nkrataa bebree aba ɛfa kwan a wo kanfo ma amansan sɛ wonfa so nhwehwɛ covid mmoawa no mu.[7][8][9] Nea edi kan no baa Opɛpɔn da ɛtɔ so du-nson. Wode PCR[10][11] afidie no yɛ nhwehwɛ mu no. Wo tumi twe mogya anaa nneɛma a ɛfi ahwerawa mu. Nhwehwɛ mu yi ho nsunsuasoɔ da ne ho adi wɔ dɔnhwere baako akyi.[12] Wode drɔben bi fa onipa mmene mu de twe amaman kakra[13]. Bɛyɛ Oforisuo da ɛtɔ so nsia, afe 2020 mu no, na nhwehwɛ mu bea ne nnwuma bebree reyɛ nfidie nketewa bi a wobetumi de ahwehwɛ nipadua ne mu ahuoden mmoa a woko tia yareɛ ahorow.[14] Nanso won mu biara nyaa krataa a ɛbetumi ama wɔn de asɔ nnipa bebree ahwɛ. Wɔ America man mu no, dwuma kuo bia wofrɛ no Cellex anya tumi krataa a wobetumi de ay3 nhwehwɛ mu wɔ mpofrimu.[15]

References sesa

  1. Thompson, C. & Dowding, C. (2009) Essential Decision Making and Clinical Judgement for Nurses.
  2. "Making a diagnosis", John P. Langlois, Chapter 10 in Fundamentals of clinical practice (2002). Mark B. Mengel, Warren Lee Holleman, Scott A. Fields. 2nd edition. p. 198. ISBN 0-306-46692-9
  3. "Making a diagnosis", John P. Langlois, Chapter 10 in Fundamentals of clinical practice (2002). Mark B. Mengel, Warren Lee Holleman, Scott A. Fields. 2nd edition. p. 204. ISBN 0-306-46692-9
  4. "CT provides best diagnosis for COVID-19". ScienceDaily. Retrieved 14 March2020.
  5. Ai T, Yang Z, Hou H, Zhan C, Chen C, Lv W, et al. (February 2020). "Correlation of Chest CT and RT-PCR Testing in Coronavirus Disease 2019 (COVID-19) in China: A Report of 1014 Cases". Radiology: 200642. doi:10.1148/radiol.2020200642. PMID 32101510.
  6. "ACR Recommendations for the use of Chest Radiography and Computed Tomography (CT) for Suspected COVID-19 Infection". American College of Radiology. 22 March 2020.
  7. Laboratory testing of 2019 novel coronavirus (2019-nCoV) in suspected human cases: interim guidance, 17 January 2020 (PDF) (Report). World Health Organization. 17 January 2020. hdl:10665/330676. ISBN 9789240000971.
  8. "Coronavirus disease (COVID-19) technical guidance: Laboratory testing for 2019-nCoV in humans". World Health Organization. Archived from the original on 15 March 2020. Retrieved 14 March 2020.
  9. "Coronavirus Disease 2019 (COVID-19) Situation Summary". US Centers for Disease Control and Prevention. 30 January 2020. Archived from the original on 26 January 2020. Retrieved 30 January 2020.
  10. "Real-Time RT-PCR Panel for Detection 2019-Novel Coronavirus". U.S. Centers for Disease Control and Prevention (CDC). 29 January 2020. Archived from the original on 30 January 2020. Retrieved 1 February 2020.
  11. Brueck H (30 January 2020). "There's only one way to know if you have the coronavirus, and it involves machines full of spit and mucus". Business Insider. Archived from the original on 1 February 2020. Retrieved 1 February 2020.
  12. "Coronavirus Disease 2019 (COVID-19)". Centers for Disease Control and Prevention. 11 February 2020. Retrieved 5 April 2020.
  13. Vogel G (19 March 2020). "New blood tests for antibodies could show true scale of coronavirus pandemic". Science | AAAS. Retrieved 6 April 2020.
  14. "Coronavirus antibody tests: How they work and when we'll have them". BBC Science Focus Magazine. Retrieved 6 April 2020.
  15. Azad A. "FDA authorizes first coronavirus antibody test". CNN. Retrieved 6 April2020.