Year of Return, Ghana 2019

Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Year of Return, Ghana 2019 yɛ Ghana aban ne Adinkra kuo a ɛwɔ Amerika na akabom yɛeɛ, a ne botae ne sɛ ɛbɛhyɛ abibifoɔ a ɛwɔ amanɔne nkuran ama wɔasan aba wɔn nkyi Africa (Ghana titiriw) abɛtena na wɔabɛbuebue nnwuma nso. Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo na ɔkɔdaa nadi 2018 wɔ Washington, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amanɔne Abibifoɔ ne Afrikafoɔ bɛnya nkabomu. Afe 2019 nkaeɛ afe ma mfe ahanan a wɔde Afrika nkoa dii kan kɔɔ America asaase so wɔ Jamestown ne Virginia. Dwumadie yi nso kyerɛ yɛn ani a ɛsɔ amanɔne abibifoɔ mɔdemmɔ ne wɔn kankɔ wɔ saa berɛ yi mu. Ghana Tourism Authority ne Ministry of Tourism, Arts and Culture nso ahyehyɛ dwumadie ahodoɔ de rehyɛ "Abibifoɔ a yɛnnhinhim suban" no kutupa. Afrika Amerikafoɔ bebree nso dii nkɔmɔ faa wɔn Ghana nsra ne wɔn suahunu saa berɛ yi.

Botaeɛ sesa

  • Sɛdeɛ yɛbɛma Ghana ayɛ anika ama Afrika Amerikafoɔ ne amanɔne Afrikafoɔ aba nsrahwɛ.
  • Sɛdeɛ yɛbwhehwɛ asiesie deɛ yɛahwere wɔ mfeɛ 400 a atwamu yi.
  • Sɛdeɛ nnwumayɔ bɛkɔ so na yɛahyɛ ayɔnkofa a ɛda Afrika Amerikafoɔ ne Amanɔne Afrikafoɔ ntɛm.

Nsrafoɔ sesa

Jackson Lee kaa saa dwumadie yi bɔɔ African American History Commission Act a wchyehyɛɛ no Congress afe 2017 mu no ho. Amerika siniyini Michael Jai White bɛsraa Ghana afe 2018 awieɛ hɔnom. Amanɔne Afrkafoɔ a wɔfiri aman aduanan ne akyire mu ka wɔn a wɔba bɛdii "Full Circle Festival" no bi. Ebinom nso ne

  • Idris Elba
  • Boris Kodjoe
  • Naomi Campbell
  • Anthony Anderson
  • Kofi Kingston
  • Adrienne-Joi Johnson
  • Steve Harvey
  • Cardi B
  • T.I.
  • Ludacris
  • Rick Ross
  • Akon
  • Rosario Dawson
  • Diggy Simmons
  • Jidenna
  • Michael Jai White
  • Nicole Ari Parker
  • Conan O'Brien
  • Koffee (singer)
  • Sam Richardson

Akwamuhene Odeneho Kwafo Akoto III, Akwamumanhene sii Jai White ɔhene berɛ a ɔbaaɛ no, maa no din Nana Oduapɔn. Ɔhene White akondwadin no aseɛ ne sɛ "Dua a ne nhini mu yɛ den nti ɛnsuro mframa".

Sikasɛm sesa

Yɛrehwɛ anim sɛ ebeduru afe yi awieɛ no na nsrahwɛfoɔ, atitire, amanaman mu amanyɔfoɔ ne akandifoɔ bɛyɛ ɔpepem 1.5 aba ɔman yi mu ama yɛanya sika bɛyɛ ɔpepepem $1.9 afiri "Year of Return" dwumadie no mu. Nsrahwɛ fa no nso kɔɔ anim paa kɔsii 18% wɔ Amerikafoɔ, Britainfoɔ, Carribeanfoɔ ne amantitire bi a wɔbaaɛ. Ɛna yɛnyaa ntomu 45% wɔ nsrahwɛfoɔ a wɔfaa wiemhyɛn gyinabea hɔ afe afe no mu.

Yɛabu no sɛ ankorɛnkorɛ nsrahwɛfoɔ sikayie nso kɔɔ anim ara firii $1,862 wɔ 2017 mu kɔɔ seisei $2,589, a ɛbɛma ɔman sikasɛm wɔ nsrahwɛmu no abɛyɛ ɔpepepem $1.9.

Nhyehyɛeɛ sesa

Nkekaho sesa