Yeturow ( Iretiru ) yɛ Nubia hemmaa a ɔwɔ Misrifo abodin sɛ ɔhene yere, ɔhene yere a ɔyɛ Misraimfo, ɔhene babea ne ɔhene nuabea . Ɛda adi kɛse sɛ na ne papa yɛ ɔhene Taharqa . Na n’ahemfie kunu ne ne nuabarima Atlanersa .[1]

Wonim Yeturow fi bere a wosiee no wɔ Nuri (Nu 53). Wohuu n’adamoa sɛ asɛe kɛse. Bere bi na ebia na pyramid bi wɔ hɔ a asɔredan wom nanso wɔanhu saa nneɛma no nkae biara. Wɔkora ɔdamoa no afa horow a ɛwɔ asase ase no so yiye. Antweri bi wɔ hɔ a ɛsiane kɔ amusiei dan a wohuu sɛ wɔafow nneɛma no. Wohuu mfonini ahorow wɔ ɔfasu no so, a ɛkyerɛ Yeturow wɔ Underwolrd nyame Osiris anim, Wohuu ne koma scarab wɔ baabi a ɛbɛn ɔboda foforo (Nu. 74). Bio nso, na anyɛ yiye koraa no shabti 389 asinasin da so ara wɔ hɔ, na na ne nyinaa nni nkyerɛwee biara. Wohuu asonse asinasin a wɔasiesie nso wɔ amusiei dan no mu, a ɛda adi kɛse sɛ bere bi na wɔde nneɛma afoforo ahyɛ mu [2] Ebia wɔde Yeturow ne adehye mmea afoforo nso kyerɛe wɔ adum bi so wɔ Jebel Barkal . Mprempren wɔasɛe adum no nanso wohu mfonini ahorow no fi mfonini dedaw ahorow mu.[3] Afeha a ɛto so 19 mu mfonini ahorow no mu nna hɔ koraa, enti ɛda so ara yɛ nea wontumi nsi pi sɛ ebia wɔakyerɛ Yeturow wɔ hɔ anaa.[4]

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa

  1. Dows Dunham and M. F. Laming Macadamː Names and Relationships of the Royal Family of Napata, in The Journal of Egyptian Archaeology˞, Vol. 35 (Dec., 1949), pp. 148, pl. XVI (no. 79)
  2. Dows Dunhamː The Royal cemeteries of Kush, vol. II, Nuri, Boston 1955, pp. 35-30 (Nu 53) online
  3. F. Ll. Griffith: Scenes from a Destroyed Temple at Napata, in The Journal of Egyptian Archaeology, 15, No. 1/2 (May, 1929), pp. 26-28
  4. Angelika Lohwasser: Die königlichen Frauen im antiken Reich von Kusch. 25. Dynastie bis zur Zeit des Nastasen. Harrassowitz, Berlin 2001, ISBN 3-447-04407-1