Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Zaragoza(About this soundpronounciation of "Zaragoza" ) yε kuro a ɛwɔ Spain man mu.

Zaragoza

Zaragoza[1], a borɔfo kasa mu no wɔka no sɛ Saragossa,[2][3] ɛyɛ kuro a ɛso yie pa ara wɔ Zaragoza Province no mu na ɛsane nso yɛ kuro a ɛde ne ho wɔ Aragon, a ɛwɔ Spain. Kuro yi da asubɔten ɛne ne tributaries nkyɛn, wɔ Huerva ne Gállego, a wobɛtumi aka sɛ ɛda Aragon ne Ebro mfimfin. Wɔ ɔpɛpɔn bosome no da a ɛdi kan wɔ afe mpem mmienu ne du nkron mu no (2019), na nnipa dodoɔ wɔwɔ kuro Zaragoza no mu no yɛ 706,904,[4] (ɛno ne kuro a ɛtɔ so num a ɛso yie pa ara wɔ ɔman Spain mu) a ɛwɔ asaatam bɛyɛ 973.78|km² so.

Abɔseɛ sesa

Kane Iberian kuro a ɛdii kan bae ansa na Roman foɔ rebɛdi kuro no so no na wɔfrɛ no Salduie[5] anaa Salduba.[6] Roman foɔ ne Greek foɔ nso frɛɛ saa tete kuro yi sɛ Caesaraugusta (wɔ Greek mu no ɛyɛ Καισαραυγοῦστα),[7][8] ɛno mu na yɛnyaa Arabic din Saraqusṭa ( a na wɔka no wɔ Al-Andalus berɛ mu), ɛno ne medieval Çaragoça, ɛne mprɛmprɛn Zaragoza.

Abakwasɛm sesa

Roman Caesaraugusta sesa

 
Roman theatre
 
Roman Caesaraugusta 1.- Decumano; 2.- Cardo ; 3.- Forum ; 4.- Port; 5.- Thermal baths; 6.- Theatre; 7.- Walls

Sedetani foɔ, ɛyɛ abusuakuo a wɔwɔ ancient Iberians, a na wɔtete kuro bi a yɛfrɛ no Salduie ( wɔka no sɛ Salduba Roman kasa mu). ɛkyire yi no, Augustus bɛtɛɛ kuro bi a yɛfrɛ no sɛ Caesaraugusta.[9] wɔ saa beaeɛ korɔ no ara sɛ ɔde rema asraafoɔ a wɔfiri Cantabrian ako abɛduru. ɛda korɔ pɔtee a wɔtee kuro a yɛfrɛ no sɛ Caesaraugusta no deɛ obiara nnim, ɛwom sɛ yɛsusu sɛ ɛhyɛ 25 BC ne 11 BC ntam.


Ɔsom ahodoɔ sesa

Nhwewɛmu a Centro de Investigaciones Sociológicas (CIS) foɔ yɛeɛ wɔ afe mpem mmienu ne du nkron (2019 ) mu no kyerɛ sɛ wofa nnipa ahaasa (300) biara a, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu aduonum baako ne akyire pɔ hwee (51.0%) kyerɛɛ wɔ nhwehwɛmu no mu sɛ wɔyɛ non-practising Catholic, ɛmu ɔha nkyekyɛmu aduonu nan ne akyire pɔ hwee (24.0%) nso kyerɛ sɛ wɔyɛ practising Catholic, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu nsia ne akyire pɔ nson (6.7%) nso deɛ wɔn nni gyidie yi mu biara, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu num (5.0%) nso kyerɛ sɛ wɔyɛ agnostic, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu nan ne akyire pɔ mmiensa (4.3%) nso yɛ atheist ɛna ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu mmienu ne akyire pɔ mmiensa ( 2.3%) nso som da nso, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu nsia ne akyire pɔ nson (6.7%) nso deɛ na wɔnni mmuaeɛ biara.[10]


Tukɔtenafoɔ sesa

Wɔ afe mpem mmienu ne du nson mu no (2017) na amanfrafoɔ a watutu afiri wɔn aman so bɛyɛ 64,003 na na wɔwɔ Zaragoza,[11] a na ɛgyina hɔ ma kuro mu nnipa dodoɔ no mu ɔha nkyekyɛmu nkron ne akyire pɔ nsia (9.6%). Firi afe mpem mmienu ne du mu (2010) kɔsi afe mpem mmienu ne du nson mu no (2017), atukɔtena foɔ a wɔtutu ba kuro no mu no so te baa fam, ɛte firii nnipa 87,735 ɛbaa 64,003 , a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduonu nson (27%) na ɛteeɛ. Romanian foɔ nko ara wɔ mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonkron ne akyire pɔ nwɔtwe (29.8%) na na watu akɔtena Zaragoza, anaa wɔyɛ kuro no nyinaa nnipa dodoɔ no mu ɔha nkyekyɛmu mmienu ne akyire pɔ nkron (2.9%) woyi wɔn firi hɔ a Moroccan foɔ nso na wɔtɔ so a wɔyɛ ɔha nkyekyɛmu nkron ne akyire pɔ baako (9.1%) ɛna Chinese foɔ nso yɛ ɔha mu nkyekyɛmu nson (7%).


Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Aragonese and Spanish pronunciation: [θaɾaˈɣoθa]; generally approximated in English by /ˌzærəˈɡoʊzə, ˌsærəˈɡoʊsə, ˌθærəˈɡoʊθə/.
  2. English pronunciation: /ˌsærəˈɡɒsə/.
  3. Encyclopædia Britannica "Zaragoza (conventional Saragossa)" Archived 2012-03-07 at the Wayback Machine
  4. Gomar, Carlota (9 January 2019). "Zaragoza vuelve a crecer y supera la barrera de los 700.000 habitantes".
  5. Alex Mullen; Patrick James (6 September 2012). Multilingualism in the Graeco-Roman Worlds. Cambridge University Press. p. 104. ISBN 978-1-139-56062-7.
  6. William Smith (1854). A Dictionary of Greek and Roman Geography. Walton and Maberly London. ISBN 978-1-845-11001-7.
  7. Strabo, Geography, 3.2.15
  8. Charlton T. Lewis, Charles Short, A Latin Dictionary, Caesăraugusta
  9. "Places: 246344 (Col. Caesaraugusta)". Pleiades. Archived
  10. "Postelectoral Elecciones Autonómicas y Municipales 2019. Zaragoza (Municipio de); Results on page 47"
  11. "Población por sexo, municipios y nacionalidad (principales nacionalidades) - Zaragoza".