Ɛdwoada

da a ɛwɔ nawɔtwe

Ɛdwoada(About this soundpronounciation of "Ɛdwoada" ) yɛ da a ɛwɔ nawɔtwe no mu a ɛhyɛ Kwasiada ɛne Ɛbenada ntɛm. Afei nso ɛyɛ ɛda a edi kan wɔ nawɔtwe no mu a adwumayɛfoɔ de hyɛ adwuma ase.[1]Ɛsan nso yɛ ɛda ɛtɔ so mmienu wɔ nawɔtwe no mu.[2] Yɛnyaa ɛdwoada de firii tete Borɔfo Mesa a yɛfrɛ no Monandæg mu, ɛne Borɔfo kasa monenday mu, a n'asekyerɛ ankasa firi Latin kasa dies lunae mu a ɛkyerɛ bosome da. Ɛdwoada yɛ ɛda a ɛdi kwasiada akyi, na ɛhyɛ Ɛbenada anim.[3]

Galileo's 1616 drawings of the Moon and its phases. Monday is named after the Moon in many languages.

Abakɔsɛm sesa

Akanfoɔ amammerɛ mu no, wɔhwɛ ewiem nsakrayɛ sɛdeɛ ɛteɛ na wɔde ato ɛda bi din. Ɛdwoada din no ɛyɛ edin a yɛnya firi ɔsrane din mu, sɛdeɛ ɔsrane merɛ dwo no nti na yɛfrɛ ɛda no Ɛdwoada; ɛda a ɛdwo.[4] Akan man mu no, wɔn a wɔwoo wɔn saa da yi no, mmɛrima no de Kwadwo, ɛna mmaa no de Adwoa.[5]

Edin ahodoɔ sesa

Edin a yɛde ma nna a ɛwɔ nnawɔtwe mu no wɔnya firii Roman pɛn so, wɔ Greek ne Latin, ɛna wɔnyaa ɛdwoada sɛ ἡμέρᾱ Σελήνης,diēs Lūnae"bosome da".[6] Kasa ahodoɔ pii de nsɛm bi di dwuma a ebi tumi firi edin yi mu ba, ɛna ebi nso wɔbɔ ne nkyerɛaseɛ no bosea.Wɔ Engressi edin mu no wɔnyaa Ɛdwoada firii monedæi ansa wɔrewura afe mpem ne ahanu mu, a ɛno ankasa pue firii old English(bɛyɛ mfeɛ mpem baako mu) mōnandæg ne mōndæg(kyerɛ sɛ"bosome da"),ɛno na awura German kasa beberee, a including Old Frisian mōnadeig, Middle Low German and Middle Dutch mānendag, mānendach (modern Dutch Maandag), Old High German mānetag (modern German Montag), and Old Norse mánadagr (Swedish and Norwegian nynorsk måndag, Icelandic mánudagur. Danish and Norwegian bokmål mandag) ka ho. Edin a yɛde ma wɔ German no yɛ German nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Latin lunae dies("bosome no da").[7] Japanese ne Koreafoɔɔ kyɛ tete Chinese kasa '月曜日' (Hiragana:げつようび, translit. getsuyо̄bi, Hangul:월요일) na ɛdwoada a ɛkyerɛ sɛ "bosome da". Wɔ Indo-Aryan kasa beberee mu no, ɛdwoada yɛ Somavāra or Chandravāra, sɛdeɛ Sanskrit frɛ "ɛdwoada".[8]

Wɔ nsɛm foforo bi mu no, wɔde "ecclessiatical" din di dwuma,wɔnam amanneɛ kwan so toto nna a ɛwɔ nnawɔtwe no mu din sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛsi abosom no kwan mma wɔn planet din nnto so na wɔbɛkora edin a ɛwɔ twerɛsɛm no mu, a ɛdwoada ne "ɛda a ɛtɔ so mmienu" (Hebrew יום שני, Greek Δευτέρα ἡμέρα (Deutéra hēméra), Latin feria secunda, Arabic الأثنين ).

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ ɛda ɛdwoada sesa

Akan Kasa Ɛda Mmɛrima din mmaa din
Asante Twi Ɛdwoada Kwadwo Adwoa
Fante Dwoda Kojo / JoJo Adwoa
Akuapem Twi Dwoada Kwadwo Adwoa

Beaeɛ menyaa mmoa firii mu sesa

  1. https://www.etymonline.com/word/monday
  2. https://www.dictionary.com/e/monday/
  3. https://www.collinsdictionary.com/amp/english/monday
  4. https://www.dictionary.com/e/monday/
  5. https://www.youtube.com/watch?v=n55TNdgvWuI
  6. "monday". Online Etymology Dictionary
  7. Barnhart (1995:485).
  8. Turner (1962). "sōmavāra 13610". A comparative dictionary of the Indo-Aryan languages. London: Oxford University Press. Digital Dictionaries of South Asia, University of Chicago. p. 784. Archived from the original on 15 December 2012. Retrieved 21 February 2010. sōmavāra 13610 sōmavāra masculine 'Monday' inscription [sṓma the plant, vāra 2 meaning day]