1960 Manpanyin abatoɔ

Manpanyin Abatoo kɔɔ so nea edikan wɔ Ghana wɔ April da a edikan, afe 1960 mu. Abatoɔ no kɔɔ so bre a na abatoɔ foforo a ɛfa manpanyin Nhyehyɛe no nso rekɔ so no. Nea obedi nkunim no bɛyɛ manpanyin sɛ wɔgye adehyeman ɔmanmmara a na wɔpe se wɔde di dwuma no tom (na wɔgyee tom)

1960 Manpanyin abatoɔ

27 April 1960 1979 →
 
<<Nominee>> Kwame Nkrumah J. B. Danquah
<<Party>> CPP United Party
<<Popular vote>> 1,016,076 124,623
<<Percentage>> 89.1% 10.9%

Elected Ɔmanpanyin

Kwame Nkrumah
CPP

Dibeaprefo sesa

Na dibeaperefo mienu na wɔkɔɔ abatoɔ no mu a wɔn ne

  •  Dr. Kwame Nkrumah a na oye oman kandifo ne amanyokuo Conventions People’s Party.
  • J.B. Danqua a odi amanyokuo United Party no anim, oye kuo a ene ‘’Big Six’’ no mu baako

Nea efiri mu bae sesa

ɔperetiafo Amanyɔkuo mma %
Kwame Nkrumah Convention People's Party 1,016,076 89.07
J. B. Danquah United Party 124,623 10.93
Dodoo 1,140,699 100
Nnipa dodoɔ a wɔ too aba no 2,098,651
Nkekaho: African Elections database

Nea esii akyire sesa

Bre Nkrumah dii Nkunim wo abatoɔ no mu na wɔgyee ɔmanmmara foforo no too mu akyi no, wɔ paa Nkrumah ntoma wɔ July a edikan wɔ afe 1960 mu ma no behyɛɛ William Hare a na ɔyɛ ɔman kandifo anan mu. Wɔde Danquah too afie wɔ mmara a ɛne Preventive Detention Act, nanso odii afe baako wɔ hɔ. Bre woyii no akyi no, wɔpaw no sɛ kandifo maa Ghana mmaranim kuo a ɛne Ghana Bar Association. Wɔ san de no too afiase biom wo afe 1964 maa no wɔ afiase.

Wɔ mfie nnan akyi no, abatoɔ foforo a ɛfa nnyetom a ɛbama Nkurumah tumi ayɛ den na w’asan de ɔman akɔ amnyɔkuo baako bre no mu kɔɔ soo (nie efi mu bae ne sɛ nnipa no ɔha mu nkyekyɛmu 99.91% na ɛtoo aba no gyee too mu.)