Abraham Kweku Fokuo

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Abraham Kwaku Fokuo yɛ Ghana na ɔka mmrahyɛbedwafoɔ a ɛdii kan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan ne ho na ɔgyinaa hɔ maa Assin atifi fam mpɛsoa no wɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress (NDC) no ase.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne Nhomasua sesa

Yɛwoo Fokuo wɔ Ɔsanaa bosome ne da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe apem ahankron ne aduonan nwɔtwe mu. Ɔkɔɔ suapɔn ne asuae kunini wɔ Ɔguaa sukuupɔn ne Howard University sukuupɔn a edidi soɔ yi a ɔde nyaa ne nhomasua ho adansedie nkrataa. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni ansa ɔrekɔ mmrahyɛbedwafie.[1]

Amanyɔsɛm sesa

Ɔhyɛɛ ne amanyɔsɛm ase wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu bere, a ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbedwam nanmusini de maa kyiniiɛ amanyɔkuo( NDC ) a ɔgyina hɔ ma ne mpɛsoa wɔ Ghana mfinimfin mantɔɔ mu ansa yɛrehyɛ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992 Ghanaian parliamentary elections) Ghana Mmrahyɛbedwa abatoɔ no ase.

Yɛyii no kyerɛɛ wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan ne mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa bere yɛbɔɔ ne din sɛ w'adi nkonim wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu wɔ Ghana nyinaa abatoɔ a yɛtoo no Ɔpɛnimaa bosome ne da ɛtɔ so aduonkron wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu ne mu.

Ɔdii ne mfeɛ nan wɔ mmrahyɛbedwafie wie no, Abraham no ara amanyɔkuo mu nipa Florence Kumi na ɔbɛtuu no. Ɔdii Kwabena Karikari - Apau a ɔyɛ Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) mu nipa so nkonim a ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa ahanu ne aduonan mmienu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu nsia ne akyiripɔ aduoson wɔ mma dodoɔ no nyinaa mu, Francis Kweku Edzii a ɔyɛ kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) no mu nipa a ɔnyaa mma ɔhanwɔtwe ne aduoson nan a ɛgyina ho ma ɔha nkyekyɛmu baako ne akyiripɔ aduowɔtwe wɔ mma dodoɔ no nyinaa mu, ne Joseph Yeboah nso a ɔwɔ akokɔ kɔkɔɔ amanyɔkuo ( CPP ) no ɛnnya mma biara. Florence nyaa mma mpem aduonan ne aduowɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonan nwɔtwe ne akyiripɔ aduosia wɔ mma dodoɔ no nyinaa mu. Ɛnam wie so maa yɛde yii no wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson abatoɔ no mu.[2]

Beaɛ a menyaa mmoa firi yɛ sesa

  1. 1.0 1.1 Ghana Parliamentary Register 1992-1996. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 195
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/central/69/index.php