Adam Baako Nortey Yeboah

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yɛ woo Adam Baako Nortey Yeboah About this soundpronounciation of "Adam Baako Nortey Yeboah" Kɔtɔnimaa da a ɛtɔ so dubaako wɔ afe apem ahankron ne aduonum (11 May 1950) a ɔyɛ Ghana ne hwɛsofoɔ. Ɔyɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwam a edikan wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nan ma Ablekuma Atifi mpɛsoa so a ɛwɔ Nkran mantam wɔ Ghana.[1][1]

The Honourable
Adam Baako Nortey Yeboah
Member of Parliament for the Ablekuma North constituency
Bere
7 January 1993 – 7 January 1997
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
AnanmusiniKwamena Bartels
Ne ho asɛm
Awo bere11 May 1950
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔInternational Correspondence Schools
N'adwumaPolitician
N'adwumaManager

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Adesua. sesa

Yɛ woo Yeboah wɔ kotonimaa da a ɛtɔ so dubaako wɔ afe apem ahankron ne aduonum. Ɔkɔɔ ''International Correspondence Schools'' babia onyaa abɔdin krataa sɛ hyɛsofoɔ.[2][3]

Ne Nnwuma sesa

Na ɔyɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwam a edikan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ no. Na ɔyɛ hwɛsofoɔ.[4]

Amanyɔsɛm sesa

Yɛtoo aba yii Yeboah sɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwam a edikan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) abatoɔ no mu. Yɛde no sii akɔnwa so wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron ne aduokron mmiensa (7 January,1993) a na ɔyɛ anamɔnsini de Kyiniiɛ Amanyɔkuo (National Democratic Congress). Afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) abatoɔ no, Kwamena Bartels dii nkonim ma Ɔsono Ananyɔkuo ( New Patriotic Party) sɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwam a ɛtɔ so mmienu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan a onyaa mma dodoɔ mpem aduasa num, ɔhanson ne aduonan nson (35, 747) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛm mu aduanan nson akyiripɔn aduonu (47,20%) bere a abatoɔ no kɔɔ ne ewiei a odii ne tamfo no so nkonim: Denanyoh Ben Mensah a ɔwɔ Kyiniiɛ Amanyɔkuo (National Democratic Congress) a onyaa mma mpem aduonu, ɔhanu ne dunan (20,214) wɔ abatoɔ no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛm mu aduonu nsia akyiripɔn aduoson (26.70%) ɛwɔ ne kyɛfa mu ɛna Natheniel Addo a ɔwɔ ( NCP) nyaa mma mpem mmienu, ɔhanum ne aduonum nkron (2,559) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛm mu mmiensa akyiripɔn aduonan (3.40%) ɛwɔ ne kyɛfa mu.Ɔsan dii Ablekumah Atifi mpɛsoa so akonnwa no sɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbadwam wɔ afe apem aduonu (2000) abatoɔ a yɛto de yi amanpaninfoɔ ne ne abɛdiakyirifoɔ no.[5][6]

N'abrabɔ sesa

Ɔyɛ Nkramoni.[7]

Beaɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 [2] Ghana Parliamentary Register 1992-1996.
  2. Close [3] "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2021-02-01.
  3. Close [4] "MPs".
  4. Close [2] Ghana Parliamentary Register 1992-1996.
  5. Close [5] FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Ablekuma North Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-01.
  6. Close [6] Ghana (1992). Parliamentary Election, Ghana, 29.12.92: Elected Parliamentarians. Government Printer, South Africa.
  7. Close [2] Ghana Parliamentary Register 1992-1996