Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abibirem Da (kanee Abibirem Fahodie Da ɛne Abibifahodie Daɔ ɛyɛ afe adeɛ a yɛyɛ de kae Abibiremkuo Nkabom Ahyaseɛ (a ɛnei yɛfrɛ no Abibirem Nkabomkuoɔ a ɔhyɛ aseɛ wɔ kotonimaa da a ɛtɔ so aduonu-num wɔ Afe Apem aha-nkron aduosia meɛnsa.. yɛ di no afe biara wɔ Aman Aman ahodoɔ a ɛwɔ Abibirem ne ewiase afanan nyinaa.[1][2]

Abakwasɛm sesa

Yɛ yɛɛ nhyiamudeɛ a ɛdikan aɛ3fa abibirem nkuro a ɔmo de ɔmo ho no wɔ nkran, Ghana wɔ oforosuo da a ɛtɔ so du-num Afe Apem Aha-nkron Aduo-num nwɔtwe. Ghana Manpanin a ɔdi kan Dr. Kwame Nkroma na ɔhyehyeɛ, ɛne anaamusifo) a wɔ mo firi Egypt (ɛne United Arab Republic fa baabiɔ, Ethiopia, Liberia, Libia, Morocco, Sudan, Tunisia, ɛne Union of the Peoples of Cameroon ɛna ɔman a dwumadie no si ne nanso Ghana. Wɔn anto wɔn nsa anfrɛ South Africafoɔ. Nhyiamudie no dan Abibifahodie mpumtuo nkabom ade3 wɔ Abibirem Aman de gyinaa hɔ maa nnwentaasoɔ ɔmo de bɛgye ɔmo ho afiri Aman a ɔmo abɛgye wɔn kuro abɔ so. Pan- African Congress nso ɛyɛɛ adwuma de boaa saa botaeɛ no efiri ɛda a ɔhyɛɛ aseɛ Afe Apem Aha-nkron, Wei ne nhyiamudeɛ a edikan a ɛkɔɔ so wɔ Abibirem asaase so.

Nhyiamudie no kɔtwe Abibirem fahodie da no baeɛ, da baako a,''... yɛde bedi Afe biara Abibifahodie nkɔsuo anamontuo, na yɛde ayɛ ahyɛnsodeɛ a ɛgyina hɔ ma nnwentaasoɔ a Abibifoɔ ayɛ de bɛgye wɔ ho afiri Aman a wabɛgye wɔn kuro abɔ so no.

Nhyiamu no bɛgye din maa ebɛ bue kwan maa Abibirem Aman mpaninfoɔ nhyiamu ahodoɔ ne ɔmo aban wɔ Casablanca Group ɛne Monrovia Group berɛ so, kɔsii sɛɛ ɔyɛɛ OAU ɛwɔ Afe Apem Aha-nkron Aduosia meɛnsa.

References sesa

  1. https://www.gov.za/AfricaDay2019
  2. https://www.africa.com/10-things-know-africa-day/