Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Agbadza(About this soundpronunciation of "Agbadza" ) yɛ Ayigbefoɔ nnwom ne asa a ɛhyɛɛ aseɛ firii berɛ a na wɔkɔ ako no, na ɛbɛyɛɛ asa a agye din a na wɔde gyigye wɔn ani.[1] Agbadza yɛ Ayigbefoɔ nnwom ne asa a n'ahyeaseɛ firii tete ɔko asa bi a wɔfrɛ no "Atrikpui" mu a na wɔtaa sa no berɛ a wɔredi Hogbetsotso afahyɛ no.Ayigbefoɔ yɛ nipakuo a wɔwɔ Firaw Mantam a ɛwɔ Ghana. Beninfoɔ ne Togofoɔ a wɔn ase firi Ayigbefoɔ mu nso sa Agbadza.[2] [3]Wɔakyekyɛ asa no mu nnum:

Agbadza Mu Ahodoɔ sesa

1 .Banyinyi: Eyi yɛ nnianim asa a wɔde yi mpaeɛ ma nananom ne abosom no.[4]

2.Vitsortsor: Eyi ne asa no ankasa.[5]

3.Adzo:Eyi yɛ asa a wɔnnsa no gidigidi na panyin a ɔwɔ wɔn mu na ɛbɔ twene no ka Gankogui ne Axatse no ho.[6]

4.Hatsatsa: Eyi yɛ tete nnwom a wɔde Gankogui ne Atoke de sa.[7]

5.Vutsortsor: Awiei koraa no, wɔsan de asa no ankasa hyehyɛ so. Eyi tumi di nnɔnhwerew dodoɔ pii.[8]

Ntwene sesa

Gankogui yɛ twene a wɔanwene no te sɛ adɔma na wɔde dua na ɛbɔ. Atoke nso yɛ twene a wɔde dadeɛ anwene no te sɛ kwadu na wɔde dadeɛ teaa na ɛbɔ.Wotumi de Atoke no si Gankogui ananmu esiane sɛ wɔde ne mmienu nyinaa di dwuma koro.[9]

Berɛ A Wɔsa Agbadza sesa

Wɔtaa sa Agbadza wɔ ayie ase, ayeforohyia ne aponotoɔ ahodoɔ ase. Afei nso wotumi bɔ Agbadza nnwom no wɔ ehyiadie a Ayigbefoɔ wɔ hɔ ase esiane sɛ nnipa dodoɔ no ara nim sɛ ɛyɛ wɔn asa.[10] Sɛ wɔbɔ nnwom no a, obiara tumi sa bi. Ɛtɔ da a, wotumi frɛ asa no "nkokɔ asa" esiane sɛnea wɔsa asa no nti.

Baabi a efiri sesa

Agbadza ase firi berɛ a akokoakoko firi aseɛ no. Ayigbefoɔ kɔɔ ako pii na wɔfaa nhyɛsoɔ bebree mu ansaana wɔrekɔtena Firaw Mantam ne Togo Anafo fam. Senea ɛbɛyɛ a wobesiesie asraafoɔ no ama ɔko no, wɔde nnwom ne asa ahorow hyɛɛ wɔn nkuran.Saa kwan yi so na wonyaa asa a wɔfrɛ no "Atrikpui". Saa asa yi na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Agbadza nanso afei deɛ na wɔmmfa nnkɔ ako na mmom wɔsa wɔ ahyiadi ahorow ase. Tete no, Ayigbefoɔ annwontofoɔ ne annwensɛm akyerɛwfo nam Agbadza(a na wɔfrɛ no Atrikpui) so too nnwom faa ako, owuo ne nkwa, akokoduro, ehu, akwantuo ne ɔsraani ho annwensɛm. Nea ɛmaa wɔn ani gyee ho sɛ wɔbɛsan de Agbadza aba no yɛ asomdwoe a wonyaeɛ wɔ afe 1920 mu hɔ baabi. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsan akɔfa wɔn nnwom dada no bi de agye wɔn ani. Ɛnnɛ, Agbadza ka Ayigbefoɔ asa a agye din paa na wɔtaa bɔ no ho.[11]

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ sesa

  1. Archive copy, archived from the original on 2021-12-24, retrieved 2021-12-24{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.awesometapes.com/agbadza/
  3. https://ghanagoods.co.uk/ewe-dances-agbadza-dance/
  4. https://ghanagoods.co.uk/ewe-dances-agbadza-dance/
  5. https://ghanagoods.co.uk/ewe-dances-agbadza-dance/
  6. https://ghanagoods.co.uk/ewe-dances-agbadza-dance/
  7. https://ghanagoods.co.uk/ewe-dances-agbadza-dance/
  8. https://ghanagoods.co.uk/ewe-dances-agbadza-dance/
  9. https://mtosmt.org/issues/mto.10.16.4/mto.10.16.4.locke.html
  10. http://sites.tufts.edu/davidlocke/files/2012/01/Agbadza-Critical-Edition-final-DL1.pdf
  11. Archive copy, archived from the original on 2021-12-24, retrieved 2021-12-24{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)