Alima Mahama

Ghana mmranimni
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Hajia Alima Mahama (wɔwoo no Obubuo da a ɛtɔ 7, afe 1957 wɔ Walewale, Atifi-Apuei manatam mu) yɛ mmaranimfo. Na ɔyɛ mmarahyɛbaguamuni a ogyina hɔ ma Nalerigu/Gambaga mpesua. Ɔyɛ amanyɔkuo New Patriotic Party muni.[1][2]

Hon.
Hajia Alima Mahama
Minister for Woman and Childrens Affairs (Ghana)
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Member of Parliament for Nalerigu/Gambaga
Bere
7 January 2017 – 6 January 2020
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Minister of Local Government and Rural Development
Mprenpren
Bere
28 January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoJulius Debrah
Ne ho asɛm
Awo bere17 November 1957 (1957-11-17) (age 66)
Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaMmaranimfo

Nhomasua sesa

Alima Mahama nyaa kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Wesly Girls Senior High School a ɛwɔ Cape Coast. Ɔtoaa so kɔɔ suapɔn a ɛne University of Ghana.[3] Ɛhɔ no onyaa abodin krataa wɔ mmaranim mu. Ɔsan nso kɔɔ suapɔn a wɔfrɛ no Institute of Social Studies a ɛwo Netherlands na ɛhɔ nso onyaa abodin krataa foforo kaa nea ɔwɔ dedaw no ho.

Amanyɔsɛm sesa

Alima Mahama gyinaa amanyɔkuw New Partioitic Party (NPP) din mu sii akan wɔ Ghana 2016 Mpesua abtaow mu. Wɔ saa abatow no mu no ɔde aba no mu ɔha mu nkyekyɛmu 53 dii nkonim wɔ Nalerigu/Gambaga mpesua so.[2]

Ɔsan somee sɛ Ghana aban soafo a ɔhwɛ mmea ne mmɔfra yiyiedi asoeɛ(Minister for Women and Children's Affairs) so fi Ɔpɛpɔn 2005 kosi Ɔpɛpɔn afe 2009. Saa bere no na ɔmanpanyin a na odi Ghana so yɛ John Kofi Agyekum Kufour. Ɔsan nso somee sɛ aban soafo a ɔhwɛ mpesua ne nkurase amanbuo(Minister for Local Government and Rural Development) so. Ghana manpayin Nana Akufo-Addo na ɔpaw no wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so 10, afe 2017. Ɔsan nso somee sɛ ɔsoafo abadiakyiri a ɔhwɛ aguadi so.[4]

Mahama somee sɛ Ghana aban ananmusini ma United States, Amerika. Ɔne Ghanani bea a odi kan a wɔapaw no sɛ Ghana aban ananmusini ma Amerika.[1][5] Wɔpaw no afe 2021 wɔ ɔmanpanyin Nan Akufo-Addo nniso mu.[1][4]

Ne nnwuma afoforo sesa

Ɔka mpanyimfo a wodi kuw bi wɔfrɛ no Global Alliance for Clean Cookstoves anim.[3][6]

N'asetena mu nsɛm sesa

Alima Mahama yɛ kramoni.[7]

Beae a menyaa mmoa fii sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 https://ghanaembassydc.org/news-and-events/h-e-hajia-alima-mahama-takes-post-as-ambassador-of-ghana-to-the-united-states/
  2. 2.0 2.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/northeast/nalerigu_gambaga/
  3. 3.0 3.1 https://cleancooking.org/team-member/hajia-alima-mahama/
  4. 4.0 4.1 Archive copy, archived from the original on 2023-03-03, retrieved 2022-01-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://ghanaembassydc.org/news-and-events/ambassador-alima-mahama-says-diasporans-play-a-key-role-in-ghanas-economic-growth/
  6. https://www.peacefmonline.com/pages/local/news/201711/336980.php
  7. https://ghanamps.com/mp/mahama-alima-hajia/