Nana Akufo-Addo

Ghana ɔmanpanin
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nana Akufo Addo
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageNana Addo Dankwa Akufo-Addo Sesa
given nameNana Sesa
family nameAddo Sesa
date of birth29 Ɔbɛnem 1944 Sesa
place of birthNkran Sesa
fatherEdwɛd Akufo Addo Sesa
spouseRebecca Akufo-Addo Sesa
childValerie Obaze, Gyankroma Akufo-Addo, Adriana Dukua Akufo-Addo, Edwina Nana Dokua Akufo-Addo, Yeboakua Akufo-Addo Sesa
relativeJacob Hackenburg Griffiths-Randolph, Kɛnɛt Ofori-Atta Sesa
native languageTwi Sesa
languages spoken, written or signedTwi, Ga, English, French Sesa
occupationdiplomat, lawyer, Amanyɔni Sesa
field of workeconomy Sesa
educated atNew College, University of Ghana, Lancing College, City, University of London, Holmewood House School Sesa
work locationNkran Sesa
affiliation stringPresident of the Republic of Ghana Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2016 Ghanaian presidential election, 2008 Ghanaian general election, 2012 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewPresbyterianism Sesa
participant inWorld Economic Forum Annual Meeting 2020 Sesa
member ofEconomic Community of West African States Sesa
interested ineconomy, jurisprudence Sesa
Ghana Place Names URLhttps://sites.google.com/site/ghanaplacenames/places-in-perspective/birthplaces#h.he9odspcr1x2 Sesa

William Addo Dankwa Akufo-Addo a wɔwoo no wɔ Ɔbenem bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem aha-nkron aduanan nan mu no yɛ amanyɔnyi.[1][2] Ɔyɛ mprempren yi Ghana Manpanin. W'adi mampanin firi Ɔpɛpɔn bosome mfeɛ mpem mmienu ne du-nson (2017).[3][4][5] Ɔdii kan somm sɛ Attorney General firi mfeɛ mpem mmienu ne baako kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne miɛnsa ɛnna ɔsane yɛɛ ɔman soafoɔ a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so firi mfeɛ mpem mmienu ne miɛnsa kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne nson wɔ Kuffor berɛ so na na ɔsan ɔyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ amanman ntam nkitahodie so (minister of Foreign Affairs).[2] Seesei ɔredi ne berɛ a ɛtɔ so mmienu sɛ dwamtenani ma Afrika apueiɛ fam kuo a wɔfrɛ no Economic Community of West African States (ECOWAS).[6]

Nana Addo dii kan kɔperee Ghana manpanin akonwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe ɛne mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu, ne mmienu nyinaa sɛ New Patriotic Party (NPP), nanso National Democratic Congressni John Evans Atta Mills a ɔgyinaeɛ maa wɔn no dii ne so nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu (2008), ɛnna John Dramani Mahama nso bɛdii so mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu berɛ a John Evans Atta Mills wuiɛ no.

Berɛ a afe 2012 abatoɔ no baa n`awieeɛ no, Nana Addo annye abatoɔ no mu nsosoansoɔ (election result) no antom enti ɔde asɛm no kɔdanee Ghana asɛnnibea kunini no (supreme court), nanso berɛ asɛnnibea kunini no hwehwɛɛ asɛm no mu no, wode too dwa sɛ nkonim a amanyɔkuo NDC a ɔpanin John Dramani Mahama di wɔn anim no diiɛ no yɛ nokorɛ.[7][8][9]

Afei ne mprɛnsa so no, amanyɔkuo New Patriotic Party(NPP) san yii Nana Addo dii wɔn anim sɛ ɔnkɔpere ɔmanpanyin adwa no bio wɔ afe 2016 Ghanafoɔ abatoɔ no mu. Saa berɛ yi deɛ, ɔde ɔmanpanin a na ɔte soɔ, John Mahama akyi kaa fam (mma dodoɔ a ɔde dii nkonim no yɛ ɔha mu nkyekyɛm aduonum mmiɛnsa ne akyiripɔ aduowotwe nnum(53.85%)). Sɛ wode saa nkonim yi toto abatoɔ ahodoɔ a Ghanafoɔ ato mu nsosoansoɔ(election results) ho a, ɔno ne Ghana manpanin a ɔdi kan a wadi nkonim kɛse saa wɔ akansifoɔ nkaeɛ no so wɔ abatoɔ abakɔsɛm mu wɔ Ghana ha.[10] Saa nkonim yi san yɛ berɛ a ɛdi kan a Opposisen Kannifoɔ bi atumi adi manpanin a ɔte adwa so so nkonim, a wantwa ne mfe nwɔtwe no anwie.

Afe 2020 abatoɔ mu no, Nana Addo sane dii nkonim ne mprɛnu so, nyaa aba no mu ɔha mu nkyekyɛm aduonum baako ne akyiripɔ aduonum nkron (51.59%). Aha yi nso, ɔmanpanin dadaa John Mahama antumi amfa n`amanyɔkuo NDC anni nkonim. Afe yi mu no, wɔde Ɔmanpanin Nana Addo sii adwa so Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so 7, afe 2021 berɛ a na abɔ dɔnko apa ho simma mmiɛnsa (1:30 pm GMT).[11][12][13]

Ɔpɛnimma bosome no mu afe 2021 no, Nana Addo kaa ntam sɛ, ɔbɛdi mmara a ɛwɔ Ghana amammara (1992 Constitution) no mu, a ɛka sɛ, ɛsɛ sɛ ɔmanpanin biara di adeɛ mpɛn mmienu pɛ no so. Wei nti, sɛ afe 2024 ba awieeɛ a, Nana Addo rentumi nsane mpere ɔmanpanin adwa no bio. Ɛsɛ sɛ obi foforɔ nso bɛtoa so sɛdeɛ amammara no ka no.[14]

N'abrabɔ ne nhomasua sesa

wɔwoo Nana addo Dankwa Akufo Addo wɔ Nkran,Ghana maa abusua a aheniesɛm ne amanyɔsɛm ɛwɔ mu sɛ Edward ne Adline Akufo-Addo ba. Ne papa Edward Akufo Addo firi Akropɔn-Akuapem ,na ɔyɛ Ghanafoɔ Chief Justice a ɔtɔ so mmiɛnsa firi afe apem aha-nkron ne aduosia nsia de kɔsii afe apem aha-nkron aduoson , na ɔyɛ Ɔtitena nii nso wɔ afe apem aha-nkron aduosia nson de kɔsii aduosia nwɔtwe ɛna constitutional commission ne wɔn a wɔnka Ghana manpanin mpaninfoɔ no ho firi mfeɛ apem aha-nkron aduoson de kɔsii afe apem aha-nkron aduosia mmienu. Wɔwoo Nana addo wɔ Nkran Swalaba, beaɛ bi a ɛwɔ Ghana, wɔ afe 1944, bosome Ɔbɛnem de da ɔto so 29. N`awofo nye Edward Akufo-Addo ne Adeline, na na wɔyɛ Ghana adehye mapa, ne afei abusua wɔpɛ amanyɔsɛm.[15][16]

Na, Akufo-Addo maame afa no,ne nanabɛrema yɛ Nana Sir Ofori Atta, Akyem Abuakwa hene, na ɔno nso ka mpaninfoɔ a na ɔhwɛ Gold Coast no ho ansaana Ghana ɛbɛ nya ne faahodie. Ɔyɛ Kofi Asante Ofori Atta ne William Ofofr Atta wɔfaase. Ne wɔfa a ɔyɛne nana ne J.B Dankuah,a na ɔno nso ka Nsia Kɛseɛ no ho. Ɔhyɛ ne nkɔdaa birem sukuu wɔ Government Boys Sukuu, Adabraka, nna akyirei ɔkɔɔ Rowe Road Sukuu (a ɛnei ɔfrɛ no kinbu) no nyinaa wɔ Accra Central. Ɔkɔɔ amanone kɔtoa ne sukuu so kɔtwerɛɛ O-level ne A- level nsɔhwɛ wɔ Lancing College, Susseɔ,a Ɔmaa no agorɔdin ¨Billy¨ . Ɔhyɛɛ Filɔsɔfi, Amanyɔsɛm ne ɛkɔnɔmiks nnwoma ase wɔ New College, Osford wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduosia mmienu, nanso ankyɛ na ɔgyaeɛ. Ɔsan nakyi baa Ghana wɔ.[9]

Mpeɛ apem Aha-nkron Aduosia mmienu mu ɔbɛkyerɛ adeɛ wɔ Accra Academy, ansaana ɔkɔsua Economics ɛwɔ Legon Suapɔm mu, wɔ mfeɛ ampem aha-nkron aduosia nan, na ɔynan BSc Economics wɔ afe apem aha-nkron aduosia nson. ɔde ne ho kɔdɔm Inner Temple maa wɔn lete no sɛ asɛmdifoɔ ɛwɔ apprenticeship system a ɔnim no sɛ Inns of Court a wɔn angye asɛmdifoɔ krataa biaa. Ɔferɛ no kɔɔ English Bar(Middle Temple) wɔ kutawonsa bosome wɔ mfeɛ npem aha-nkron aduoson baako. Na ɔferɛ no Ghanaian bar wɔ kutawonsa bosome wɔ afe apem aha-nkron aduoson num. Akuffo Addo yɛɛ adwuma wɔ Law Firm Brothers a ne Paris office wɔ USA. Wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduoson nkron mu no, ɔyɛɛ Law Firm no Prempeh and Co.

Amanyɔsɛm sesa

Akufo Addo amanyɔsɛm a ɔbɛkaa ho no hyɛɛ aseɛ firi mfeɛ apem ahankron aduoson a ɔde ne ho kɔdɔmm People's Movement for Freedom and Justice, ɛkuo a ɔhyehɛeɛ sɛ ɔne General Acheampong kuo no de bɛsi ani a na wɔn nso din de Supreme Military Council's Union Government Proposals. Wɔ Kɔtonimaa bosome da afe apem ahankrono aduokron-num mu no, na ɔka ɛkuo kɛseɛ bi a ɛyɛ adesuafoɔ a ɔhyehyɛɛ Alliance for change.

Ghana Manpanyin sesa

Da a yɛde no sii agua so sesa

Wɔ ɔpɛpɔn bosome no da ɔtɔ so nson, afe 2017 mu no, Nana Addo bɛyɛɛ ɔmanpanyin wɔ Ghana. Beaɛ a dwumadi yi kɔɔ so nye Ghana krompɔn Nkran, Black Star Square. Aman mpanyinfoɔ du baako a wofi Afrika ne Europe na wɔde wɔn anuonyam bɛtaa dwumadi no akyi. Wɔn mu bi nye, Edgar Lungu a ofi Zambia, Abdel Fattah el-Sisi a ofi Egypt, Ernest Bai Koroma a ofi Sierra Leone, Robert Mugabe a ofi Zimbabwe, Muhammadu Buhari a ofi Nigeria wɔn wɔkeka ho.[17][18][19]

Dwumadi yi baa n`awiei no, nnipa pii kaa ho asɛm wɔ sohyia media ahorow so fisɛ wɔkaa sɛ na ne nsɛm a ɔde too gua no mu pii fi nsɛm a Aman mpanyinfoɔ binom adi kan aka mu na nsɛm no bi mpo deɛ, wɔnyɛ nsesae biara wom (word-for-word). Nsɛm a ɔkaa no bi fi asɛm a Amerika amanpanyinfoɔ John F. Kennedy, Bill Clinton ne George W. Bush kae aber na wɔde wɔn resi agua so no ne afei mpo asɛm a Nigeria manpanyin Muhammadu Buhari kae wɔ 2015 United States Institute of Peace dwumadi no ase.[20][21][22][23][24][25] Aber a nsɛm no gyee nhini wɔ ɔman no mu no, n`adwumayɛbea no de apakyɛw krataa too gua ma nekasa mafoɔ de too gua sɛ, wɔn mo anhyɛ da sɛ woreyɛ saa na mmom wɔn ani naa ɛpaa so.[26][27][28] Eyi nyinaa akyi no, ɛsan bɛdaa adi sɛ Akufo-Addo san faa nsɛm a ɔkaa wɔ afe 2013 mu aber asɛmdibea kunini (supreme court) no de atemmuo ma faa Ghana aba a wɔtoe no ho no no fii Amerika manpanyin abadiekyir Al Gore kasa ɔmae wɔ afe 2000 mu. Saa aber na Amerika asɛmdibea kunini no de atemmuo ama afa wɔn manpayin abatoɔ ho.[29][30][31]

Nhomasua sesa

Afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, Ghana manpanyin no de nhyehyeɛ a ɛfa ntoasoɔ skuul (Free SHS Policy) ho no tow gua. Na saa nhyehyeɛ yi beboa ama Ghana mmabun atumi akɔ ntoasoɔ skuul a wɔrentua sika biaa. Ɔmanpanyin no kaa wɔ ne kasa no mu sɛ, sa nhyehyeɛ bɛboa asiesie mmabun no ama daakye na awofo a wonni sika wɔde betua wɔn mma skuul aka no nso ho bɛdwo wɔn. Ghanafoɔ nyinaa ani gyee saa nhyehyeɛ yi ho na ɛmaa adesuafoɔ ne awofo nso ani gyee nanso ankorankorɛ skuul ahorow no ani angye saa nhyehyeɛ yi ho. Na wosusuw sɛ eyi bɛma adesuafo a wɔkɔ saa skuul ahorow yi so atew.[32][33]

Sikasɛm sesa

Wɔ afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, Aban no de nhyehyeɛ bi tow gua a na ɛbɛboa ama ne manfo no anya adwuma ayɛ. Na edin a ɛda saa nhyehyeɛ yi so nye, 7-years Co-ordinated Programme of Economic and Social Development Policies. Wɔ ɔmanpanyin ne nsɛm mu no, ɔkaa sɛ, saa nhyehyeɛ yi gyina nneɛma nnum a ɛfa mpuntuo ho so ("five pillars of growth and development), na saa nneɛma no nye ɔman no sikasɛm a wɔbɛyɛ no yie; kua dwuma ne mfidi dwuma a wɔbɛhyɛ mu kena; wobesisi adan ahorow; Banbɔ a wobɛhyɛ mu den ne kwan a aban adwumayɛfo fa so yɛ wɔn dwuma a wobɛsesa mu.[34]

LGBT ahofadi sesa

Akufo-Addo asi no pi, akyerɛ ne gyinasibea wɔ LGBT ahofadi ho nsɛm mu wɔ Ghana ha. Wɔ bosome obubuo, afe 2017 mu no, Ɔkaa sɛ, ɔwɔ gyidi sɛ bere bi bɛba a, saa mmra ɛfa barima ne barima nda ne ɔbaa ne ɔbaa nda no, nsasae bɛba mu.[35] Akufo-Addo, obi a n`abrabɔ fa naa, ɔbɔɔ wɔ Englesi abokyirman mu no wɔ gyidi sɛ, ber rokɔ so, saa LGBT kuw yi bɛgye nhin wɔ Ghana te sɛ ma w`agye nhini wɔ England no pɛpɛɛpɛ. Nanso, ɔsan kaa sɛ, mmra a ɛfa LGBT ho no nka n`aban no nhyehyeɛ ho seisei ara.[36] Wɔ afe 2018, bosome Ɔsanaa mu no, ɔde tow gua sɛ, enyɛ ade a n`aban no bɛgye barima ne barima nda ne ɔbaa ne ɔbaa nda no atum na saa nso na worenhwɛ sɛ obi nteetee wɔn wɔde wɔn ho ahyɛ saa adeyɛ no mu no wɔ n`amanmuo mu.[37][38]

Agokansi sesa

Akufo-Addo, wɔ afe 2019 bosome ɔgyefoɔ mu no, Nana Addo ne n`aban no bɛyɛ adwuma aden aboa ama yɛn agokansi no anya nkɔso wɔ Ghana efisɛ Afrika agokansi a ɔbokɔ so wɔ afe 2023 no, ɔman yi mu na wɔbɛyɛ no.[39] Agokansi adan ahorow a weisi na w`asan asiesie no bi nye Nkran ne Cape Coast Agoprama ne Azumah Nelson Agokansi fie a ɛwɔ Kaneshie no. Ghana Suapɔn keseɛ no Agoprama a wogyei ne nseisei wɔ 2009 afe no mu no aber manpanyin dada John Kufuor fii aban mu no nso yɛ ade wɔaka sɛ, wɔbɛ toa so.[40][41]

N'abrabɔ mu nsɛm sesa

Akufo-Addo fi kurow a yɛfrɛ no Akropong-Akuapim ne Kyebi a ɛwɔ Ghana Apuei mantɔw mu.[42] N`awofoɔ abien no nyinaa yɛ Presby asor no mma.[42][43] Ne hokafoɔ a ɔne no te nye Rebecca Akufo-Addo (née Griffiths-Randolph) a ne papa nye, mrmranimfo Jacob Hackenburg Griffiths-Randolph, a na ɔyɛ Ghana mmrahyɛbadwa no kyeame wɔ repɔblik mmiɛnsa (3rd Republic) no mu.[44][45][46] Nana Addo ne ne yere Rebecca wɔ mma mmaa nnum; Gyankroma Funmi Akufo-Addo, Edwina Nana Douka Akufo-Addo, Adriana Dukua Akufo-Addo, Yeboakua Akufo-Addo, ne Valerie Obaze.[47][48][49][50]

Akufo-Addo yɛ Kristoni.[51]

Anuonyamhyɛ sesa

Abasobɔ sesa

Wɔbɔɔ Akufo-Addo aba so maa no Mother Theresa Memorial International Award for Social Justice wɔ afe 2016, fa a, Harmony Foundation kuw no hyɛɛ no ase. Onyaa saa abasobɔ fisɛ na ɔde n`amanyɔsɛm abɔ afore ama asomdwe ne dwodwoo atena ɔman no mu.[52]

Wɔ afe 2017 mu no, Akufo-Addo nyaa National Achievement abasobɔdeɛ maa Ghana manfo denam Africa-America Institute kuw no so. Wɔde saa abasobɔdeɛ yi mae na ama Aman nyinaa ahu sɛ Ghana yɛ ɔman a egyina hɔ ma fahodi, asomdwe, kabima-menkabi ne nkankɔ wɔ Afrika ha.[53]

Akufo-Addo san nyaa abasobɔdeɛ wɔ kwan soronko a ɔfa so bu man no ho (Exemplary Leadership) wɔ afe 2018, Ayɛwohomumɔ bosome no mu fii Whitaker Kuw no hɔ.[54][55] Wɔ ɔsanaa bosome no mu, afe 2018 no, onyaa abasobɔdeɛ fofor wɔ nsiesie ne abɛɛfo nneɛma a ɔde baa Po so hyɛn gyinabea ahorow no. Wɔn a wɔde saa abasobɔdeɛ no maa no nye; The African Port Award (APA) Foundation, na abasobɔ no din nye African Port Award.[56] Wɔ afe 2018 mu no, U.S. ndwumakuw ahorow a ɛwɔ Afrika, a ɛhyɛ United States Chamber of Commerce ase no maa Ɔmanpanyin Akufo-Addo abasobɔdeɛ a ɛne, 2018 Outstanding Leader's Award wɔ kwan a wɔafa so ne wɔn atena asomdwe mu ne sikasɛm mu ntotoe a w`ahwɛ so yie wɔ n`amanmuo mu wɔ Afrika ha.[57][58][59] Afe 2018 Governance Leadership Abasobɔdeɛ a wode ma obi a weitumi ama ɔman Ghana adehyeɛ atu mpɔn wɔ wɔn asetemu ne aban a ɔde Ghana Aman mmra adi dwuma yie no, wɔde maa Akufo-Addo.[60]

Wɔ afe 2019 mu no, United Nations Secretary-General António Guterres bɔɔ Nana Addo din kaa SDG afofor fo no ho sɛ kuw no panyin kaa Norway man no soafo, Erna Solberg ho.[61] Saa kuw (Sustainable Development Goals) yi adwuma ne sɛ wɔbɛboa ahyɛ nkurɔfo nkuran, ahyɛ wɔn den na wɔaboa ama mpuntu akɔ so.

Nana Akufo-Addo san nyaa abasobɔdeɛ wɔ Ghana Ahɔwodan Nkabomkuw no abasobɔdeɛ a ɛto so nnan no mu. Saa nhyiam yi kɔɔ so wɔ afe 2020, ɔpɛpɔn bosome no mu na na ɛfa mmɔden a na w`abɔ ama dwumadi a edin a ɛda so nye; Afe a ɛsɛ sɛ obia ba fie (Year of Return) no atumi aba so.[62]

Foreign honours sesa

Beae a menyaa mmoa fii sesa

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/northern/138/
  2. 2.0 2.1 https://www.ghanaweb.com/person/Nana-Addo-Dankwa-Akufo-Addo-253
  3. https://citinewsroom.com/2021/05/akufo-addo-to-address-ghanaians-on-covid-19-fight-tonight-6/
  4. https://web.archive.org/web/20170211082302/http://www.lancingcollege.co.uk/media/news/article/4865/OL-Elected-President-of-Ghana
  5. https://www.ghanastar.com/stories/nana-akufo-addo-is-the-new-president-for-ghana-heres-his-inauguration-speech/
  6. "https://ecowas.int/president-akufo-addo-elected-chair-of-ecowas-authority-of-heads-of-state-and-government/". Archived from the original on 2021-06-16. Retrieved 2022-04-21. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  7. http://election2012.ghanaweb-news.com/supreme-court-judgement-victory-for-all---august-2013-ghana-election-news
  8. https://www.graphic.com.gh/news/politics/how-the-supreme-court-judges-ruled-in-the-election-petition.html
  9. 9.0 9.1 https://www.primenewsghana.com/politics/salute-the-new-king-president-elect-of-ghana-nana-addo-dankwa-akufo-addo.html
  10. https://www.washingtonpost.com/national/world-digest-dec-9-2016/2016/12/09/f2426996-be24-11e6-94ac-3d324840106c_story.html
  11. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/akufo-addo-elected-president-of-ghana-for-second-term-with-51-59-per-cent-of-valid-votes-cast.html
  12. https://www.bloomberg.com/news/articles/2020-12-09/ghana-s-president-akufo-addo-wins-re-election-with-52-of-vote
  13. https://theaccratimes.com/president-akufo-addo-sworn-in-for-a-second-term/
  14. https://www.reuters.com/article/africa-democracy-ghana-idAFL8N2ST3MR
  15. https://www.presidency.gov.gh/index.php/governance/the-president
  16. https://ghanadmission.com/nana-addo/#:~:text=Nana%20Akufo-Addo%20was%20born%20on%20the%2029th%20of,as%20one%20of%20the%20founding%20fathers%20of%20Ghana.
  17. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/LIVESTREAMING-Nana-Akufo-Addo-takes-office-as-president-499112
  18. https://www.africanews.com/2017/01/07/live-12-presidents-join-ghanaians-to-inaugurate-president-akufo-addo/
  19. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/African-leaders-arrive-ahead-of-Akufo-Addo-s-inauguration-499057
  20. https://www.pulse.ng/news/local/buhari-read-full-text-of-presidents-speech-at-us-institute-for-peace/edfw4mv
  21. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Plagiarism-in-Akufo-Addo-s-speech-depressing-and-shocking-Minority-499694
  22. https://edition.cnn.com/2017/01/11/africa/ghana-plagiarism-row-akufo-addo/
  23. https://www.bbc.com/news/world-africa-38555356
  24. https://www.premiumtimesng.com/news/headlines/219897-ghana-president-akufo-addo-caught-plagiarism-scandal.html
  25. "https://www.myjoyonline.com". Archived from the original on 2021-04-11. Retrieved 2022-05-05. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  26. https://www.buzzfeednews.com/article/hayesbrown/ghanas-president-ripped-off-george-w-bush-and-bill-clinton-i
  27. https://www.aljazeera.com/news/2017/1/9/ghana-nana-akufo-addo-caught-up-in-plagiarism-row
  28. https://www.ibtimes.com/who-nana-akufo-addo-ghana-presidents-plagiarism-scandal-explained-2473112
  29. https://www.modernghana.com/news/486053/full-text-akufo-addos-post-verdict-speech.html
  30. https://www.americanrhetoric.com/speeches/algore2000concessionspeech.html
  31. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Saint-Akufo-Addo-in-the-web-of-the-moral-shame-of-new-age-plagiarism-499749
  32. https://www.voanews.com/a/ghana-launches-free-high-school-education-nationwide/4030588.html
  33. "http://www.ghananewsagency.org/social/president-akufo-addo-launches-free-shs-122148". Archived from the original on 2022-04-25. Retrieved 2022-04-25. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  34. A, archived from the original on 2020-02-16, retrieved 2022-04-25
  35. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/legalization-of-homosexuality-ghana-is-bound-to-happen-akufo-addo.html
  36. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Association-of-gays-lesbians-in-Ghana-to-embark-on-historic-peace-march-in-Accra-604192
  37. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/I-ll-never-legalize-homosexuality-Akufo-Addo-675491
  38. https://www.pinknews.co.uk/2018/08/10/president-of-ghana-reassures-church-leaders-that-he-wont-decriminalise-homosexuality/
  39. https://www.happyghana.com/accra-2023-african-games-organising-committee-planning-to-send-athletes-on-overseas-training-camps/
  40. https://www.accra2023ag.com
  41. https://www.insidethegames.biz/articles/1112503/ghana-2023-african-games-complex
  42. 42.0 42.1 https://www.myjoyonline.com/akufo-addo-visits-ancestral-home-in-akropong-akuapem/
  43. https://yen.com.gh/171939-election-2020-mammoth-crowd-akufo-addo-hometown.html
  44. https://web.archive.org/web/20130928042301/http://www.newpatrioticparty.org.uk/index.php?option=com_content&view=article&id=160%3Anana-addo-danquah-akuffo-addo&catid=58%3Apast-flag-bearers&Itemid=120
  45. https://books.google.com.gh/books?id=oldRGSQSR9YC&q=Ebenezer+Presbyterian+Church,+Osu&pg=PA232&redir_esc=y#v=snippet&q=Ebenezer%20Presbyterian%20Church%2C%20Osu&f=false
  46. https://www.ghanabusinessnews.com/2017/01/07/profile-of-rebecca-naa-okaikor-akufo-addo/#:~:text=Mrs%20Rebecca%20Naa%20Okaikor%20Akufo-Addo%2C%20Wife%20of%20Nana,of%20Ghana%20and%20Frances%20Phillipina%20Griffiths-Randolph%20%28nee%20Mann%29.
  47. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-the-family-man-492031
  48. https://web.archive.org/web/20170101161256/http://kessbenfm.com/meet-incoming-first-family/
  49. https://www.ghlinks.com.gh/edwina-nana-dokua-akufo-addo/#:~:text=Edwina%20Nana%20Dokua%20Akufo%20Addo%20is%20the%20daughter,late%20Eleanor%20Nkansah-Gyamenah%20popularly%20known%20as%20Obaa%20Saa.
  50. /, archived from the original on 2020-09-18, retrieved 2022-04-25
  51. https://ghanamps.com/mp/dagmanyi-mpambi-george/
  52. https://web.archive.org/web/20171204022314/http://www.motherteresaawards.org/awardees/mother-teresa-memorial-awards-2016/
  53. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-receives-National-Achievement-Award-583248
  54. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/president-akufo-addo-receives-exemplary-leadership-award.html
  55. https://citifmonline.com/2018/03/president-akufo-addo-receives-exemplary-leadership-award/
  56. https://www.ghanamma.com/2018/08/06/ghpa-bags-3-awards-at-4th-african-ports-awards/
  57. https://yen.com.gh/116120-akufo-addo-receive-outstanding-leaders-award-new-york.html#116120
  58. https://web.archive.org/web/20181008061237/http://dailyguideafrica.com/nana-grabs-top-us-award/
  59. https://citinewsroom.com/2018/09/akufo-addo-receives-2018-outstanding-leaders-award/
  60. https://citinewsroom.com/2018/10/nana-addo-receives-2018-governance-leadership-award/
  61. "https://www.globalgoals.org/secretary-general-antonio-guterres-has-appointed-new/". Archived from the original on 2022-05-05. Retrieved 2022-04-25. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  62. https://www.gbcghanaonline.com/news/president-akufo-addo-19-hospitality-facilities-honoured/2020/
  63. "Ghanaian President conferred with Order of Excellence" Stabroek News, 12 June 2019.
  64. "Nana Akufo-Addo honoured in Cote d'Ivoire", GhanaWeb, 6 May 2017.
  65. "Nana Addo decorated with Liberia's highest award", Citi FM Online, 27 May 2017.
  66. "Morocco Stregthens Ties With Ghana", Modern Ghana, 18 February 2017.
  67. "Senegal decorates Akufo Addo with national award", ModernGhana.com, 18 May 2017.