Ama Hemmah (wɔ woo no wɔ afe apem ahankron aduanan nson mu [1947]– ɛna ɔwui wɔ afe mpem mmienu ne du mu [2010]) yɛ Ghanani abɛsiriwa a nnipa bɔnefoɔ bi de gya hyee no animono so maa no toaa nananom wɔ asamando a na saa nnipa bɔnefoɔ yi susu sɛ Ama Hemmah yɛ obi a ɔyɛ bayifoɔ. Maame abɛsiriwa a na wadi mfie aduoson mmienu (72-year-old) wuu wu yaayaa paa ara yie berɛ a nnipa bɔnefoɔ yi hyee no animono so no.[1]

Ama Hemmah
Awo bere1947–
Owu bere2010
Tema General Hospital
Cause of deathburned to death

Owuo no farebae sesa

obubuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu (20) wɔ afe mpem mmienu ne du mu no, berɛ a na abɔ anɔpa bɛyɛ nɔndu no, wɔ beaeɛ a yɛfrɛ no sɛ Tema site 15 no, nsɛmpakani bi a yɛfrɛ no sɛ Samuel Fletcher Sagoe bɛsraa Ama Hemmah nuabaa a yɛfrɛ no sɛ Emillia, ɛhɔ na nsɛmpakani yi hunuu Hemmah sɛ ɔte ne nuabaa panin yi dan mu berɛ a na Emillia nso mma nyinaa wɔ sukuu mu. Ɛhɔ na nsɛmpakani a yɛfrɛ no Sagoe ɛbɛprɛ asɛm bi atom a ɛmaa owura bi a yɛfrɛ no sɛ Samuel Ghunney ɛne afoforɔ bi a wɔtete mantam ho adwene reba Hemamah so. Sɛdeɛ owura Augustine Gynening a ɔyɛ Assistant Commissioner de ma Ghana apɔlisifoɔ adwumakuo no de too dwa no, na nnipa bɔnefoɔ yi susu sɛ Hemmah yɛ bayifoɔ.[2] Saa nnipa bɔnefoɔ num yi de Hemmah faa ateetee ne aniayaw ne ayakayakadeɛ mu sɛ ɔnka n'anum asɛm,[3] kɔsi sɛ wɔpɛɛ sɛ wobɛtutu saa bayie sunsum no afiri ne nipadua mu a ɛno nti wɔde no hyɛɛ kerosene mu a wɔde gya too mu maa ɔhyeeɛ.[4] Saa nnipa bɔnefoɔ yi kyerɛ sɛ wɔde anointing oil mmom na ɛguu ne so na fofie anto Atta na ɛkɔdanee gya hyee maame abɛsiriwa, a wɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn boapayɔ.[5]

Dɔkotani baa bi a, na ɔyɛ adesuani a yɛfrɛ no Deborah Pearl Adumoah, na ɔbabɛboa Hemmah de no kɔɔ apolisifoɔ asuoeɛ. ɛkyire yi no wɔde Hemmah kɔɔ Tema aban ayaresabea sɛ nka ɔnkɔgye ayarehwɛ, nanso ɛda a ɛtɔ so mmienu no ɔtwaa n'ani hwɛɛ dan yayaaya.[6][7] ɔnyaa mfie aduoson mmienu.

Wɔn a wɔdii saa awuo yi ne Samuel Ghunney, a wadi mfie aduonum (50-year-old) a ne dwuma a wɔdie ne sɛ wɔtwitwa mfonin (photographer); ɛna Samuel Fletcher Sagoe, a wadi mfie aduonum num (55); ɛna Emilia Opoku, a ɔno nso adi mfie aduasa nson (37); ɛna Nancy Nana Ama Akrofie, a ɔno nso adi mfie aduanan nsia (46); ɛne Mary Sagoe, a ɔno nso adi mfie aduonum mmienu (52).

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.modernghana.com/news/1020179/savagery-in-the-name-of-religious-belief.html
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Witchcraft-Grandma-set-ablaze-198244
  3. https://www.bbc.com/news/world-africa-11848536
  4. https://www.modernghana.com/news/1020179/savagery-in-the-name-of-religious-belief.html
  5. https://www.bbc.com/news/world-africa-11848536
  6. https://www.theguardian.com/world/2010/nov/29/ghanaian-woman-burned-death-witch
  7. "Archive copy". Archived from the original on 2019-10-02. Retrieved 2022-04-05.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)