Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Aprapransa(About this soundpronounciation of "Aprapransa" ) yɛ Ghana nnuane ahorow no bi yɛ san frɛ no Akpliji anaa Akplidzi ɛyɛ Ga-dangme anaa Nkranfoɔ kasa. Ɛyɛ aduane a yɛ de aburoo a yɛakye sam na ɛyɛ, wɔ de fra Ga-dangmefoɔ Abɛ nkwan (Palm-nut soup). Abɛ nkwan ho hia yiyie wɔ Aprapransa nua mu. Aburoo a yɛakye sam no ebinom frɛ no "Kpoikpoi" anaa "Kpekpele" yɛ Nkranfoɔ/ Ga-Dangme aduane kronkron. Wɔ yɛ saa aduane yi mmerɛ a wɔ di wɔn afahyɛ kronkron a ɛyɛ 'Ancient Religious Hebraic Harvest' wɔ frɛ no sɛ "Homowo".[1]

Aprapransa in a Pack

Ga/Dangme ka Ghana abusuakuo ahorow no ho. Wɔ kuro pɔn ne Nkran/ Accra. Mmerɛ a Ga-Dangme/ Nkranfoɔ abusuokuo bɛ te na Ghanaman mu no wɔ de wɔ aduane no baeɛ. Ga-dangmefoɔ nso n'adi nkan yɛɛ Ab3 nkwan aduane wɔ Ghana. Sɛneɛ Akanfoɔ dii nkan yɛ Ebunuebunu nkwan saa ara na Ga-Dangmefoɔ so yɛ Ab3 nkwan. Wɔ Nigeriaman mu nu Yoruba ne Igbofoɔ nso yɛ abɛ aduane bi wɔ frɛ no 'Banga soup'. Aprapransa nyɛ aduane a wɔ tɔn wɔ mpɔtam mpɔtam wɔ Ghana. Ghanafoɔ di mmerɛ a nhyiamu kɛseɛ bi ɛkorso bi te sɛ Ayeforɔ, Badintoɔ ne Abusua nhyiamu.[2]

Esan nnɛɛmafoɔ nsakraɛ a ɛkɔɔso wɔ Ghanaman nu mu ɛnkane Ammamerɛ pii ɛyira. Congo-Nigerfoɔ abusuakuo no nso de Abɛ yɛ biribi bebree. Aprapransa yɛ aduane bi a seiseiGhanafoɔ bebree ɛgyae di.[3]

Neɛma a wɔ de yɛ Aprapransa sesa

Ghana dwam biara wo bɛ tumi anya Aburoo a yakye mu sam de a yɛ Aprapransa.

  • Aburoo a yakye sam,
  • Abɛ nkwan anaa Ngo kɔkɔ,
  • Adua,
  • Atosodeɛ bi te sɛ: ntoosi, Mako, Akekaduro, Gyeene, Garlic,
  • Nsuomnam a ya ho bi te sɛ Ɛmane ɛna kɔtɔ.[4][5]

Ɔkwan a wɔ fa so yɛ Aprapransa sesa

  • Di kan noa abɛ na si wɔ waduro mu, afei sɔ ne so na yi yi adwe ne mmɛfee nu nyi naa frim, ma ɛnka abɛ nsuo no,
  • Afei, fa w'atɔsodeɛ ne nsuomnam a w'aho no si gya so. Ma 3nhuru mmerɛ du,
  • Afei fa ab3 nsuo no gu wo nam ne atosode3 nu so,
  • Afei fa wo adua w'anu dedaw no ka ho.
  • Num kakra ma adua no nfra w'aprapransa no,
  • Afei ma Aprapransa nu nsi gya so kɔ si sɛ ɛbɛ bene.[4][5]

Sɛ wo de abomu bɛ yɛ Aprapransa, a di nkan fa Ngo kɔkɔ kye aseɛ wɔ kyɛnsee no mu na wo fa wo nsuomnam ne atɔsodeɛ gu ngo Kɔkɔ no mu. Afei hwei aburoo yakye sam no gu mu. Afei ma ensi gya so Kɔsi sɛ ɛbɛ bene.[6]

Mfasode sesa

Aprapransa wɔ ahoɔden nnuro pii ma nipa dua nu.[7][8] Tete no, Abɛ dua ho wɔ nfasode pii ma Ga-dangmefoɔ na wɔ san so de y3 niɛma pii bi te sɛ:

  • Abɛ nkwan a yɛ de yɛ Aprapransa anaa Kpoikpoi.
  • Wɔ hye abɛ aba a yɛ frɛ no adwe na wisie no apam ahonhom bɔne.
  • Wɔ san de abɛ dubaa si adan mmerɛ a wɔ di Afi...oo...Afi.[1]

Hwɛ wie nso sesa

Abɛ Nkwan/ Palm-nut soup.

Ntotoho sesa

  1. 1.0 1.1 Online Reference, By J DZ eagu-kudjodji and others, (2) A grammatical sketch of the Akra or Ga-Language - By Johannes Zimmermann, (3) THE OUTDOORING DEDICATION AND NAMING OF AN AFRICAN CHILD. A CEREMONY OF THE GADANGME PEOPLE OF SOUTHEASTERN GHANA - Ganyobi Kpojiemo, vol. 1 by Ernest H.C. Tetteh, (4) NATIONAL GEOGRAPHIC MAGAZINE: Palm Oil is unavoidable. Can it be sustainable, December 2018 Issue, www.nationalgeographic.com
  2. https://www.pulse.com.gh/lifestyle/food-travel/efie-aduane-series-aprapransa-from-the-eastern-region/nwv0z9c
  3. https://www.peacefmonline.com/pages/local/social/201804/348850.php?storyid=100&
  4. 4.0 4.1 https://www.primenewsghana.com/lifestyle/how-to-prepare-aprapransa.html
  5. 5.0 5.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/Recipes-How-to-prepare-Aprapransa-using-palm-nut-soup-543867
  6. https://www.pulse.com.gh/lifestyle/food-travel/pulse-food-how-to-prepare-aprapransa-from-leftover-palm-nut-soup/nzdk5lg
  7. https://www.netmeds.com/health-library/post/corn-maize-cholam-health-benefits-nutrition-uses-for-skin-and-hair-recipes-side-effects
  8. Archive copy, archived from the original on 2021-07-31, retrieved 2021-07-31{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)