Avril Lovelace-Johnson

Ghana ɔtemmuafoɔ
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Avril Lovelace-JohnsonGhana mmaranimfo . Wɔpaw no sɛ Asɛnnibea Kunini Temmufo wɔ November 2019 mu na wɔyɛɛ no nhwehwɛmu wɔ 9 December 2019. Ɔkaa ntam wɔ 17 December 2019.

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Lovelace-Johnson fi Mankessim a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu . Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Wesley Girls’ High School maa ne ordinary level adansedie ne Aburi Girls’ Senior High School maa ne advanced level adansedie.

Adwuma sesa

Lovelace-Johnson yɛɛ adwuma sɛ Ɔman Mmaranimfo Boafo wɔ Mmaranimfo Panyin Dwumadibea a ɛwɔ Accra ne Mmaranimfo Panyin Dwumadibea a ɛwɔ Koforidua wɔ ne Ɔman Som akyi fi 1988 kosi 1989. Ɔyɛɛ Ɔmantam Ɔtemmufoɔ wɔ June 1994 mu kɔsii sɛ wɔpaw no sɛ Asɛnnibea Kunini no Temmufoɔ wɔ Accra ne Tema asennibea Kunini no mu wɔ June 2002 mu. Ɔyɛɛ adwuma wɔ benkyi no so sɛ Asɛnnibea Kunini no temmufo kosii afe 2012 bere a ɔbɛyɛɛ Asɛnnibea a Ɛhwɛ Asɛm a Wɔde Kɔdan Asɛnnibea no Temmufo. Commonwealth Ɔkyerɛwfo Dwumadibea a ɛwɔ London no de no kɔɔ The Gambia sɛ Asɛnnibea Kunini no Temmufo a ɔno nso yɛ Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan no no Temmufo foforo fi December 2005 kosi 2009. Na ɔyɛ Asɛnnibea a Ɛhwɛ Asɛm a Wɔde Kɔdan Asɛnnibea no temmufo kosii sɛ wɔpaw no sɛ Asɛnnibea Kunini no Temmufo wɔ November 2019. Ɔkaa ntam sɛ ɔbɛdi dwuma wɔ 17 December 2019.

Lovelace-Johnson adi akannifoɔ dibea ahodoɔ bi, a nea ɛka ho ne sɛ ɔyɛɛ Ɔmanfoɔ Anwiinwii ne Asɛnnibea Nhwehwɛmu Kuo a ɛwɔ Ghana Atemmuo Dwumadibea no sohwɛfoɔ ne Ghana Atemmufoɔ ne Atemmufoɔ Fekuo no Titenani Abadiakyiri. Bere bi na ɔyɛ Planned Parenthood Association of Ghana no baguafo a wɔde nidi ma no .

Hwɛ nso sesa

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa