Bright Edward Kodzo Demordzi

Bright Edward Kodzo Demordzi a wɔwoo no Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so du-nnwɔtwe wɔ afe apem ahenkron aduoson -mmienu no yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwani wɔ Ghana mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu a na ɔgyina Bortianor/Ngleshie/Amanfro (foforo) Mansin ananmu wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ National Democratic Congress din mu wɔ Mmarahyɛbadwa no.[1]

Ankorankoro Abrabɔ sesa

Demordzi yɛ Kristoni (Nkonimdifo Ayeyi Nhyiam Amanaman Ntam). Ɔwaree na ɔwɔ mma baasa.[1]

Ne Mmɔfraase ne ne Nwomasua sesa

Wɔwoo Demordzi wɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so du - nnwɔtwe wɔ Afe apem ahenkron aduoson - mmienu. Ɔfiri Anloga, kuro bi a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.[1] Ɔkɔɔ 'Ghana Institute of Management and Public Administration' na ɔnyaa ne Master of Business Administration abodin krataa wɔ Marketing mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron. Ɔsan nso kɔɔ 'Chartered Institute of Marketing'(CIM UK) na ɔnyaa ne professional postgraduate diploma wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu.

Amanyɔsɛm sesa

Demordzi yɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuoni. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu mu no, ɔsii akan maa Bortianor/Ngleshie/Amanfro (foforo) atenaeɛ wɔ National Democratic Congress mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no din mu na ɔdii nkonim.[2]

Adwumafa sesa

Adwadie sohwɛfo, Yara (Ghana), Limited, Wimhyɛn Gyinabea - Accra[1]