Christine Churcher

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Christine Churcher (woo no wɔ Ɛbɔ bosom da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduonum nan (born 21 September 1954) yɛ amanyɔni a ɔdikan wɔ Ghana. Ɔyɛ amanyɔnni de ma Cape Coast mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa, nan ne num wɔ Ghana adehyemam man mu.

Hon.
Christine Churcher
Member of Parliament for Cape Coast Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
AnanmusiniEbo Barton-Odro
Member of Parliament for Cape Coast Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere21 September 1954 (1954-09-21) (age 69)
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician

Abrabɔ ahyɛseɛ ne nwomasua sesa

Wɔwoo Churcher wɔ Ɛbɔ bosom da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduonum nan (21 September 1954).[1] Ɔkɔɔ Kwesi Plange mmɔfrase sukuu a yɛsan nso frɛɛ no Pere Planque Memorial Preparatory sukuu a ɛwɔ Cape Coast firii afe apem aduonum nkron de kɔsi afe apem ahansia ne num (1959-1965). Afiri afe apem ahankron ne aduoson num ne afe apem ahankron ne aduoson nwɔtwe (1975 - 1978) no, Churcher sua borɔfo ne abakwasɛm wɔ Ghana asuapɔn mu na ɔwiei wɔ nkonimdimu. Afei, Churher nyaa "Master in Philosophy" wɔ mpanimfoɔ adesua wɔ Ghana asuapɔn mu.

N'adwuma sesa

Churcher Ghananni mmarahyɛbadwanni.[1] Ghana dibea sɛ ɔman yi mu asoeɛfoɔ dodoɔ no ara na wagyina. Wayɛ adwuma sɛ asoeɛ a ɛhwɛ atenaseɛ ne abɔdeɛ mu nyansapɔ.[2] Wasan asom sɛ panin a ɔhwɛ Ghana fangoo nnwumasoɔ.[3][4] Wasan asom bio sɛ asoeɛ a ɛhwɛ ɔman yi nwomasa soɔ.[2]

Amanyɔsɛm sesa

Churcher agyina mu de ama Cape Coast mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne nan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so man wɔ Ghana mu.

Abatoɔ

Churcher na ɔdikan a wɔtoo ne so aba de ne kɔɔ mmarahyɛbadwam a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ a wɔtoo no Cape Coast mpasua so wɔ mfinimfin mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa mma mpem aduasa, ahanan ne aduokron nsia (30,496) de firii mma dodoɔ a ɛyɛ mpem aduonum nsia, ahanan ne aduonu nwɔtwe (56,428) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nsia akyiri pɔ aduonu (46.20%) de Kyinie dea na ɔne no resi akan no, S.Valis-Akyianu a na ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) no a ɔno nso nyaa mma mpem aduonu num, ahankron ne aduasa mmienu (25,932).[5]

Wɔtoo Churcher so aba sɛ kuoba wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana wɔ afe mpem mmienu Ghanaman nyinaa abatoɔ a wɔtoo no wɔ Cape Coast anafoɔ mpasua a na ɔgyina mu ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nyaa abatoɔ no mu mma mpem aduasa baako, ahanum ne aduoson mmiɛnsa (31,573) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum num akyiri pɔ aduoson (55.70%) de kyɛn dea na ɔne no resi akan no.[6] Wɔsan too aba yii no wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nan wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) Ghana Ghanaman nyinaa abatoɔ no mu.[7][8] Ɔsan nso som sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Cape Coast mpasua no firii Ɔpɛpɔn bosom a ɛtɔ so nson wɔ afe mpem mmienu ne num de kɔsi Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ so nsia wɔ afe mpem mmienu ne nkron (7 January, 2005 - 6 January, 2009).[1] Ɔnyaa mma mpem aduasa nsia, ahanu ne aduasa nan (36,264) wɔ abatoɔ no mu firii mma.mpem aduoson, ahanwɔtwe ne aduosia nsia (70,866) a ɛyɛ mma dodoɔ no nyinaa. Wei gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum baako akyiri pɔ mmienu (51.2%) de ma mma dodoɔ no nyinaa.[8][7] Wɔtoo ne so aba de tia MacDonald Konns Tongo a na ɔyɛ anamside ma People's National Congress ne Araba Bentsi-Enchill Safohen a na ɔyɛ anamsini ma Convention People's Party. Wei nom nyinaa gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ nwɔtwe (0.8%) ɔha nkyekyɛmu aduanan nan akyiri pɔ num (44.5%) ne ɔha nkyekyɛmu mmiɛnsa akyiri pɔ num (3.%) wɔ abatoɔ no mu.[8][7] Wɔtoo Churcher so aba yii no wɔ Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no mu.[8] Ne mpasua no ka mpasua dunsia (16) a wadii nkonim wɔ mfinimfin mantam abatoɔ no mu maa ɔsono amanyɔkuo (NPP) no.[9] No nyinaa mu.no, Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nyaa mmarahyɛbadwam akonnwa ɔha ne aduonu nwɔtwe (128) wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nan no mu wɔ Ghana.[10]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 257.
  2. 2.0 2.1 Online, Peace FM. "Maame Dokono: I Stepped Down For Churcher". Peacefmonline.com - Ghana news. Retrieved 4 August 2020.
  3. "Board » Ghana National Gas Company Limited (Ghana Gas)". ghanagas.com.gh. Retrieved 4 August 2020.
  4. "Christine Churcher Heads Board". DailyGuide Network. 10 October 2017. Retrieved 4 August 2020.
  5. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Cape Coast South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 5 October 2020.
  6. FM, Peace. "Parliament - Central Region Election 2000 Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2 September 2020.
  7. 7.0 7.1 7.2 FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Cape Coast South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 4 August 2020.
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections (PDF). Ghana: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 143.
  9. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Central Region". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 4 August 2020.
  10. "Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results". Fact Check Ghana. 10 August 2016. Retrieved 4 August 2020.