Consolidated Bank Ghana

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Consolidated Bank Ghana (CBG) Consolidated yɛ sikakorabea a ɛso tɔso mmienu wɔ ɔman Ghana mu. Ɛhyɛɛ aseɛ berɛ a Gana sikakorabea kɛsɛ kaa sikakorabea nnum bɔɔ mu.

Ɛyɛ ɔsanaa bosome a edi kan wɔ nfie mpem mmienu ne edu nwɔtwe no mu no, Gana sikakorabea kɛseɛ no hwetirii sikakorabea ahoro) nnum abodin krataa firii wɔn ns3m berɛ a wɔ'antumi anuru susupɛn foforɔ a wode aba Gana no.Saa sikakorabea yi ne; Construction bank, Beige bank, Royal bank Unibank ne Sovereign bank. Gana aban de ne nsa too wɔn adwapadeɛ ne wɔn nneɛma nyinaa so a Gana aban wɔ sikakorabea yi so tumii ɔha mu abupɛn ɔha. Yei yɛ berɛ a sikakorabea yi buu amanmra ne mmra ahoroɔ a ɛbɔ sikasɛm ho ban na wei nti wɔn ntumi nni dwuma sɛ sikakorabea adwumakuo.

.[1][1][2]

Dwetire sesa

Gana aban de Gana sikapuduo ɔpepepe ahannan aduonnum de bɔɔ wɔn dwetire na ɔsan de sika ɔpepepem ahennum ne akyiripɔ aduoson nsia bɔɔ fapem maa sikakorabea yi.

Awuranom sesa

Sikakorabea yi yɛ Gana aban dea prɛkopɛ .

Nkorabata sesa

Consolidated bank de nkorabata ɔha aduanna nwɔtwe na ɛhyɛɛ aseɛ wɔ amantam ahoroɔ nkron wɔ ɔman Gana mu. Yei yɛ nkorabata ahoroɔ a na sikakorabea yi nyinaa wɔ a Gana sikakorabea keseɛ de ne too wɔn so no..

  1. 1.0 1.1 {{cite news}}: Empty citation (help)
  2. {{cite web}}: Empty citation (help)