Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Damongo yɛ kuro a n'ahenkuro ne West Gonja Municipal, mansini adantam a ɛwɔ Savannah Region a ɛwɔ Northern Ghana.[1][2][3][4]ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so du mmienu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu no, wɔdaa Damongo adi sɛ Savannah Region foforɔ a wate no ahenkuro,[5] a wɔnam deɛ amammra a ɛtɔ so 105 kafa ho no, a Ghana manpanin tintim so na ɔyii Yagbonwura kyerɛɛ wɔ Jubilee House a ɛwɔ Nkran. Damongo na ɔda Gonja ahennie no ano; Yagbonwura. Ɛsane yɛ ahenkuro (kuro kɛseɛ) wɔ Damongo mpesoa a ne mmarahyɛbedwani ne Hon. Samuel Abu Jinapor(Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsaase, kwaeɛ ne agudeɛ nsɛm so)

Damongo wɔ nsrahwɛbea bi te sɛ Mole National Park a ahɔhoɔ a wɔkɔ hɔ no hunu mmoa akɛseɛ bi te sɛ ɔsono, Larabanga mosque ne Mystic stone wɔ Larabanga a ɛmu biara wɔ ne tete anansesɛm fa ho.

Ghana atitirefoɔ a yɛwoo wɔn wɔ hɔ anaasɛ wɔfiri Damongo ne John Dramani Mahama (Ɛnkane Ghana ɔmanpanin),Alban Bagbin(mmarahyɛbedwam kasamafoɔ), Benjamin Kunbuor(Former Defence minister), Michael Abu Sakra Foster (Ɛnkane CPP ɔmanpanin anamusini)

Nnwomasua sesa

Damongo kuro no a kuro a yɛsua adeɛ wɔ hɔ ɛnam ne kɛseɛ nti. Sɛ wode mmɔtofowa sukuu a ɛwɔ no to nkyɛn a , Damongo wɔ ntoasoɔ sukuu mmiɛnsa: Damongo ntoasoɔ sukuu,Ndewura Kakpa Ntoasoɔ Sukuu, St. Anne's mmaa ntoaso sukuu.[6][7] Wɔsane nso wɔ Damongo Agricultural College ne Damongo Health Assistant school.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. http://westgonja.ghanadistricts.gov.gh/?arrow=dnf&_=89&r=6&rlv=towns
  2. https://www.myjoyonline.com/drivers-mate-feared-dead-in-accident-at-damongo/
  3. https://www.myjoyonline.com/damongo-flood-victims-stranded-without-food-or-shelter/
  4. https://citinewsroom.com/2021/05/west-gonja-municipal-assembly-launches-30-day-countdown-to-2021-population-census/
  5. https://citinewsroom.com/2021/05/uba-ghana-hands-over-ghs-130000-sanitary-facility-to-west-gonja-municipal-assembly/
  6. http://www.modernghana.com/GhanaHome/regions/schools.asp?menu_id=6&sub_menu_id=310&gender=&s=a
  7. http://www.ghanaschoolsnet.com/page/list-of-senior-secondary