Democratic Freedom Party (DFP)

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Democratic Freedom Party (DFP) (About this soundsɛnea yɛbɔ "Democratic Freedom Party" )amanyɔkuo a na ɛwɔ Ghana ha. Wɔtee amanyɔkuo yi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia (2006) na akyire ɛne National Democratic Congress kabɔɔ mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- baako(2011) mu. Ɛtɔɔ so nnan wɔ Ghanafoɔ nyinaa abatoɔ a wɔtoo no mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe no mu bere a wɔnyaa mma no ɔha mu nkyekyemu hwee akyire po aduasa mmiɛnsa firii aba wɔtoeɛ ni nyinaa mu.

Democratic Freedom Party
AbbreviationDFP
ƆkandifoɔObed Asamoah
OguamtenaniAlhaji Abdul Rahaman Issah
2008 Presidential candidateEmmanuel Ansah-Antwi
FounderObed Asamoah
Bre a wɔde sii hɔ2006
Dissolved22 May 2012 (2012-05-22)
Split fromNational Democratic Congress
Merged intoNational Democratic Congress
AsoɛeAccra
MottoService in freedom
IdeologySocial democracy
Kɔa       
Red, white, purple, and green
FeneService in Freedom

Amanyɔkuo No farebae sesa

Wɔde Amanyɔkuo Democratic Freedom Party no teɛ ho nsɛm bɛtoo dwa Ɔgyefoɔ bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu a Owura Dr. Obed Asamoah, kane titenani ma amanyɔkuo National Democratic Congress na ɔde baeɛ. Sɛ wɔyi National Democratic Congress ne New Patriotic Party firi hɔ a na amanyɔkuo yi ne deɛ ɔdi hɔ. Yei yɛ nsunsanesoɔ a mpaepaemu a ɛbaa Rawlings akyidifoɔ ne Asamoah akyidifoɔ ntam wɔ National Democratic Congress mu.[1][2]

Wɔn a wɔtee amanyɔkuo yi binom ne kane akukudam a na wɔdi amayɔkuo NDC anim te sɛ Dr. Obed Asamoah, a na ɔyɛ kane titenani ma NDC , kane Abanlɔyapanin ne Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Amanone nsɛm so wɔ Provisional National Defence Council (PNDC) ne NDC amammuo mu ne nnipa binom a wɔkeka ho. Na adikanfoɔ a wɔka amanyɔkuo no ho teɛ no bi firi Dr. Kwame Nkrumah akyidifoɔ no ho.[3]

Nhwɛsoɔ:Distinguish

Ɛwɔ Ayɛwohummɔmɔ bosome da ɛtɔ so aduonu- nkron wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu na Dr. Obed Asamoah de too dwa sɛ amanyɔkuo no anim nnoɔma a Ghanafoɔ rehwehwɛ wɔ amanyɔkuo no ntoma a wɔrebɛpa no ɔsane kaa sɛ wɔawie amanyɔkuo no nhyehyeɛ biara ɛwɔ sɛ wɔyɛ de ma wɔgye amanyɔkuo no to mu wɔ mmra kwan so[4].

Nkrataasɛm sesa

Amanyɔkuo yi nyaa n'abɔdin krataa ɛtwatoɔ Ahinime bosome da ɛtɔ so aduonu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu a ɛtumi maa no dii dwuma sɛ amanyɔkuo wɔ Ghana.

Ɛde bɛsi mfeɛ mpem mmienu ne nson mu no, na Alhaji Abdul Rahaman Issah na ɔgyina mu sɛ amanyɔkuo no titenani.

Abakwasɛm sesa

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-baako mu no, Democratic Freedom Party ne National Democratic Congress kabɔɔ mu. Amanyɔkuo yi kɔɔ ahohiahia mu bere a Owura Aba Folson a na ɔyɛ fotosanfoɔ kaa sɛ nkabom no nyɛ deɛ na ɛyɛ adwenekorɔ mu wɔ amanyɔkuo no mu.

Beaeɛ me nyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Democratic_Freedom_Party#cite_note-Democratic_Freedom_Party_Is_Here-1
  2. "Archive copy". Archived from the original on 2007-09-28. Retrieved 2022-07-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2007-09-28. Retrieved 2022-07-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=106650