Ebenezer Kobina Fosu

Ghana mmranimni
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ebenezer Kobina Fosu (yɛwoo no kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduonum mmienu) yɛ Ghana amanyɔni sane nso ka mmarahyɛbedwa kuo a edikan ne nea ɛtɔ so mmienu wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Gaana, ɔgyina hɔ ma Asikuma Ɔdɔben Brakwa mpɛsoa a ɛwɔ mfimfini mantam wɔ Ghanaman mu, ɔnam kyineɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so na ɛkɔɔ yɛ.[1][2][3]

Onionyamfoɔ
Ebenezer Kobina Fosu
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Asikuma/Odoben/Brakwa
Bere
Ɔpɛpɔn 7,1993 – Ɔpɛpɔn 6, 1997
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Mmrahyɛbadwani ma Asikuma Odoben Brakwa abatoɔ mpasua
Bere
Ɔpɛpɔn 71993 – Ɔpɛpɔn 6,2001
Ne ho asɛm
Awo bere6 May 1952 (1952-05-06) (age 71)
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua sesa

Yɛwoo Fosu wɔ afe apem ahankron ne aduonum mmienu wɔ Breman Jamra a ɛwɔ Ghana Mfinfini mantam mu. Ɔnyaa ne sukuupɔn ho nwomasua adansedie krataa firi sukuupɔn a nnipa dodo no ara frɛ no University of Ghana sukuupɔn. Ɔyɛɛ adwuma sɛ mmranimfoɔ ansa ɔrekɔ wura amanyɔsɛm mu. Ɔyɛ Ɔkristoni.[3]

Adwuma sesa

Ɔyɛ adwuma sɛ a mmranimfoɔ na ɔyɛ kane mmrahyɛbedwani ma Asikuma Odoben Brakwa mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mfinimfin mantɔw mu.[3]

Amanyɔsɛm sesa

Yɛpaw Fosu baa mmarahyɛbadwa mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa mu wɔ bere a ɔdii nkunim wɔ Ghana afanan nyinaa abatoɔ no mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia mu wɔ Ghana afanan nyinaa abatoɔ mu no, ɔnyaa akwanya bio baa mmarahyɛbedwafie mu bere ɔdii Paul Collins Appia-Ofori a ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party no mu nipa so a ɔnyaa mma a yɛkabom a ne mu ɔha nkyekyɛmu aduonan nson ne akyiripɔ aduonum a ɛgyina hɔ ma mma mpem dunkron ahanum ne aduonu mmiɛnsa bere neɛ ɔne no reprɛ no nso nyaa mma mpem dummiɛnsa ahansia ne aduonan baako a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa mmiɛnsa ne akyiripɔ eduonu. Ɔdii nkuguo wɔ mfeɛ mpem mmienu Ghana nyinaa abatoɔ no mu wɔ bere a Paul C. Appiah Ofori a ɔnyaa mma ɔha nkyekyɛmu aduonum baako ne akyiripɔ eduokron a ɛgyina hɔ ma mma mpem adusia ahanu ne aduonu num dii ne so nkonim a Fosu nso nyaa mma ɔha nkyekyɛmu eduonan mmiɛnsa ne akyiripɔ aduanan a ɛgyina hɔ ma mma mpem du mmiɛnsa ahanum ne aduonum nkron.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/central/68/index.php
  2. https://www.graphic.com.gh/news/politics/six-in-hot-contest-at-asikuma-odoben-brakwa.html
  3. 3.0 3.1 3.2 Ghana Parliamentary Register 1992–1996. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 197.
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/central/68/index.php