Emmanuel Baah Danquah

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Emmanuel Baah Danquah yɛ obi a ɔyɛ amanyɔsɛm wɔ Ghana man mu. Na ɔka Ghana repɔbric a ɔto so nnan (4th republic of Ghana) mmrahyɛbadwa a ɔto so ebien no ho. Na Baah Danquah yɛ ananmu si ni ma Asutifi North mpɔtɛmfo no wɔ Ghana mmrahyɛbadwa fie na amanyɔkuw a na odi wɔn anim nye National Democratic Congress (NDC).[1][2]

Emmanuel Baah Danquah
Member of Parliament for Asutifi North Constituency
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Ne ho asɛm
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaeducationist

N`abrabɔ ne ne skuulkɔ sesa

Afe 1961, Ɔgyefuo bosome no da ɔto so 20 mu na wɔwoo Emmanuel Baah wɔ Bono Ahafo Mantɔw a ɛwɔ Ghana no mu. Ɔgyee abodin ( Bachelor of Arts) a ɔfa senea yɛtoto nneɛma ho wɔ Ghana suapɔn kɛseɛ (University of Ghana) no mu. Ɔyɛɛ adwuma sɛ adekyerɛfo ansa na ɔde ne ho rewura amanyɔsɛm mu.

Amanyɔsɛm Akwantu sesa

Emmanuel hyeɛɛ n`amanyɔw akwantu no ase fii 1961 afe no mu wɔ Bono Ahafo mantɔw nbo mu wɔ Ghana aber ɔdii nkonim wɔ Ghanafoɔ mmrahyebadwafo abatoɔ a wɔtoo no afe 1992, pɛnimma bosome no da ɔto so 29 mu.[3]

Wɔsan too aba yii no wɔ Gaana repɔbric a ɔto so nnan (4th republic of Ghana), mmrahyɛbadwa a ɔto so ebien no aba a Ghanafoɔ toi no wɔ afe 1996 mu no ma osii ne mpɔtɛmfoɔ anan bio. Wɔn a ɔde wɔn akyi kaa fam no nye, Georges Nsiah-Afriyie a ɔyɛ amanyɔkuw New Patriotic Party(NPP) mu ni ne Michael K.Manu a ɔno nso yɛ amanyɔkuw People's National Convention(PNC) mu ni. Emmanuel nyaa aba no mu ɔha mu nkyekyɛm aduanan ne akyiripɔw nnwɔtwe (40.80%), kyerɛ, nnipa dodow a wɔto maa no. Afei Georges nso nyaa ɔha mu nkyekyɛm aduasa nnum ne akyirpɔw nsia (35.60%) na Michael so nyaa ɔha mu nkyekyɛm baako ne akyirpɔw ko (1.10%).

Wɔ afe 2000 Ghanafoɔ mmrahyebadwa abatoɔ no mu no, Paul Okoh a ofi New Patriotic Party amanyɔkuw no mu no dii nkonim wɔ Emmanuel so wɔ aber onyaa aba no mu ɔha mu nkyekyɛm aduanan nkron ne akyirpɔw baako (49.10%) na Emmanuel Baah nso nyaa ɔha mu nkyekyɛm aduanan nnan ne akyirpɔw ko (44.10%) no.

Beaɛ a minyaa mmoa fii sesa

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/brongahafo/42/index.php
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Delegation-for-ACP-EU-Assembly-leaves-for-France-6008
  3. http://archive.ipu.org/parline-e/reports/arc/2123_92.htm