Fanteakwa North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Fanteakwa North(About this soundpronunciation of"Fanteakwa North")  ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam no ho. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Fanteakwa North wɔ Fanteakwa mansini wɔ a ɛwɔ apueɛ mantam wɔ Ghana.

Fanteakwa North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniFanteakwa Mansini
MantamEastern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPKwabena Amankwah Asiamah

Ɛhyeɛ sesa

Mpɛsoa no hyɛ Fanteakwa mansini a ɛwɔ Ghana apueɛ mantam.

Mmarahyɛbedwafoɔ sesa

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no wɔ Fanteakwa North no nnipa baako pɛ na ɔgyina wɔ saa mpɛsoa no so a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu, wɔfrɛ no Kwabena Amankwah Asiamah.

Abatoɔ sesa

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia Ghana mmarahyɛbedwafoɔ[1] abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Fanteakwa North no, nnipa nan na wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a na wɔgyina hɔ am mpɛsoa no. Kwabena Amankwah Asiamah a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party no nyaa mma mpem du baako, ahasa ne aduasa (11,330) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum mmiɛnsa akyirepɔ nan.(53.04 Abass Fuseini Sbaabe nso nyaa mma mpem nkron, ahanan ne aduoson mmienu (9,472) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nan akyirepɔ du num (44.15%). Nkansah Amos nso nyaa mma ahanan ne aduowɔtwe mmiɛnsa (483) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ aduonu num (2 .25%), a ɔwɔ progressive peoples party. Nea ɔnyaa aba ketewa no wɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party a wɔfrɛ no Ohene Nyarko Solomon, nyaa mma ɔha ne aduonu baako a wɔ ɔhamu nkyekyɛmu mu no ɛbɛyɛ akyirepɔ aduonum nsia.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Fanteakwa North Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-04-14.