Fortunate Atubigu

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Fortunate Atubiga(wɔwoo no kitawonsa bosome da a ɛtɔ aduonu nson, afe apem ahankron aduonum) yɛ Ghana manyɔni. Na ɔyɛ mmarahyɛbedwa wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛdi kan ne nea ɛtɔ so mmienu wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana a ɔgyina hɔ ma Binduri mpɛsoa a ɛwɔ atifido apueɛ mantam wɔ Ghana.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua. sesa

Wɔwoo Atubigu kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson,, afe apem ahankron aduonum wɔ atifido apueɛ mantam wɔ Ghana. Ɔkɔɔ sukuu wɔ"GCE ordinary Level".

Amanyɔsɛm. sesa

Wɔtoo Atubiga so aba yii no deɛ ɛdi kan wɔ mmarahyɛbedwafie a na ɔyɛ "National Democratic Congress" amanyɔkuo wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa no mu berɛ a wɔdaa no adi sɛ ɔno na adi nkunim wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ a ɔtoo no ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nnwɔtwe wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu no mu.[2] Ɔsane nso baa aban mu wɔ afe apem ahankron aduokron nsia Ghana abatoɔ[3] mu a ɔnyaa mma apem, ahanson ne nan firii mma mpem aduonu, ahasa ne aduoson mmiɛnsa mu a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduanan akyirepɔn aduoson sene Asaana Dunstan Ayaribilla mma mpem num, ahannwɔtwe ne nsia a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduonu mmienu akyirepɔn du, Mustafa nyaa mma mpem, ahansia ne aduonum nan a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu du akyirepɔn du ɛna Francis Aboko Ayariga nyaa mma apem, ahanu ne nkron a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔn aduosia wɔ mma no nyinaa mu.[4] Achidago Bernard Akugri a ɔwɔ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" na ɔdii n'adeɛ wɔ mpem mmienu Ghana abatoɔ no mu.[5]

N'abrabɔ. sesa

Atubigu yɛ kristoni.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ. sesa

  1. [1] Book title: Ghana Parliamentary Register 1992–1996 Publisher: Ghana Publishing Corporation Date: 1993 Page: 101
  2. [3] Ghana Parliamentary Register 1992–1996. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 353.
  3. [4] FM, Peace. "Parliament - Binduri Constituency Election 2012 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 15 October 2020.
  4. [5] FM, Peace. "Parliament – Binduri Constituency Election 1996 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 15 October 2020.
  5. [6] FM, Peace. "Parliament – Binduri Constituency Election 2000 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 15 October 2020.