Francis Adu-Poku

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Francis Adu-Poku
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Asunafo South Mpɛsoa so
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Ne ho asɛm
Awo bere21 May 1959
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaSociologist

Abrabɔ ahyɛaseɛ sesa

Wɔwoo Francis wɔ Kotonima bosome da a ɛtɔ so eduonu baako (21) wɔ afe apem aha-nkron aduonum (1959) mu wɔ Bono Ahafo Mantam wɔ Ghana. Ɔnyaa abɔdin krataa ( Bachelor of Arts) wɔ Sociology ne Geography frii Kwame Nkrumah Suapɔn ma abɔdeɛmu nyansapɛ ne abɛɛfo. Ɔyɛ adwuma sɛ sociology ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu.[1][2]

Amanyɔsɛm sesa

Francis hyɛɛ n'amanyɔsɛm akwantuo wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmiɛnsa mu (1993) wɔ aberɛ a ɔdi nkunim wɔ 1992 Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ a ɛkɔ so Ɔpɛnimma bosome no da a ɛtɔ so eduonu nkron (29) wɔ afe 1992 mu.[3]

Wɔ san to aba ma no kɔɔ mmarahyɛbedwam a ɛtɔ so mmienu wɔ kwasafoman a ɛtɔ so anan wɔ Ghana aberɛ a odi nkunim wɔ 1996 Ghana abatoɔ no mu. Ɔdi nkunim wɔ Emmanuel Kuffuor a ɔgyina ma amanyɔkuo NPP ne Yaw Ohene Manu a ɔgyina ma National Independence Party so. Ɔnyaa mma no mu 42.90% wɔ mma a wɔ to yɛ no nyinaa mu wɔ aberɛ a amanyɔkuo NDC anaamusini no ne NIP anaamusini no nyaa 20.80% ne 10.60%. Ɔhweree n'akonnwa no abre a George William Amponsah a ɔwɔ amannyɔkuo New Patriotic Party mu no di ne so nkunim wɔ afe 2000 Ghana abatoɔ mu

Beaɛ a menyaa mmoa sesa

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/brongahafo/41/index.php
  2. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/cop-adu-poku-retd-heads-eoco.html
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/brongahafo/41/index.php