Francis Bawaana Dakurah

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Francis Bawaana Dakura yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu ni a ɔgyina Jirapa Mansin a ɛwɔ Upper West mantam no ananmu wɔ National Democratic Congress tekiti so[1]

Francis Bawaana Dakura
Member of the Ghana Parliament
for Jirapa Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere17 October 1961 (1961-10-17) (age 62)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua sesa

Wɔwoo no wɔ Ahinime, du-nson, afe Apem Ahankron ne Aduosia-baako(1961).Owiee St. Andrews Sukuupɔn a ɛwɔ Fife, Scotland. Ɛhɔ na onyaa Ph.D. ne M.LITT Masters abodin krataa. Bio nso, ɔwɔ Master’s degree wɔ University of London Goldsmiths College, B.A. a onyaa nidi wɔ Havering College a ɛwɔ United Kingdom, ne Diploma wɔ Institute of Social Sciences. Wɔyɛ Chartered Institute of Secretaries ne Administrators CISA Awiei wɔ UK.[2][3]

Amanyɔsɛm sesa

Dakura yɛ mmarahyɛbadwani ma Jirapa Abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Ghana atifi Atɔeɛ mantam (Upper West Region). Ɔdi saa dwuma yi wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu. amnkyiniiɛ amanyɔkuo Ɔde National Democratic Co-NDC gress tso skiti sii akafe an wɔ 201 Ghana amansan abatoɔ.ɔdii nkunim wɔ Jirapa nyaa mmarahyɛbadwa akondwa no. Ɔde mma 15, 390, a ɛgyina hɔ ma mma ɔha nkyekyem 59.29% . Ɔdii wɔn a ɔne wɔn sii akan no nyinaa so nkonim wɔ abatoɔ no mu. Paul Derigubaa a ɔfir Kyiniiɛ amanyɔkuo

National Democratic Congress-NDC no nyaa mma no 8, 249 a ɛgyina hɔ ma 31. 78% New Patriotic Party-NPP kandifoɔ Kpieta Jesse Sungnsoanyaa mma no mu 2, 071 a ɛgyina hɔ ma 7.98%, ɔkandifoɔ a ɔfiri Convention people’s party Bagbulo Joseph nso ɔnyaa mma 90 a ɛgyina hɔ ma a 0.35% , Kaawasan Petterri a ɔfiri GCPP nyaa abatoɔ 89 a ɛgyina hɔ ma 0.34% na APC mmarahyɛbadwa kandifo Paalee Jacqueline nyaa abatoɔ 70 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ no nyinaa mu [4][5]

N'ankasa Abrabɔ sesa

Ɔyɛ VALCO abadwakuo no mu ni. Ɔyɛ nnipa ammamerɛ ho ɔbenfo.  Ɔsan nso yɛ dwadifoɔ ne okuani. Ɔbenfo Dakura yɛ obi a ɔde n’ani si nnipa so, ɔde n’adwene si nneɛma so na ɔhwɛ n’anim. N'ani ku  adwuma ho yie pa ara.  Ɔyɛ okristoni a ɔdan  Onyankopɔn adeɛ Nyinaa mu. Na Berɛ nyansa ɔda  ɔtumfoɔ no  ase wɔ akyɛdeɛ soronko  ahodoɔ  a ɔde ama no na ɔnam so sɔ amansan haw adodoɔ ano   wɔ nnɛ yi. Ɔyɛ abɔdeɛ mu nyansapɛ ne mfididwuma adwumayɛni. Wadi dwuma wɔ abadwakuo bebree mu. [6]

baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. Francis Bawaana Dakura, Biography, retrieved 2023-10-16
  3. Dakura, Francis Bawaana (in American English), retrieved 2023-10-16
  4. Peace FM, Jirapa Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-10-16
  5. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2016 Results - Jirapa Constituency, retrieved 2023-10-16
  6. Felix Mkiwa (2018-09-07), Dr. Francis Bawaana Dakura Bio (in English), retrieved 2023-10-16