New Patriotic Party (NPP)

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

New Patriotic Party (NPP)amanyɔkuo yɛ amanyɔkuo a ɛwɔ Ɔman Ghana mu.[1][2][3] Firi berɛ a Ghana yɛɛ ka bi ma me nka bi wɔ afe apem ahankron aduokron-mmienu (1992) mu no, abɛyɛ amanyɔkuo kɛseɛ a ɛka amanyɔkuo akɛseɛ mmienu wɔ Ghana amanyɔsɛm mu.[4][5] John Kufuor a ɔfiri NPP amanyɔkuo mu no yɛɛ Ɔmampanyin firii afe mpem mmienu ne baako (2001) kɔpem afe mpem mmienu ne nkron (2009).[6] Wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so Ɔpɛnimaa bosome ne da a ɛtɔ so nson (Ɔpɛnimaa 7,2004), amanyɔkuo no nyaa nkonwa ɔha ne aduonu-nkron(129) firii ahanu-aduasa (230).[6] NPP amanyɔkuo nipa yɛ Kufuor, a ɔsane yii no sɛ ɔmampanyin bio a ɔde ɔha nkyekye mu aduonum-mmienu ne akyiripɔ nson ne nnum(52.75%) wɔ mma no mu. New Patriotic amanyɔkuo no ahyensodeɛ yɛ ɔsono ɛnna wɔn ahosuo nso yɛ kɔkɔɔ, fitaa ne bibire.

Wɔ afe 2008 Ghana abatoɔ mu, NPP amanyɔkuo no kannini Nana Akufo-Addo dii nko guo wɔ ɔmanpanyin akonwa no, Akufo-Addo nyaa 49.77% wɔ mma no mu , ɛnna John Atta Mills (NDC) nso nyaa 50.23%. Wɔ afe 2012 abatoɔ mu no, NPP amanyɔkuo no sane dii nko guo bio wɔ mma Electoral Commission of Ghana (EC) de bɛtoo dwa. Nana Akufo-Addo nyaa 47.74% wɔ mma no mu, berɛ a NDC kannini John Mahama nyaa 50.7% a na NPP foɔ susu sɛ korɔnoo.[7] Wɔn sane yii Akufo-Addo ne mprɛnsa soɔ sɛ ɔkannnini wɔ afe 2016 abatoɔ mu ɛmaa no dii Mahama son nkunim berɛ a ɔnyaa 53.83% wɔ mma no mu.

Abatoɔ so nsonsonsoɔ sesa

 
2nd President of the New Patriotic Party, John Agyekum Kufuor at the 33rd G8 summit in Mecklenburg-Vorpommern, Germany (Kufuor in front, second from the left)

New Patriotic Party agyina abatoɔ biara akɔso ɔman yi mu firi sɛ Ghana bɛyɛɛ adehyeman a ɛtɔ so nnan wɔ afe 1992, wɔ mmarahyɛbadwa akonwa no deɛ wanyena bi wɔ afe 1992 abatoɔ mu.New Patriotic amanyɔkuo no gyae 1992 mmarahyɛbadwa abatoɔ firi sɛ wɔsusu sɛ ɔmampanyin abatoɔ a ɔtoo no ntɛm wɔ afe 1992 no ɔwia mu. New Patriotic Party amanyɔkuo no twerɛ nwoma a ɔtoo din sɛ " Korɔno atɛmmuo" de kyerɛ ɔyɛkyerɛ a ɔrebɛyɛ atia 1992 ɔmampanyin akonwa abatoɔ no.

New Patriotic amanyɔkuo yɛhu ne sɛ ɛfiri United Gold Coast Convention amanyɔkuo no mu na ɛbae ɛnna ɔde wɔn ho kɔdɔm United Party amanyɔkuo wɔ afe 1950s, ɛnna Progress Party amanyɔkuo wɔ afe 1960s, ɛnna Popular Front Party amanyɔkuo wɔ afe 1970s ne All People's Party amanyɔkuo wɔ afe 1980s.

Mfeɛ pii akyi a sogya dii Ghana so wɔ ɔmampanyin Jerry John Rawlings aberɛ so, ɛno na ɔne te man mu foɔ tenaa ase hyehyɛɛ mmara maa ɔman no too so aba. Berɛ Ghanafoɔ gyee mmara foforɔ no too mu wɔ afe ahankron aduokron mmienu, Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nnwɔtwe, ( Oforisuo 28,1992), ɛboɔ ɔde too amanyɔsɛm wɔ Ghana no ɔyi firii hɔ maa amanyɔkuo no firii aseɛ yɛɛ adwuma. NPP amanyɔkuo no mpanimfoɔ de ekuo no sii hɔ. Deɛ na ɔkura frankaa no ne Professor Albert Adu Boahen, nwomanimni wɔ ɔmampanyin Rawlings aban mu. Nanso , NPP amanyɔkuo no dii nko guo wɔ afe 1992 abatoɔ mu wɔ National Democratic Congress, Eagle Party ne National Convention Party a na wɔn frankaa kurafoɔ ne Jerry John Rawlings. NPP amanyɔkuo anyina mmarahyɛbadwafie akonwa no bi nti wɔn anni nkunim wɔ mu biara.

NPP amanyɔkuo sane dii nko guo wɔ afe 1996 abatoɔ mu maa Rawlings' amanyɔkuo dii nkonim nanso na wɔn frankaa kura foɔ ne John Kufuor. Wɔ afe 2000 ne 2004 abatoɔ mu no, John Kufuor dii nkonim wɔ abatoɔ no mu.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Online, Peace FM. "Shatta Wale Sends Message To NPP Over E-Levy Bill (VIDEO)". Peacefmonline.com - Ghana news. Retrieved 2022-02-04.
  2. "'NPP tradition must go on' - Hopeson Adorye defends choice of Alan". GhanaWeb (in English). 2022-05-16. Archived from the original on 2022-10-13. Retrieved 2022-05-17.
  3. "Journalist attacked for filming altercation at NPP constituency election at Ajumako - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2022-05-16. Retrieved 2022-05-17.
  4. Kumasi (5 October 2012). "NPP Has Track Record… of protecting the public purse, says Nana Addo". The Chronicle. Archived from the original on 7 October 2012.
  5. "NPP isn't currently effective, its leadership must be changed - Charles Bissue". GhanaWeb (in English). 2022-05-15. Archived from the original on 2022-10-13. Retrieved 2022-05-17.
  6. 6.0 6.1 "Ghana's 'gentle giant' re-elected". BBC. 10 December 2004.
  7. "Ghana election: John Mahama declared winner". BBC. 10 December 2012.