Mmarahyɛbadwafie


Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wɔ nnɛ mmerɛ yi mu amanyɔsɛm ne abakɔsɛm mu no, Mmarahyɛbadwafie (About this soundpronounciation of "Mmarahyɛbadwafie" ) anaa Mmarahyɛbadwam yɛ baabi a wɔhyɛ mmara de ma ɔmamfoɔ. Mpɛn pii no, mmarahyɛbadwa biara wɔ dwumadie titire ahodoɔ mmiensa: sɛ wore si wɔ mamfoɔ no ananmu wɔ mmarahyɛbadwam hɔ, sɛ worehyɛ mmara ama ɔmamfoɔ no, ɛna sɛ wobɛhwɛ aban no dwumadie so berɛ a woretietie na woreyɛ nsɛm mu nhwehwɛmu. wɔn dwumadie ne wɔn a yɛfrɛ wɔn sɛ senate, synod anaa congress dwumadie yɛ pɛ na wɔtae hunu no wɔ aman ahodoɔ a ɔhene anaa ɔhemaa adi wɔn so pɛn anaa gu so redi wɔn so. Aman ahodoɔ no bi wɔ hɔ a sɛ wɔka sɛ Mmarahyɛbadwafie anaa mmarahyɛbadwam a na worekyerɛ mmarahyɛbadwam dwumadie ahodoɔ no nko ara, na mmom ɛbinom nso wɔ hɔ a wɔtumi dekyerɛ biribi foforɔ. (sɛ ɛbia Ghana mmarahyɛbadwam).[2]

The facing benches of the House of Commons of the United Kingdom are said to contribute to an adversarial style of debate.[1]
Knesset, the parliament of Israel
The House of Representatives of Japan
The Federal Assembly of Switzerland

N'ABƆSEƐ sesa

Mmarahyɛbadwam yɛ asɛmfua a ɛfiri Borɔfo kasa mu, na wɔnya firii Anglo-Norman wɔ 14th century berɛ no mu, a na ɛfiri 11th century French foɔ asɛm a wɔfrɛ no sɛ "parlement" a asɛkyerɛ wɔ Borɔfo mu ne "discussion, discourse", a ɛfiri asɛmfua "parler" mu, a ɛno nso asekyerɛ ne sɛ "to talk".[2] ɛhɔ na asɛm no asekyerɛ firi baeɛ a na ɛtumi gyina hɔ ma anobaebae biara, ne nkitahodie biara, anaa sɛ wone obi redi biribi ano berɛ a wonam akwannuasa nyinaa so. wɔ 15th century mu no, Britain foɔ, faa asɛm no maa no bɛgyinaa hɔ maa mmarahyɛbadwam.[3]

Mma a wɔwɔ mmarahyɛbɛdwam sesa

Mmarahyɛbadwa ahodoɔ wɔ amanaman so sesa

Ɔman biara wɔ sedeɛ ɔfrɛ ne mmarahyɛbadwam. deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ edin ahodoɔ a amanaman biara de frɛ mmarahyɛbadwa no

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Rush, Michael (2005). Parliament Today. Manchester University Press. p. 141. ISBN 9780719057953.
  2. 2.0 2.1 http://www.etymonline.com/word/parliament
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Oxford_English_Dictionary
  4. "10% Share of women in parliament". Our World in Data. Archived from the original on 15 February 2020. Retrieved 15 February 2020.
  5. "20% Share of women in parliament". Our World in Data. Archived from the original on 15 February 2020. Retrieved 15 February 2020.
  6. "30% Share of women in parliament". Our World in Data. Archived from the original on 15 February 2020. Retrieved 15 February 2020.