United Gold Coast Convention

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Na United Gold Coast Convention (UGCC) yɛ amanyɔkuo a wɔtee no wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson a wɔn botaeɛ ne sɛ wɔde Ghana faahodie bɛfiri British Colonial mpaninfoɔ berɛ a Second World Wae no kɔɔ awieeɛ.[3] United Gold Coast Convention yii ne mpanimfoɔ a na Kwame Nkrumah, a na ɔyɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ ka ho. Berɛ a wɔbɔɔ Nkrumah soboɔ wɔ n'adesua mu no, wɔkyerɛ no de no tomm.[4] UGCC afedie no tɔɔ fam na Kwame Nkrumah kɔtee Convention People's Party (CPP) a ne botaeɛ ne sɛ ɔno nkoaa bɛboa ɔman.[5]

United Gold Coast Convention
ƆkandifoɔGeorge Alfred Grant
SecretaryKwame Nkrumah
SpokespersonKwame Nkrumah
FounderJ. B. Danquah
The Big Six
Bre a wɔde sii hɔ4 August 1947
Dissolved1952
AsoɛeAccra
IdeologyConservatism[1][2]
Political positionCentre-right[1]
1951 elections2

Abakɔsɛm sesa

Wɔ afe apem ahankron ne aduanan mu no, abibirem dwadifoɔ bi te sɛ George Alfred Grant ("Paa Grant"), ayɛ krado sɛ wɔbɛboa amanyɔkuo anamɔntuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛkyerɛ yɛn ɔpɛpa a wɔwɔ a wɔde bɛda basabasayɛ ne ateetee nnoɔma a ɛkɔɔ so mu. J.B Danquah na ɔyɛ amanyɔkuo no kɔfabaeɛ wɔ ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson mu a na ahemfo, animdefoɔ ne mmaranimfoɔ,[6]R.A Awoonor-Williams, Robert Samuel Blay, Edward Akufo-Addo ne Emmanuel Obetsebi-Lamptey ka ho.[7]

ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so du mu wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson mu no, Kwame Nkrumah sane kɔɔ Gold Coast, ɔgyee Danquah adesrɛ krataa a ɛse ɔmmɛyɛ UGCC twerɛtwerɛfoɔ. Ebenezer Ako-Adjei a na ɔka nnipa akukudam nsia no ho no dii Nkrumah ho adanseɛ berɛ a wɔreto nsa afrɛ no no, berɛ a ɔhyiaa no wɔ Lincoln Suapɔn. [8]Na wɔma Nkrumah £250 akatua na Paa Grant tuaa kodoɔ a ɛfiri Liverpool a ɛwɔ England ka de no baa Gold Coast.[9] Danquah ne Nkrumah ampene kwan a wɔpɛ sɛ wɔde faahodie anamɔntuo no fa na obiara faa ne kwan mfeɛ mmienu akyi.[10] Nkrumah kɔɔ so tee Convention People's Party wɔ afe apem ahankron ne aduanan nkron na ɛbɛyɛ ɔmanpanin a ɔdikan a ɔgyee faahodie maa Ghana. [10]Nkrumah ne ekuo mma no hyiaa mu wɔ Saltpond, kuro a ɛwɔ mfimfini mantam. Wɔkyerɛ sɛ Nkrumah poo nnipa faahodie anamɔntuo a n a wɔpɛ sɛ wɔtu.[11] UGCC ammɔ mmɔden wɔ afe apem ahankron ne aduonum baako abatoɔ nom,wɔnyini nkonwa mmienu pɛ. Afe a na ɛdi soɔ , wɔne National Democratic Party ka bomm a ɛhaa CPP kuo mma no, maa wɔtee Ghana Congress Party.[12]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 Aubynn, Anthony Kwesi (2002). "Behind the Transparent Ballot Box: The Significance of the 1990s Elections in Ghana". Multi-Party Elections in Africa. James Currey. p. 77.
  2. Firmin-Sellers, Kathryn (1999). "The Concentration of Authority: Constitutional Creation in the Gold Coast, 1950". Polycentric Governance and Development. University of Michigan Press. p. 191.
  3. https://dx.doi.org/10.5040/9781474249454.ch-009
  4. https://dx.doi.org/10.1093/ww/9780199540884.013.u158013
  5. https://dx.doi.org/10.2307/j.ctvk3gm60.9
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/Ohio_University_Press
  7. https://www.graphic.com.gh/news/politics/ghana-pays-tribute-to-founders.html
  8. https://dx.doi.org/10.2307/j.ctvk3gm60.9
  9. Birmingham, David, Kwame Nkrumah: The Father of African Nationalism (revised edition), Ohio University Press, 1998.
  10. 10.0 10.1 https://dx.doi.org/10.1628/978-3-16-158695-8
  11. https://dailyguidenetwork.com/283102-2/
  12. "The Gold Coast on trial: parties and personalities of the new order". The Times. 4 June 1951.