Frederick Kwesi Apaloo CV FGA JSC(wɔwoo no Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nkron wɔ afe 1921 na Oforisuoda ɛtɔ so mmienu wɔ afe 2000 na ɔwuiɛ) yɛ Ghana mmaranimni ne Ɔtɛmmuafoɔ a na ɔyɛ Kenya Ɔtɛmmuafoɔ Panyin wɔ afe 1993 kɔsii 1995 ne Ɔtɛmmuafoɔ Panyin wɔ Ghana firii afe 1977 kɔsii 1986.Ɔyɛ Ɔtɛmmuafoɔ a ɔdi kan a wabɔ Ghana Asɛnnibea Kunini no mu wɔ Ghana amansan ahodoɔ mmiɛnsa ase.

MMƆFRASE sesa

Wɔwoo Apaloo wɔ Woe,akuraa bi a ɛbɛn Keta wɔ Volta mantam a ɛwɔ Ghana,a saa berɛ no na wɔfrɛ no Gold Coast no mu.Berɛ a Ɔdii mfeɛ nson no, ne papa wuiɛ,enti ne wɔfa a ɔyɛ Kadjebi agudifoɔ no hwɛɛ no kɔsii sɛ ɔkɔ sukuu.Ɔkɔɔ sukuu wɔ Accra Academy wɔ Accra a ɔwiee wɔ afe 1942 mu.Ayire yi ɔsuaa mmara wɔ Hull University College.

ATƐMMUAFOƆ ADWUMA sesa

Wɔ afe 1950 mu no, Middle Temple frɛɛ Apaloo ma ɔkɔyɛɛ England mmaranimfoɔ. Akyire yi,ɔsan kɔɔ Ghana kɔyɛɛ mmaranimfoɔ.Ɔbɔɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ Anloga basabasayɛ a ɛbaa Britain amammuosɛm mu no ho ban.Berɛ a Ghana nyaaa ahofadie firii Britain nnisoɔ ase no,wɔyɛɛ no Ɔtɛmmuafoɔ kɛseɛ wɔ afe 1960 mu.Wɔ afe 1964 mu no, ɔdii nnipa num a wɔn mu mmiɛnsa yɛ Ɔmanpanyin Kwame Nkrumah nnamfo no anim wɔ ɔman mu nkoasom ho.Na wɔyɛ Tawia Adamafio,nsɛm ho amanneɛbɔ sohwɛfoɔ,Ebenezer Ako-Adjei,amannɔne sohwɛfoɔ ne Hugh Horatio Cofie Crabbe,Convention People's Party a ɛwɔ tumi saa berɛ no twerɛfoɔ[1].Ɔtɛmmuafoɔ foforɔ no mu baako ne Edward Akufo-Addo a akyire yi ɔbɛyɛɛ ɔtɛmmuafoɔ panyin wɔ afe 1966 mu na ɔbɛyɛɛ Ghana Mpanyin wɔ afe 1970 mu.Saa atɛmmuo no maa Ɔmanpanyin a na ɔdi adeɛ saa berɛ no,Nkrumah bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte atɛmmuafoɔ no ho.Wɔpaa no Kɔɔto a wɔde asɛm kɔdan no wɔ afe 1966 mu ne Ghana Asɛnnibea Kunini mu wɔ afe 1971 mu[2].

GHANA ASƐNNIBEA KUNINI sesa

Wɔpaa no sɛ Ghana Ɔtɛmmufoɔ Panyin wɔ afe 1977. Na ɔyɛ onipa a ɔto so nsia a ɔdi saa diberɛ yi so firi berɛ a Ghana bɛyɛɛ ɔman a edi mu no.Yei sii wɔ Ghana Ɔsraani Panyin no berɛ so. Berɛ a Hilla Limann dii adeɛ wɔ ɔman no mu wɔ Ɛbɔ,afe 1979 mu no, People's National Party aban no bɔɔ mmɔden sɛ wobɛsi no ananmu sɛ Ɔtɛmmufo Panyin a ɔwɔ hɔ no deɛ ɛnam so a wɔhyɛɛ no sɛ ɔnhwehwɛ adwuma a na ɔyɛ dada no mu.Ghanani bi a wɔfrɛ no Amoako Tuffuor de asɛm no kɔɔ Asɛnnibea Kunini no anim, na ɔtɛmmufo panyin, Ɔtɛmmufo E. N. P. Sowah, a ɔdii n'adeɛ wɔ ne (Apaloo's) pɛnhyen so no, sii agyinaeɛ sɛ Apaloo bɛyɛɛ Ɔtemmufo Panyin wɔ Ghana Manpanyinfoɔ Ahemman a Ɛto so Mmiɛnsa no mu berɛ a Ghana mmara a wɔhyɛeɛ wɔ afe 1979 no baa mu no ara pɛ[3].Ɔyɛɛ adwuma wɔ Ghana manpanyin a ɔtɔ so miɛnsa no mu na ɔtoaa so wɔ Limann aban no a wɔtoo no guiɛ wɔ Ɔpɛnimma da a ɛtɔ so aduasa baako,afe 1981 no akyi. Esiane ne faahodie nti, asraafo aban foforɔ no, Ɔman Gyinaeɛsi Boayikuo a Jerry Rawlings di anim no nso bɔɔ mmɔden sɛ wobɛtu no afiri hɔ sɛdeɛ na Nkrumah abɔ mmɔden pɛn nanso anyɛ yie wɔ 1983 mu no. Ɔgyaee adwuma berɛ a na wadi mfeɛ aduosia num wɔ afe 1986 mu.

KENYA ASƐNNIBEA KUNINI sesa

Na ɔnyaa Kenya Asɛnni Panyin no ho kwan wɔ afe 1993 mu a na ɔnni obi a ɔbɛhyɛ mu ama enti wɔpaa no sɛ Kenya Asɛnni Panyin wɔ Ɔbɛnem,afe 1993 mu[4][5].Wɔkaaeɛ sɛ berɛ a ɔwɔ Kenya no, na ɔmpɛ owuo ho afɔbuo[6].Ɔkɔɔ so yɛɛ Ɔtɛmmufoɔ Panyin kɔsii afe 1995[7],berɛ a Abdul Majid Cockar bɛdii n'adeɛ no[8].

NNOƆMA FOFORƆ sesa

Ɔsan nso somee wɔ Wiase Bank Asɛnnibea no mu firii afe1990 kɛsiiafe 1995 mu.

NANKASA ASETENA sesa

Apaloo waree Georgina Kumasenu wɔ afe 1953 mu. Na wɔwɔ mmammarimaa mmienu ne mmammaa mmiɛnsa[9].

NNIDIE sesa

*Afe 1979 - Volta mantam Ahyɛdeɛ(Ghana)

*Afe1986 - Wɔpaa no sɛ Ghana Academy of Arts and Sciences mu nnipa.

*Afe1993 – Ɔpanin a ɔda Golden Heart ano (Kenya).

NNOƆMA WƆDE GYEGYE WƆN ANI sesa

Nneɛma a na Apaloo ani gye ho no bi ne asa, hyɛmma, golf ne tennis.

HWƐ YEI NSO sesa

*Ghana Asɛnnibea Kunini.

*Ghana Asɛnnibea Kunini no atɛmmuafoɔ din.

NKYERƐKYERƐMU sesa

  1. "Ghana: Double & Deadly Jeopardy". Time. 19 February 1965. Archived from the original on 17 September 2010. Retrieved 20 February 2010., {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  2. "Fred Apaloo". The Daily Telegraph. London. 9 June 2000. Retrieved 20 February 2010., {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. "[December]", The Papers of Thomas Jefferson, Volume 31, Princeton University Press, pp. 250–285, retrieved 2023-03-30
  4. news-from-human-rights-watch-no1c-accountability-for-human-rights-violations-in-aceh-march-2002-45-pp, retrieved 2023-03-30
  5. "Vieira de Mello, Dr Sergio, (15 March 1948–19 Aug. 2003), United Nations High Commissioner for Human Rights, since 2002; United Nations Special Representative to Iraq, 2003", Who Was Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2023-03-30
  6. http://dx.doi.org/10.17658/issn.2058-5462/issue-21/lnead/p45, retrieved 2023-03-30 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  7. http://dx.doi.org/10.17658/issn.2058-5462/issue-13/sbdullah/figure22, retrieved 2023-03-30 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  8. immigration-newsletter-vol23-no1-july-1995-20-pp, retrieved 2023-03-30
  9. http://dx.doi.org/10.17658/issn.2058-5462/issue-13/sbdullah/figure22, retrieved 2023-03-30 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)