Fritz Baffour

Ghana amanyɛfo ne nsɛmtwerɛni
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Fredric Fritz Baffour (wɔwoo no 11 Oforisuo 1952) yɛ Ghana nsɛm ho amanneɛbɔfo, amanyɔni ne nkitahodiɛ ho ɔfotufo. Na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni a ɔhwɛ Ablekuma South mantam so wɔ Ghana mmrahyɛbagua no mu ne Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Amanneɛbɔ so wɔ Mills nniso no mu.[1][2]

Hon
Fritz Baffour
Member of the Ghana Parliament
for Ablekuma South
Bere
Jan 2009 – Jan 2017
OdikanfoTheresa Amerley Tagoe
AnanmusiniAlfred Vanderpuije
Ɛdɔm keseɛ5,283
Minister for Information
Bere
Jan 2012 – Dec 2012
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoJohn Tia
Ne ho asɛm
Awo bere11 March 1952 (1952-03-11) (age 72)
Accra, Ghana
Ne manGhanaian
RelationsR. P. Baffour
N'adwumaJournalist, media consultant

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Baffour wɔ 11 March 1952 wɔ Korle Gonno wɔ Accra, Ghana ahenkuro mu. Na ne papa yɛ R. P. Baffour a ɔyɛ adesua ho ɔbenfo ne Ghana mfiridwumayɛfo a wodii kan no mu biako ne saa ara nso na na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanyin Abadiakyiri a odi kan wɔ Kwame Nkrumah Sukuupɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma So no mu . Na ne maame yɛ awogyefo. Ne ntoaso sukuu wɔ Prempeh College ne Technology Secondary School, abien no nyinaa wɔ KumasiAshanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne GCE Ordinary Level adansedie krataa wɔ afe 1968 mu. Ne adesua a ɛto so asia no wɔ City of Bath College a ɛwɔ Somerset wɔ United Kingdom wɔ 1972 ne 1974 ntam hɔ, na ɔde GCE Advanced Level adansedi krataa wiei. Baffour nso kɔɔ Bristol Polytechnic wɔ 1974 ne 1976 ntam hɔ. Fritz Baffour yɛɛ master’s degree wɔ Nkitahodi Adesua mu wɔ Leicester Sukuupɔn mu wɔ afe 2007 ne 2012 ntam hɔ.[2]

Adwuma sesa

Baffour yɛɛ adwuma sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo. Na ɔyɛ ɔyɛkyerɛfo wɔ Ghana Television, TV dwumadibea a ɛwɔ ɔman no dea Ghana Broadcasting Corporation mu sɛ ɔyɛkyerɛfo ne ɔkwankyerɛfo. Ɔsan nso ne Liberia Television, Nigeria Television, Tyne Tees TV UK, Diverse Production wɔ UK ne Back to Back Productions USA ayɛ adwuma. Na ɔyɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo fotufo nso ma Jerry Rawlings aban.[2]

Amanyɔsɛm sesa

Baffour de ne ho hyɛɛ National Democratic Congress no mu fi bere a wɔhyehyɛɛ no wɔ 1991 mu. Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbaguani wɔ Ɔpɛpɔn 2009 mu bere a odii nkonim wɔ Ablekuma Anafo fam agua so wɔ Ghana mmrahyɛbagua abatow mu wɔ afe 2008 mu no. Ɔmampanyin John Atta Mills na ɔpaw no sɛ Ɔsomfoɔ a ɔhwɛ nsɛm so wɔ afe 2012.[2]

Hwɛ nso sesa

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa

  1. Graphic Online (2020-05-23), Let infuse culture in national development
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 ghanaweb.com (2020-05-21), Feitz Baffour, Biography, archived from the original on 2019-09-04, retrieved 2023-10-05

Abɔnten so nkitahodi ne fibea ahorow sesa