Gladys Abena Nsoah

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Gladys Abena Nsoah About this soundsɛnea yɛbɔ "Gladys Abena Nsoah" Ghana amanyɔni. Na ɔyɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwa a ɛtɔ so mmienu wɔ Kwasafoman a ɛtɔso nan wɔ Ghana a ɔgyina hɔ ma Kintampɔ mpɛsoa. Ɔyɛ ekuoba wɔ National Democratic Congress.[1]

Gladys Abena Nsoah
Mmrahyɛbadwani ma Kintampo abatoɔ mpasua so
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 1997 – Ɔpɛpɔn 6, 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Ne ho asɛm
Awo bere25 November 1956
N'adwumaƆkyerɛkyerɛni

Abrabɔ Ahyɛaseɛ. sesa

Yɛwoo Nsoah wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduonum nsia (1956) wɔ Bono Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana. Ɔkɔɔ Kintampɔ mfinimfi sukuu, ɛhɔ na ɔnyaa ne nnwomasua nkrataa. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni ansa na ɔde ne ho kɔwuraa amanyɛsɛm mu.[2]

Amanyɔsɛm nnwuma sesa

Wɔtoo afe apem ahankron ne aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa aba wieɛ wɔ ɔpɛnimaa bosome a ɛtɔso aduonu nkron wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu no, wɔyii Nsoah de no kaa mmarahyɛbedwa a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔso na wɔ Ghanaɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔso nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa mu sɛ ɔno na ɔyɛ ɔkandifoɔ wɔ aba a wɔtoo yɛ no mu. Wɔsane too ne so aba ma no bɛkaa mmarahyɛbedwam wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔso nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson wɔ aberɛ adii nkunim wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia Ghana abatoɔ no mu. Ɔmaa Owusu Debrah a ɛwɔ amanyɔkuo a yɛfrɛ no Convention people's party, James Kwabena Domfeh a ɔwɔ People's National Convention ɛna Emmanuel Kofi Nsiah a ɔno nso wɔ National independence party dii ntwo. Nsoah nyaa ɔha mu nkyekyɛmu aduasa nson akyirepɔn du (37.10%) a ɛne mma mpem aduonu nson, ahanum ne aduonu (27,520) yɛ pɛ ɛna n'asɔretiafoɔ nso nya ɔha mu nkyekyɛmu dunum akyirepɔn aduonu (15.20) a ɛne mpem dubaako, ahaasa ne du nnwɔtwe (11,318) mma yɛ pɛ ɛna ɔhamu nkyekyɛmu num akyirepɔn aduonum (5.50%) a ɛno nso ne mpem nan ne aduosia nson mma yɛ pɛ wɔ ne nnidisoɔ so.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.graphic.com.gh/news/politics/ba-fails-to-increase-number-of-women-mps.html
  2. https://books.google.com.gh/books?id=3NfSjVmaRXkC&q=Gladys+Abena+Nsoah&pg=PA7&redir_esc=y#v=snippet&q=Gladys%20Abena%20Nsoah&f=false