Gladys Boateng

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Gladys Boateng About this soundpronounciation of "Gladys Boateng"  (wɔwoo no afe 1949) yɛ Ghana manyɔni ne ɔkyerɛkyerɛni. Na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma Tema West abatoɔ mpɛsoa no wɔ Nkran punpuni Mantam a ɛwɔ Ghana. Na ɔka mmarahyɛbedwafie a edi kan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nnan no ho.[1]

N'abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua sesa

Wɔwoo Gladys Boateng wɔ Ayɛwohomummɔ da a ɛtɔ so mmienu, afe apem ahankron aduonan nkron. Okura 'Diploma in Art Education' a onyaa wɔ 'Cert 'A' Specialist Training College '.

Adwuma sesa

Na Gladys Boateng ka mmarahyɛbedwafie a edi kan wɔ 'Republic' a ɛtɔ so nnan wɔ Ghana no ho. Ɔkɔɔ aban mu firii Ɔpɛpɔn 7, de kosi ɔpɛpɔn 6, 1997.

Amanyɔsɛm sesa

Wɔtoo aba maa Gladys kɔɔ aban mu wɔ afe 1992 Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress amanyɔkuo no din mu. Na ɔka Mmarahyɛbedwafie A Edi Kan wɔ Ghana 'Republic' a ɛtɔ so nnan no ho.

Ansaa na Gladys rekɔ aban mu no, na Owura Seth Laryea Tetteh na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Tema abatoɔ mpasua no wɔ Ghana 'Republic' a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu. Ofirii aban mu no na Gladys Boateng bɛhyɛɛ n'anan. Berɛ a Gladys firii aban mu no, Abraham Ossei-Aidooh a ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no muni na osii n'anan. Wɔ 1996 Ghana abatoɔ mmerɛ no mu, Abraham nyaa aba a wɔkanee no mu 22,521 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduanan nsia ne akyiripɔw nnum(46.50%). Wɔn a wɔtoo wɔn so aba kaa Abraham ho ne Esther Illan-Agbodo Ogbogu a na ɔyɛ National Democratic Congress amanyɔkuo no muni. Onyaa aba no 15,551,a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem eduasa mmienu(32%). George Alfred Ackah a na ɔyɛ Convention People's Party amanyɔkuo no muni no annya aba no bi.[2][3][4]

N'abrabɔ sesa

Gladys Boateng yɛ Kristoni

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ sesa

  1. https://ghanamps.com/mps-by-year-group/?group=2463
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/greateraccra/135/index.php
  3. https://books.google.com.gh/books?id=5PVDlQka9SUC&q=Gladys+Boateng&redir_esc=y
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1992/greateraccra/135/index.php