Hausa koko

Ɛyɛ Ghana aduane a yɛde ayuo na ɛyɛ
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Hausa kokoGhana aduane a wɔ tɔn wɔ kwan ho a wɔ di no anɔpa, Wɔ betumi nso edi no awia bere.[1][2] Wɔ de atoko ne hwentia, pɛprɛɛ ne nea ɛkeka ho na ayɛ sɛ neɛ ɛbɛ tu nhwa na ama no ahosuo soronko.[3] Yɛ fɛ no hausa koko efi sɛ efri Atifi mamtamu wɔ Ghana. Wɔ tɔn wɔ mmia beberee wɔ Ghana.[2]

Hausa Koko ne Koose

Wɔ taa tɔn Ghana aduane bi a yɛ de adua na ayɛ a yɛ frɛ no Koose,a ya kye wɔ angwa mu anaa Pinkaso anaa Nigeria aduane a yɛ frɛ no akara a yɛ de adua na.[4]

Abakɔsem sesa

Yɛ taa hunu Hausa koko wɔ Abibirem atɔeɛ aman horo mu na wɔ ka sɛ ɛyɛ Atififo aduane, wɔ ka sɛ Hausa fo na ɛto ni din efisɛ atoko yɛ ade a wɔ de yɛ aduan beberee. Ɛyɛ aduane a agye din a wɔ tɔn wɔ ɔman Ghana mbɔnten so.Wɔ taa tɔn no anopa wɔ mbia mbia. Wɔ de asikyire,nkate ne nufusua ka ho ma ne di yɛ dɛ.[5]

 
Hausa Koko wura
 
Hausa Koko wura

Nfaso deɛ sesa

Yɛ de atoko na ɛyɛ Hausa Koko, Magnesium, Manganese, Tryptophan, Calcium, Fibre ne Vitamin B wɔ atoko mu nti saa aduane duro yi nyinaa wɔ Hausa koko mu.

Neɛma a yɛ de yɛ sesa

  • Atoko [1]
  • Akakaduro [2]
  • Pɛperɛ
  • Ɛfɛm wesa
  • Nhentia [3]
  • Nkyen
  • Meko

Ɔkwan a wɔfa so yɛ sesa

  1. Hohoro na fa atoko no gu nsuo mu ma adenkye so
  2. Hohoro na fa akekaduro, pɛperɛ, nhentia ne ɛfɛm wesa ka ho na nyam ma no nfe
  3. Sɔne so mpen mienu na kataso ma ensi ho dɔnhyere anum
  4. Twe mu nsuo na fa si nkyen
  5. Fa nsuo nwono fra nea aka wɔ ase anaa ne nsuo no na fa si nkyen
  6. Nua nsu kakra ma ne huru
  7. Yi nsu no fi gya no so
  8. Fa atoko no a aka no gu mu na fa banku ta nunu mu ko si sɛ emu be pi.
  9. Hausa koko no aben.
  10. Sesa gu bowl mu na fa asikyire gu mu. Fa nufusuo anaa nkate gu mu ma ne nyɛ akɔnɔ.

Beaɛ A Menyaa Mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.thespruceeats.com/hausa-koko-spicy-millet-porridge-39547
  2. 2.0 2.1 "Archive copy". Archived from the original on 2021-08-23. Retrieved 2021-08-23.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/5-nutritious-Ghanaian-breakfast-options-you-overlook-416460
  4. https://www.mychopchop.ca/products/hausa-koko
  5. https://www.pulse.com.gh/lifestyle/food-travel/breakfast-special-how-to-prepare-bofrot-and-hausa-koko/knzdve5